< 1 Chronicles 26 >

1 The divisions of the doorkeepers. Of the Korahites: Meshelemiah the son of Kore, of the sons of Asaph.
Yeinom ne apono ano ahwɛfoɔ no akuakuo: Korafoɔ mu no: yɛwɔ Kore babarima Meselemia a ɔfiri Asaf abusua mu.
2 And Meshelemiah had sons: Zechariah the firstborn, Jediael the second, Zebadiah the third, Jathniel the fourth,
Meselemia mmammarima yɛ: Sakaria a ɔyɛ abakan, Yediael a ɔtɔ so mmienu, Sebadia a ɔtɔ so mmiɛnsa, Yatniel a ɔtɔ so ɛnan.
3 Elam the fifth, Johanan the sixth, Elioenai the seventh.
Elam a ɔtɔ so enum, Yehohanan a ɔtɔ so nsia, ne Eliehoenai a ɔtɔ so nson.
4 — And the sons of Obed-Edom: Shemaiah the firstborn, Jehozabad the second, Joah the third, and Sacar the fourth, and Nethaneel the fifth,
Na Obed-Edom mmammarima nso a wɔyɛ apono ano ahwɛfoɔ yɛ: Semaia a ɔyɛ abakan, Yehosabad a ɔtɔ so mmienu, Yoa a ɔtɔ so mmiɛnsa, Sakar a ɔtɔ so ɛnan, Netanel a ɔtɔ so enum,
5 Ammiel the sixth, Issachar the seventh, Peulthai the eighth: for God had blessed him.
Amiel a ɔtɔ so nsia, Isakar a ɔtɔ so nson, ne Peuletai a ɔtɔ so nwɔtwe. Onyankopɔn hyiraa Obed-Edom bebree.
6 And to Shemaiah his son were sons born, who were rulers in their father's house; for they were mighty men of valour.
Na Obed-Edom babarima Semaia wɔ mmammarima a wɔtumi adeɛ yɛ yie enti, wɔnyaa dibea a ɛkura tumi wɔ abusua no mu.
7 The sons of Shemaiah: Othni, and Rephael, and Obed, [and] Elzabad, whose brethren were valiant men, Elihu and Semachiah.
Na wɔn edin ne: Otni, Refael, Obed ne Elsabad; na wɔn abusuafoɔ Elihu ne Semakia nso yɛ mmɔdemmɔfoɔ.
8 All these were of the sons of Obed-Edom: they and their sons and their brethren, able men in strength for the service, were sixty-two of Obed-Edom.
Obed-Edom asefoɔ yi nyinaa a wɔn mmammarima ne wɔn nananom a na wɔn nyinaa dodoɔ yɛ aduosia mmienu no yɛ nnipa a, na wɔbɔ wɔn ho mmɔden yie na wɔfata wɔn nnwuma.
9 — And Meshelemiah had sons and brethren, men of valour, eighteen.
Saa ara nso na na Meselemia mmammarima dunwɔtwe no ne wɔn abusuafoɔ nso bɔ wɔn ho mmɔden yie.
10 — And Hosah, of the sons of Merari, had sons: Shimri the head, for though he was not the firstborn, yet his father made him the head;
Hosa a ɔfiri Merari abusua mu yii Simri a na ɔnyɛ abakan no sɛ ntuanoni, wɔ ne mmammarima mu.
11 Hilkijah the second, Tebaliah the third, Zechariah the fourth: all the sons and brethren of Hosah were thirteen.
Na ne mmammarima no bi ne: Hilkia a ɔtɔ so mmienu, Tebalia a ɔtɔ so mmiɛnsa ne Sakaria tɔ so ɛnan. Na Hosa mmammarima ne nʼabusuafoɔ a wɔsom sɛ apono ano ahwɛfoɔ no nyinaa dodoɔ yɛ dumiɛnsa.
12 Among these were the divisions of the doorkeepers, among the head-men, as to the charges together with their brethren, for performing the service in the house of Jehovah.
