< Ezekiel 34 >

1 And the word of the Lord came to me, saying:
Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
2 “Son of man, prophesy about the shepherds of Israel. Prophesy, and you shall say to the shepherds: Thus says the Lord God: Woe to the shepherds of Israel who feed themselves! Should not the flocks be fed by the shepherds?
“Onipa ba, hyɛ nkɔm tia Israel nguanhwɛfo: hyɛ nkɔm na ka kyerɛ wɔn se: Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Nnome nka Israel nguanhwɛfo a wɔhwɛ wɔn ankasa nko ara so. Ɛnsɛ sɛ nguanhwɛfo hwɛ nguankuw no ana?
3 You consumed the milk, and you covered yourselves with the wool, and you killed what was fattened. But my flock you did not feed.
Monom nufusu, mode mmoa no ho nwi fura mo ho na mukum mmoa a wɔadodɔ nanso monhwɛ nguankuw no.
4 What was weak, you have not strengthened, and what was sick, you have not healed. What was broken, you have not bound, and what was cast aside, you have not led back again, and what was lost, you have not sought. Instead, you ruled over them with severity and with power.
Monhyɛɛ wɔn a wɔyɛ mmerɛw no den, nsaa ayarefo yare na monkyekyeree apirafo akuru. Momfaa wɔn a wɔabɔ ko mmae, na monhwehwɛɛ wɔn a wɔayera. Mode ɔhyɛ ne atirimɔden na ahwɛ wɔn so.
5 And my sheep were scattered, because there was no shepherd. And they became devoured by all the wild beasts of the field, and they were dispersed.
Ɛno nti wɔbɔ ahwete, efisɛ wonni ɔhwɛfo bi, na wɔbɔ ahwete no, wɔbɛyɛɛ hanam maa wuram mmoa nyinaa.
6 My sheep have wandered to every mountain and to every exalted hill. And my flocks have been scattered across the face of the earth. And there was no one who sought them; there was no one, I say, who sought them.
Me nguan kyinkyin mmepɔw ne nkoko nyinaa so. Wɔbɔɔ wɔn petee asase so baabiara, na obiara anhwehwɛ wɔn.
7 Because of this, O shepherds, listen to the word of the Lord:
“Enti, mo nguanhwɛfo, muntie Awurade asɛm:
8 As I live, says the Lord God, since my flocks have become a prey, and my sheep have been devoured by all the wild beasts of the field, since there was no shepherd, for my shepherds did not seek my flock, but instead the shepherds fed themselves, and they did not feed my flocks:
Nokware, sɛ mete ase yi, Otumfo Awurade asɛm ni, esiane sɛ me nguankuw nni ɔhwɛfo nti wɔawiawia wɔn na wɔayɛ hanam ama wuram mmoa, na esiane sɛ nguanhwɛfo no anhwehwɛ me nguan no na mmom wɔhwɛɛ wɔn ankasa ho na wɔtoo me nguan no asaworam
9 because of this, O shepherds, listen to the word of the Lord:
nti, nguanhwɛfo, muntie Awurade asɛm:
10 Thus says the Lord God: Behold, I myself will be over the shepherds. I will require my flock at their hand, and I will cause them to cease, so that they no longer refrain from feeding the flock. Neither will the shepherds feed themselves any more. And I will deliver my flock from their mouth; and it will no longer be food for them.
Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Me ne nguanhwɛfo no anya na mɛma wɔabu me nguankuw no ho akontaa. Meremma wɔnhwɛ nguankuw no bio sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenkum nguan no nnwe; megye me nguankuw afi wɔn anom na wɔrenyɛ wɔn aduan bio.
11 For thus says the Lord God: Behold, I myself will seek my sheep, and I myself will visit them.
“‘Na sɛɛ na Otumfo Awurade se: Me ara mɛhwehwɛ me nguan na mahwɛ wɔn so.
12 Just as a shepherd visits his flock, in the day when he will be in the midst of his sheep that were scattered, so will I visit my sheep. And I will deliver them from all the places to which they had been scattered in the day of gloom and darkness.
Sɛnea oguanhwɛfo hwɛ ne nguan a wɔahwete bere a ɔwɔ wɔn nkyɛn no, saa ara na mɛhwɛ me nguan so. Meyi wɔn afi mmeae a wɔhwete kɔɔ wɔ omununkum ne sum kabii da no.
