< 1 Corinthians 1 >

1 Paul, [a] called apostle of Jesus Christ, by God's will, and Sosthenes the brother,
Saa krataa yi fi me, Paulo a ɛnam Onyankopɔn pɛ so nti, wɔafrɛ me sɛ menyɛ Kristo Yesu somafo no ne onua Sostene nkyɛn,
2 to the assembly of God which is in Corinth, to [those] sanctified in Christ Jesus, called saints, with all that in every place call on the name of our Lord Jesus Christ, both theirs and ours:
Yɛde rekɔma Onyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto no ne wɔn a wɔafrɛ wɔn se wɔmmɛyɛ Onyankopɔn akyidifo kronkron no, ne wɔn a wɔwɔ baabiara a wɔbɔ yɛn Awurade Yesu Kristo din sɛ ɔyɛ wɔn ne yɛn Awurade no:
3 Grace to you and peace from God our Father, and [the] Lord Jesus Christ.
Ɔdom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn ne yɛn Awurade Yesu Kristo nka mo.
4 I thank my God always about you, in respect of the grace of God given to you in Christ Jesus;
Esiane adom a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so dom mo no nti, daa meda Onyankopɔn ase ma mo.
5 that in everything ye have been enriched in him, in all word [of doctrine], and all knowledge,
Ɛnam ne so ama moayɛ ma biribiara mu, ɔkasa ne adwene mu.
6 (according as the testimony of the Christ has been confirmed in you, )
Kristo ho asɛm atim wɔ mo mu.
7 so that ye come short in no gift, awaiting the revelation of our Lord Jesus Christ;
Esiane sɛ moretwɛn ama wɔada yɛn Awurade Yesu Kristo adi no nti munya nhyira biara bi.
8 who shall also confirm you to [the] end, unimpeachable in the day of our Lord Jesus Christ.
Ɔbɛhyɛ mo den akosi awiei sɛnea ɛbɛyɛ a, da a Awurade Yesu Kristo bɛba no, wɔrennya mo ho mfomso biara.
9 God [is] faithful, by whom ye have been called into [the] fellowship of his Son Jesus Christ our Lord.
Onyankopɔn a wafrɛ mo aba ne Ba Yesu Kristo ayɔnkofa mu no yɛ ɔnokwafo.
10 Now I exhort you, brethren, by the name of our Lord Jesus Christ, that ye all say the same thing, and that there be not among you divisions; but that ye be perfectly united in the same mind and in the same opinion.
Anuanom, menam Awurade Yesu Kristo tumi so tu mo fo se asɛm biara a mobɛka no, monyɛ adwene na mo mu ampaapae. Munso adwene ne botae baako mu na ama moayɛ baako.
11 For it has been shewn to me concerning you, my brethren, by those of [the house of] Chloe, that there are strifes among you.
Anuanom, nnipa bi a wofi Kloe fi apae mu aka akyerɛ me se, akasakasa wɔ mo asafo yi mu.
12 But I speak of this, that each of you says, I am of Paul, and I of Apollos, and I of Cephas, and I of Christ.
Asɛm a mepɛ sɛ meka ne sɛ, wɔn mu biara ka asɛm a ɔpɛ. Oyi ka se, “Mewɔ Paulo afa” a, ɔfoforo se, “Mewɔ Apolo afa.” Obi sɔre na ose, “Mewɔ Petro afa” a, ɔbaako nso se, “Mewɔ Kristo afa.”
13 Is the Christ divided? has Paul been crucified for you? or have ye been baptised unto the name of Paul?
Wɔakyekyɛ Kristo mu akuwakuw? Paulo na owui wɔ asennua no so maa mo ana? Wɔbɔɔ mo asu wɔ Paulo din mu ana?
14 I thank God that I have baptised none of you, unless Crispus and Gaius,
Meda Onyankopɔn ase sɛ mammɔ mo mu biara asu ka Krispo ne Gaio ho.
15 that no one may say that I have baptised unto my own name.
Obiara rentumi nka se wɔbɔɔ mo asu sɛ mʼasuafo.
16 Yes, I baptised also the house of Stephanas; for the rest I know not if I have baptised any other.
Mekae sɛ mebɔɔ Stefana ne ne fifo asu. Na menkae sɛ mebɔɔ obi foforo asu bio.
17 For Christ has not sent me to baptise, but to preach glad tidings; not in wisdom of word, that the cross of the Christ may not be made vain.
Kristo ansoma me se memmɛbɔ asu, na mmom ɔsomaa me se memmɛka asɛmpa a emfi nnipa nyansa mu, na obi annyina so amma Kristo wu a owui wɔ asennua no so no mu tumi anyɛ ɔkwa.