Saa apono ano ahwɛfoɔ akuo yi nam wɔn mmusua ntuanofoɔ so somm wɔ Awurade fie, sɛdeɛ wɔn abusuafoɔ yɛeɛ no.
13 And they cast lots, the small as well as the great, according to their fathers' houses, for every gate.
Wɔnam ntontobɔ kronkron so, de ɔwɛn adwuma wɔ apono ahodoɔ ano hyɛɛ mmusua no nsa a wɔnhwɛ mfirinhyia a obi adi, anaa nteteeɛ a wanya soɔ.
14 And the lot eastward fell to Shelemiah; and they cast lots for Zechariah his son, a wise counsellor, and his lot came out northward;
Wɔde apueeɛ ɛpono ho dwumadie no hyɛɛ Selemia ne ne ekuo nsa. Atifi ɛpono ho dwumadie nso, wɔde hyɛɛ ne babarima onyansafoɔ Sakaria nsa.
15 to Obed-Edom southward; and to his sons the storehouse.
Anafoɔ ɛpono no, wɔde hyɛɛ Obed-Edom nsa, na wɔmaa ne mmammarima no hwɛɛ adekoradan no so.
16 To Shuppim and Hosah westward, with the gate Shallecheth, by the causeway of the ascent, watch against watch.
Wɔmaa Supim ne Hosa hwɛɛ atɔeɛ ɛpono no ne ɛkwan a ɛkɔ asɔredan no mu no so. Wɔkyekyɛɛ ɔwɛn nnwuma no pɛpɛɛpɛ maa wɔn.
17 Eastward were six Levites, northward four a day, southward four a day, and in the storehouse two [and] two.
Ɛda biara, na wɔma Lewifoɔ baasia kɔ apueeɛ ɛpono no ho, baanan kɔ atifi ɛpono no ho, baanan nso akɔ anafoɔ ɛpono no ho, na baanu baanu akokɔ adekoradan ahodoɔ no biara ho.
18 At the portico westward, four at the causeway, two at the portico.
Ɛda biara, na wɔma baasia kɔ atɔeɛ ɛpono no ho. Baanan kɔ ɛkwan a ɛkɔ asɔredan no mu no so, na baanu nso akɔ adihɔ hɔ.
19 These are the divisions of the doorkeepers among the sons of the Korahites and among the sons of Merari.
Yeinom ne apono ano ahwɛfoɔ a wɔfiri Kora ne Merari mmusua mu no nkyekyɛmu.
20 And the Levites: Ahijah was over the treasures of the house of God, and over the treasures of the dedicated things.
Lewifoɔ a wɔaka a na Ahiya da wɔn ano no na na wɔhwɛ Onyankopɔn fie sikakorabea ne adekoradan so.
21 The sons of Laadan, the sons of the Gershonites of Laadan, chief fathers of Laadan the Gershonite: Jehieli;
Libni fie a na ɛwɔ Gerson abusua mu no, na Yehieli na na ɔtua wɔn ano.
22 the sons of Jehieli: Zetham, and Joel his brother, over the treasures of the house of Jehovah.
Yehieli mmammarima Setam ne ne nuabarima Yoɛl na na wɔhwɛ Awurade fie sikakorabea so.
23 As to the Amramites, the Jizharites, the Hebronites, the Uzzielites....
Yeinom ne ntuanofoɔ a wɔyɛ Amram, Yishar, Hebron ne Usiel asefoɔ.
24 And Shebuel the son of Gershom, the son of Moses, was overseer of the treasures.
Amram abusua mu, Sebuel yɛ Mose babarima Gersom aseni. Ɔno na na ɔyɛ ɔpanin a ɔhwɛ sikakorabea no so.
25 And his brethren, of Eliezer: Rehabiah his son, and Isaiah his son, and Joram his son, and Zichri his son, and Shelomith his son.
