< 1 Chronicles 5 >

1 And the sons of Reuben the firstborn of Israel (for he was the firstborn; but, inasmuch as he defiled his father's bed, his birthright was given to the sons of Joseph the son of Israel; but the genealogy is not registered according to the birthright,
Na Israel babarima panin ne Ruben. Nanso, ɛsiane sɛ wammu nʼagya, na ɔne nʼagya mpenafoɔ no mu baako kɔdaeɛ no enti, ɔde nʼabakanyɛ maa ne nua Yosef mmammarima. Esiane saa asɛm yi enti, wɔamfa Ruben din anka abusuadua no ho sɛ abakan.
2 for Judah prevailed among his brethren, and of him was the prince, but the birthright was Joseph's),
Yuda asefoɔ na wɔyɛɛ abusuakuo a wɔwɔ tumi pa ara, ne saa enti wɔyii ɔman no sodifoɔ firi wɔn mu, nanso, mpaninnie no deɛ, na ɛyɛ Yosef dea.
3 — the sons of Reuben, the firstborn of Israel: Enoch and Phallu, Hezron and Carmi.
Israel abakan Ruben no mmammarima ne: Hanok, Palu, Hesron ne Karmi.
4 The sons of Joel: Shemaiah his son, Gog his son, Shimei his son,
Yoɛl asefoɔ ne Semaia, Gog, Simei,
5 Micah his son, Reaiah his son, Baal his son,
Mika, Reaia, Baal,
6 Beerah his son, whom Tilgath-Pilneser king of Assyria carried away captive: he was prince of the Reubenites.
ne Beera. Ɛberɛ a Asiriahene Tilgat-Pilneser de Rubenfoɔ kɔɔ nnommumfa mu no, Beera na na ɔdi Rubenfoɔ no anim.
7 And his brethren by their families, in the genealogical register of their generations, were: the chief, Jeiel, and Zechariah,
Wɔatwerɛ Beera nkurɔfoɔ din sɛdeɛ wɔn mmusua ne abusua no teɛ: Yeiel ne wɔn ntuanoni, ɛnna Sakaria
8 and Bela the son of Azaz, the son of Shema, the son of Joel, who dwelt in Aroer, as far as Nebo and Baal-meon;
ne Asas babarima Bela a ɔyɛ Sema babarima a ɔyɛ Yoɛl babarima. Saa Rubenfoɔ yi tenaa beaeɛ a ɛfiri Aroer de kɔsi Nebo ne Baal-Meon.
9 and eastward he dwelt as far as the entrance to the wilderness from the river Euphrates; for their cattle were multiplied in the land of Gilead.
Esiane sɛ na wɔwɔ anantwie bebree wɔ Gilead asase so no enti, wɔdidi kɔɔ apueeɛ fam wɔ anweatam a ɛtrɛ kɔ Asubɔnten Eufrate no ho.
10 And in the days of Saul they made war with the Hagarites, who fell by their hand; and they dwelt in their tents throughout the east side of Gilead.
Ɔhene Saulo pɛn so, Rubenfoɔ dii Hagarfoɔ so nkonim wɔ ɔko mu. Enti, wɔtu kɔɔ Hagarfoɔ atenaeɛ a ɛwɔ Gilead apueeɛ fam hɔ no.
11 And the children of Gad dwelt over against them, in the land of Bashan, as far as Salcah:
Basan asase so no, na Gad asefoɔ na wɔtete asase a ɛdi Rubenfoɔ deɛ no so. Wɔtrɛ kɔɔ apueeɛ fam kɔsii Saleka.
12 Joel was the chief and Shapham the next, and Jaanai, and Shaphat in Bashan.
Na Yoɛl na ɔtua wɔn ano wɔ Basan asase so. Na Safam, Yanai ne Safat yɛ nʼaboafoɔ.
13 And their brethren according to their fathers' houses were Michael, and Meshullam, and Sheba, and Jorai, and Jaachan, and Zia, and Eber, seven.
Na wɔn abusuafoɔ a wɔyɛ ntuanofoɔ ma mmusua afoforɔ nson din ne: Mikael, Mesulam, Seba, Yorai, Yakan, Sia ne Eber.
14 — These were the sons of Abihail, the son of Huri, the son of Jaroah, the son of Gilead, the son of Michael, the son of Jeshishai, the son of Jahdo, the son of Buz:
Yeinom nyinaa yɛ Huri babarima Abihail a ɔyɛ Yaroa babarima, Gilead babarima, Mikael babarima, Yesisai babarima Yahdo babarima, Bus babarima.