18 For the word of the cross is to them that perish foolishness, but to us that are saved it is God's power.
Asɛnka a ɛkyerɛ Kristo asennuambɔ no yɛ nsɛm a aba nni mu ma wɔn a wɔreyera. Nanso yɛn a wɔregye yɛn nkwa no de, ɛyɛ Onyankopɔn tumi.
19 For it is written, I will destroy the wisdom of the wise, and set aside the understanding of the understanding ones.
Kyerɛwsɛm no ka se, “Mɛsɛe anyansafo nyansa, na mɛma nimdefo adenim ayɛ ɔkwa.”
20 Where [is the] wise? where scribe? where disputer of this world? has not God made foolish the wisdom of the world? (aiōn g165)
Enti onyansafo wɔ he? Onimdefo nso wɔ he? Wiase yi mu akyinnyegyefo wɔ he? Onyankopɔn akyerɛ sɛ wiase yi mu nyansa yɛ ohunu (aiōn g165)
21 For since, in the wisdom of God, the world by wisdom has not known God, God has been pleased by the foolishness of the preaching to save those that believe.
Enti Onyankopɔn nam ɔno ara ne nyansa so yɛɛ sɛ nnipa a wɔpɛ sɛ wɔfa wɔn ara wɔn nyansa so hu no no renhu no da. Na mmom Onyankopɔn yɛɛ nʼadwene sɛ wɔn a wogye asɛm a “aba nni mu” a yɛka no di no, obegye wɔn nkwa.
22 Since Jews indeed ask for signs, and Greeks seek wisdom;
Yudafo hwehwɛ sɛ wohu nsɛnkyerɛnne, na Helafo nso hwehwɛ nyansa.
23 but we preach Christ crucified, to Jews an offence, and to nations foolishness;
Nanso yɛn de, yɛka Kristo wu a owui wɔ asennua no so no ho asɛm. Saa asɛm no yɛ Yudafo abufuw na ɛyɛ asɛm a aba nni mu ma amanamanmufo;
24 but to those that [are] called, both Jews and Greeks, Christ God's power and God's wisdom.
nanso Yudafo ne amanamanmufo a Onyankopɔn afrɛ wɔn no, Kristo yɛ Onyankopɔn tumi ne Onyankopɔn nyansa.
25 Because the foolishness of God is wiser than men, and the weakness of God is stronger than men.
Onyankopɔn asɛm a ɛyɛ sɛ aba nni mu no, aba wɔ mu sen nnipa nyansa, na saa ara nso na nea ɛyɛ sɛ ɛyɛ mmerɛw wɔ Onyankopɔn fam no yɛ den sen nnipa ahoɔden.
26 For consider your calling, brethren, that [there are] not many wise according to flesh, not many powerful, not many high-born.
Afei anuanom, monkae bere a Onyankopɔn frɛɛ mo no tebea a na mowɔ mu. Nnipa fam de, na mo mu bebree nyɛ anyansafo, na mo mu bebree nni tumi, na mo mu bebree nyɛ adehye nso.
27 But God has chosen the foolish things of the world, that he may put to shame the wise; and God has chosen the weak things of the world, that he may put to shame the strong things;
Nanso Onyankopɔn faa wiase yi mu nsɛm a aba nni mu no, nam so guu anyansafo anim ase. Onyankopɔn faa nneɛma a ɛyɛ mmerɛw wɔ wiase, nam so de guu ahoɔden anim ase.
28 and the ignoble things of the world, and the despised, has God chosen, [and] things that are not, that he may annul the things that are;
Ɔfaa nea wiase mmu na wɔmfa nyɛ hwee no de sɛee nea wiase susuw sɛ ɛho hia no.
29 so that no flesh should boast before God.
Eyi kyerɛ sɛ obi ntumi nhoahoa ne ho wɔ Onyankopɔn anim.
30 But of him are ye in Christ Jesus, who has been made to us wisdom from God, and righteousness, and holiness, and redemption;
Nanso Onyankopɔn aka mo abata Kristo Yesu ho na Onyankopɔn nam Kristo so ama yɛn nyansa; ɛnam ne so ma yɛateɛ wɔ Onyankopɔn anim. Yɛyɛ Onyankopɔn ahotefo a wama yɛade yɛn ho.
31 that according as it is written, He that boasts, let him boast in [the] Lord.
Enti sɛnea Kyerɛwsɛm no ka no, “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔhoahoa ne ho no, ɔnhoahoa ne ho wɔ nea Awurade ayɛ mu.”

< 1 Corinthians 1 >