Wɔn a wɔnam Elieser so yɛ nʼabusuafoɔ ne Rehabia, Yesaia, Yoram, Sikri ne Selomot.
26 This Shelomith and his brethren were over all the treasures of the dedicated things, which king David, and the chief fathers, the captains over thousands and hundreds, and the captains of the host, had dedicated
Selomot ne nʼabusuafoɔ na na wɔhwɛ sikakorabea a na wɔkora agyapadeɛ a wɔde ama Awurade no so. Agyapadeɛ no bi ne deɛ Dawid ne mmusua ntuanofoɔ ne asahene ne asraafoɔ mpanimfoɔ de maa Awurade no.
27 (from the wars and out of the spoils had they dedicated [them], to maintain the house of Jehovah),
Na saa mmarima yi de wɔn asadeɛ a wɔnyaa no akodie mu no bi baeɛ sɛ wɔmfa nsiesie Awurade fie.
28 and all that Samuel the seer, and Saul the son of Kish, and Abner the son of Ner, and Joab the son of Zeruiah had dedicated: all that was dedicated was under the hand of Shelomith and of his brethren.
Afei, na Selomot ne nʼabusuafoɔ na wɔhwɛ nneɛma a Samuel a ɔyɛ nkɔmhyɛni, Kis babarima Saulo, Ner babarima Abner ne Seruia babarima Yoab de maa Awurade no so. Nneɛma nkaeɛ a wɔde maa Awurade no nyinaa, na ɛhyɛ wɔn nsa.
29 Of the Jizharites, Chenaniah and his sons were over Israel, for the outward business for officers and judges.
Yishar abusua mu na Kenania firi. Ɔne ne mmammarima na wɔyii wɔn sɛ ɔman sohwɛfoɔ ne atemmufoɔ wɔ Israelman mu nyinaa.
30 Of the Hebronites, Hashabiah and his brethren, men of valour, a thousand and seven hundred, for the administration of Israel on this side Jordan westward, for all the business of Jehovah, and for the service of the king.
Hebron abusua mu na Hasabia firi. Ɔne nʼabusuafoɔ a wɔyɛ mmɔdemmɔfoɔ a wɔn dodoɔ yɛ apem ahanson na wɔma wɔhwɛɛ Israel nsase a ɛdeda Asubɔnten Yordan atɔeɛ fam no so. Nsɛm a ɛfa Awurade ho, ne ɔhene a ɔwɔ mpasua no so som ho nyinaa yɛ wɔn asɛdeɛ.
31 Of the Hebronites was Jerijah the head; (as to the Hebronites, according to their families according to the fathers: in the fortieth year of the reign of David they were sought for, and there were found among them mighty men of valour at Jaazer in Gilead; )
Bio, Hebron abusua mu na Yeria firi. Sɛdeɛ awoɔ ntoatoasoɔ nkrataa kyerɛ no, ɔno na na ɔyɛ Hebronfoɔ no ntuanoni. (Dawid dii ɔhene no, ne mfeɛ aduanan so, wɔhwehwɛɛ nkrataa mu na wɔhunuu mmarima a wɔbɔ wɔn ho mmɔden wɔ Hebron abusua no mu din wɔ kuro Yaser a ɛwɔ Gilead mu.
32 and his brethren, men of valour, two thousand seven hundred chief fathers, whom king David made rulers over the Reubenites and the Gadites and the half tribe of the Manassites, for every matter pertaining to God, and the affairs of the king.
Na mmarima a wɔbɔ wɔn ho mmɔden mpem mmienu ne ahanson na na wɔwɔ Yeria abusua mu. Ɔhene Dawid ma wɔkɔɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam, ma wɔkɔhwɛɛ Ruben ne Gad mmusuakuo ne Manase abusuakuo fa no so. Nsɛm a ɛfa Onyankopɔn ho, ne ɔhene som ho nyinaa yɛ wɔn asɛdeɛ.)

< 1 Chronicles 26 >