15 Ahi the son of Abdiel, the son of Guni, was chief of their fathers' house.
Abdiel babarima Ahi, Guni babarima no na na ɔyɛ wɔn mmusua no ntuanoni.
16 And they dwelt in Gilead in Bashan, and in its towns, and in all the pasture-grounds of Sharon, as far as their limits.
Gadfoɔ no tenaa Gilead asase a ɛwɔ Basan ne ne nkuraaseɛ ne Saron tata no nyinaa so.
17 All these were registered by genealogy in the days of Jotham king of Judah, and in the days of Jeroboam king of Israel.
Yudahene Yotam ne Israelhene Yeroboam ɛberɛ so na wɔtwerɛɛ yeinom nyinaa guu abusuadua nkrataa mu.
18 The children of Reuben and the Gadites and half the tribe of Manasseh, of valiant men, men who carried shield and sword, drawing the bow and skilful in war, were forty-four thousand seven hundred and sixty, able to go forth to war.
Na akofoɔ akɛseɛ a wɔwɔ Ruben, Gad mmusua ne Manase abusua fa mu no ano si ɔpeduanan ɛnan ahanson ne aduosia. Wɔkurakura akokyɛm, akofena ne agyan, na wɔn nyinaa akwadare wɔ akodie mu.
19 And they made war with the Hagarites, with Jetur, and Naphish, and Nodab;
Wɔko tiaa Hagarfoɔ, Yeturfoɔ, Nafisfoɔ ne Nodabfoɔ.
20 and they were helped against them, and the Hagarites were delivered into their hand, and all that were with them; for they cried to God in the battle, and he was intreated of them, because they put their trust in him.
Wɔsu frɛɛ Onyankopɔn wɔ ɔko no mu, na ɔtiee wɔn mpaeɛbɔ, ɛfiri sɛ, wɔde wɔn ho too no so. Enti, wɔdii Hagarfoɔ no ne wɔn dɔm nyinaa so nkonim.
21 And they took away their cattle: their camels fifty thousand, and two hundred and fifty thousand sheep, and two thousand asses, and a hundred thousand human souls.
Asadeɛ a wɔfa firii Hagarfoɔ no nkyɛn no yɛ nyoma ɔpeduonum, nnwan ɔpehanu aduonum, mfunumu mpenu ne nneduafoɔ ɔpeha.
22 For there fell down many slain, for the war was of God. And they dwelt in their stead until the captivity.
Wɔkunkumm Hagarfoɔ no bebree ɔko no mu, ɛfiri sɛ, na Onyankopɔn reko tia wɔn. Enti, wɔtenaa wɔn asase so, kɔsii sɛ wɔtwaa wɔn asuo.
23 And the children of the half tribe of Manasseh dwelt in the land, from Bashan as far as Baal-Hermon and Senir, and mount Hermon; they were many.
Manase abusua fa no trɛɛ wɔ asase no so firi Basan kɔsii Baal-Hermon, Senir ne bepɔ Hermon ho. Na wɔdɔɔso yie.
24 And these were the heads of their fathers' houses: Epher, and Jishi, and Eliel, and Azriel, and Jeremiah, and Hodaviah, and Jahdiel, mighty men of valour, famous men, heads of their fathers' houses.
Yeinom ne wɔn mmusua no ntuanofoɔ: Efer, Yisi, Eliel, Asriel, Yeremia, Hodawia ne Yahdiel. Na wɔn mu biara agye edin sɛ ɔkofoɔ kɛseɛ ne ɔkandifoɔ.
25 And they transgressed against the God of their fathers, and went a whoring after the gods of the peoples of the land, whom God had destroyed before them.
Nanso, na wɔnni nokorɛ, na wɔbuu wɔn agyanom ne Onyankopɔn apam no so. Wɔsomm aman a Onyankopɔn sɛee wɔn no anyame.
26 And the God of Israel stirred up the spirit of Pul king of Assyria, and the spirit of Tilgath-Pilneser king of Assyria, and he carried them away, the Reubenites, and the Gadites, and the half tribe of Manasseh, and brought them to Halah, and Habor, and Hara, and to the river Gozan, — unto this day.
Enti, Israel Onyankopɔn de hyɛɛ Asiriahene Pul (a na wɔsane frɛ no Tiglat-Pileser) akoma mu sɛ ɔnko mfa asase no, na ɔnkyekyere Rubenfoɔ, Gadfoɔ ne Manasefoɔ abusua fa sɛ nneduafoɔ. Asiariafoɔ no twaa wɔn asuo kɔɔ Halah, Habor, Hara ne Asubɔnten Gosan ho a wɔda so te hɔ bɛsi ɛnnɛ.

< 1 Chronicles 5 >