< Jeremiah 39 >

1 In the ninth year of Zedekiah, the king of Judah, in the tenth month, Nebuchadnezzar, the king of Babylon, came to Jerusalem, with his entire army, and they besieged it.
Yudahene Sedekia dii adeɛ no, ne mfeɛ nkron mu bosome edu so no, Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼakodɔm nyinaa tuu Yerusalem so sa, wɔtua kuropɔn no na wɔyɛɛ mpie twaa ho hyiaeɛ.
2 Then, in the eleventh year of Zedekiah, in the fourth month, on the fifth of the month, the city was opened.
Sedekia adedie afe a ɛtɔ so dubaako, bosome a ɛtɔ so ɛnan no da a ɛtɔ so nkron no, wɔbubuu kuropɔn no afasuo.
3 And all the rulers of the king of Babylon entered and were seated at the middle gate: Nergal-Sharezer, the priest of Nebo, Sarsechim, the chief eunuch, Nergal-Sharezer, the chief magi, and all the other rulers of the king of Babylon.
Na Babiloniahene adwumayɛfoɔ no nyinaa bɛtenaa Mfimfini Ɛpono hɔ: Nergal-Sareser a ɔfiri Samgar ne Nebo-Sarsekim a ɔyɛ ɔsraani panin ne Nergal-Sareser a ɔyɛ otitire, ne Babiloniahene adwumayɛfoɔ a aka no nyinaa.
4 And when Zedekiah, the king of Judah, with all the men of war, had seen them, they fled. And they departed from the city at night, by way of the king’s garden, and through the gate which was between the two walls. And they departed along the way of the desert.
Ɛberɛ a Yudahene Sedekia ne nʼasraafoɔ nyinaa hunuu wɔn no, wɔdwaneeɛ, wɔfaa ɔhene turo mu firii kuropɔn no mu anadwo, kɔfaa ɛpono a ɛwɔ afasuo mmienu no ntam, de wɔn ani kyerɛɛ Araba.
5 But the army of the Chaldeans pursued them. And they overtook Zedekiah in the plain of the desert of Jericho. And having captured him, they led him to Nebuchadnezzar, the king of Babylon, at Riblah, which is in the land of Hamath. And he declared a judgment against him
Nanso, Babilonia akodɔm no taa wɔn kɔtoo Sedekia wɔ Yeriko tata so. Wɔfaa no dommum de no kɔmaa Babiloniahene Nebukadnessar wɔ Ribla a ɛwɔ Hamat asase so, na ɛhɔ na ɔbuu no atɛn.
6 And the king of Babylon killed the sons of Zedekiah, at Riblah, before his eyes. And the king of Babylon killed all the nobles of Judah.
Ribla hɔ na Babiloniahene kunkumm Sedekia mmammarima wɔ nʼanim na ɔkumm Yudafoɔ mmapɔmma nyinaa nso.
7 Also, he plucked out the eyes of Zedekiah. And he bound him with fetters, to be led away to Babylon.
Afei ɔtutuu Sedekia ani, de kɔbere mfrafraeɛ mpokyerɛ guu no sɛ ɔde no rekɔ Babilonia.
8 Also, the Chaldeans burned the house of the king and the house of the people with fire, and they overturned the wall of Jerusalem.
Babiloniafoɔ no de ogya too ahemfie no ne nnipa no afie mu, na wɔdwirii Yerusalem afasuo no.
9 And Nebuzaradan, the leader of the military, carried away captive to Babylon the remnant of the people who had remained in the city, and the fugitives who had fled to him, and all the rest of the people who had remained.
Ɔsahene Nebusaradan a ɔtua ɔhene awɛmfoɔ ano no de kuropɔn no mu nkaeɛfoɔ, wɔn a wɔde wɔn ho kɔmaa no ne nnipa a aka no kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilonia.
10 And Nebuzaradan, the leader of the military, released some of the poor people, those who had almost nothing, into the land of Judah. And he gave them vineyards and cisterns in that day.
Nanso, ɔsahene Nebusaradan a ɔtua awɛmfoɔ no ano no gyaa ahiafoɔ wɔnni hwee no mu bi wɔ Yuda asase so, na saa ɛberɛ no ɔmaa wɔn bobe nturo ne nsase.
11 Now Nebuchadnezzar, the king of Babylon, had instructed Nebuzaradan, the leader of the military, about Jeremiah, saying:
Na Babiloniahene Nebukadnessar afa ɔsahene Nebusaradan a ɔtua ɔhene awɛmfoɔ ano no so ama saa ɔhyɛ nsɛm yi a ɛfa Yeremia ho sɛ,
12 “Take him, and set your eyes on him, and you shall do no harm to him at all. But as he is willing, so shall you do with him.”
“Fa no na hwɛ ne so; nha no na deɛ ɔbisa biara no, yɛ ma no.”
13 Therefore, Nebuzaradan, the leader of the military, sent, and Nebushazban, the chief eunuch, and Nergal-Sharezer, the chief magi, and all the nobles of the king of Babylon sent,
Enti, ɔsahene Nebusaradan a ɔtua awɛmfoɔ no ano, Nebusaradan, adwumayɛfoɔ panin, Nergal-Sareser a ɔyɛ otitire ne Babiloniahene adwumayɛfoɔ a wɔaka no nyinaa
14 and they took Jeremiah from the vestibule of the prison, and they delivered him to Gedaliah, the son of Ahikam, the son of Shaphan, so that he could enter a house and live among the people.
soma ma wɔkɔfaa Yeremia firi awɛmfoɔ adihɔ hɔ baeɛ. Wɔde no hyɛɛ Safan babarima Gedalia babarima Ahikam nsa sɛ ɔmfa no nkɔ ne efie. Enti, Yeremia tenaa nʼankasa nkurɔfoɔ mu.
15 But the word of the Lord had come to Jeremiah, when he had been confined to the vestibule of the prison, saying: “Go, and speak to Ebedmelech, the Ethiopian, saying:
Ɛberɛ a Yeremia da so da afiase wɔ awɛmfoɔ adihɔ hɔ no, Awurade asɛm baa ne nkyɛn sɛ,
16 Thus says the Lord of hosts, the God of Israel: Behold, I will bring my words over this city for evil, and not for good; and they shall be in your sight in that day.
“Kɔka kyerɛ Kusni Ebed-Melek sɛ, ‘Sɛdeɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ nie: Me nsɛm a ɛtia kuropɔn yi no mede refa amanehunu so na ɛnyɛ yiedie so ama aba mu. Saa ɛberɛ no ɛbɛba mu wɔ wʼanim.
17 And I will free you in that day, says the Lord. And you will not be delivered into the hands of the men whom you dread.
Nanso mɛgye wo saa ɛda no, Awurade na ɔseɛ; wɔremfa wo nhyɛ wɔn a wosuro wɔn no nsa.
18 But when delivering, I will free you. And you will not fall by the sword. Instead, your life will be saved for you, because you had faith in me, says the Lord.”
Mɛgye wo nkwa, na worentɔ wɔ akofena ano na mmom wobɛnya wo tiri adidi mu, ɛfiri sɛ wogye me di, Awurade, na ɔseɛ.’”

< Jeremiah 39 >