13 And I will lead them away from the peoples, and I will gather them from the lands, and I will bring them into their own land. And I will pasture them on the mountains of Israel, by the rivers, and in all the settlements of the land.
Mede wɔn befi amanaman so aba na maboaboa wɔn ano afi nsase so na mede wɔn aba wɔn ankasa asase so. Mɛma wɔadidi wɔ Israel mmepɔw so, subon ne asase no so atenae nyinaa.
14 I will feed them in very fertile pastures, and their pastures will be on the lofty mountains of Israel. There they will rest on the green grass, and they will be fed in the fat pastures, on the mountains of Israel.
Mehwɛ wɔn so wɔ adidibea papa, na Israel mmepɔw atenten so bɛyɛ wɔn adidibea. Ɛhɔ na wɔbɛdeda adidibea asase papa so, na hɔ na wɔbɛwe sare frɔmfrɔm wɔ Israel mmepɔw so.
15 I will feed my sheep, and I will cause them to lie down, says the Lord God.
Me ara mɛhwɛ me nguan na mama wɔadeda hɔ. Awurade asɛm ni.
16 I will seek what had been lost. And I will lead back again what had been cast aside. And I will bind up what had been broken. And I will strengthen what had been infirm. And I will preserve what was fat and strong. And I will feed them on judgment.
Mɛhwehwɛ nea wayera na mede nea wabɔ ko asan aba. Mɛkyekyere nea wapira no akuru, na mahyɛ nea ɔyɛ mmerɛw no den, nanso nea wadɔ ne nea ne ho yɛ den no, mɛsɛe wɔn. Mede trenee bɛhwɛ nguankuw no.
17 But as for you, O my flocks, thus says the Lord God: Behold, I judge between cattle and cattle, among rams and among he-goats.
“‘Na mo, me nguankuw, sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mebu oguan baako ne ɔfoforo ntam atɛn ne mpapo ne adwennini ntam.
18 Was it not enough for you to feed upon good pastures? For you even trample with your feet upon the remainder of your pastures. And when you drank the purist water, you disturbed the remainder with your feet.
Adidibea papa a mudidi so no, ɛyɛ ade ketewa ma mo ana? Ɛsɛ sɛ mode mo anan tiatia mo adidibea a aka no nso so ana? Ɛnsɔ mo ani sɛ monom nsu a ani yɛ kurunnyenn ana? Ɛsɛ sɛ mode mo anan fono nkae no ana?
19 And my sheep were pastured from what you had trampled with your feet, and they drank from what your feet had disturbed.
Ɛsɛ sɛ me nguankuw di nea moatiatia so na wɔnom nea mode mo anan afon ana?
20 Because of this, thus says the Lord God to you: Behold, I myself am judging between the fat cattle and the lean.
“‘Ɛno nti sɛɛ na Otumfo Awurade ka kyerɛ wɔn: Monhwɛ, me ara mebu nguan a wɔadodɔ ne nguan a wɔafonfɔn ntam atɛn.
21 For you have pushed with your sides and shoulders, and you have threatened all the weak cattle with your horns, until they were scattered abroad.
Esiane sɛ, mode mo nkyɛn mu ne mmati puapua nguan a wonni ahoɔden na mode mo mmɛn pempem wɔn kosi sɛ mobɛpam wɔn akɔ akyirikyiri nti,
22 I will save my flock, and it will no longer be a prey, and I will judge between cattle and cattle.
megye me nguankuw na wɔremfom wɔn bio. Mebu oguan baako ne ɔfoforo ntam atɛn.
23 And I will raise up over them ONE SHEPHERD, who will feed them, my servant David. He himself will feed them, and he will be their shepherd.
Mɛma oguanhwɛfo baako, me somfo Dawid, ahwɛ wɔn so, na ɔbɛyɛn wɔn na wayɛ wɔn hwɛfo.
24 And I, the Lord, will be their God. And my servant David will be the leader in their midst. I, the Lord, have spoken.
Na me, Awurade, mɛyɛ wɔn Nyankopɔn na me somfo Dawid ayɛ wɔn mu obirɛmpɔn. Me Awurade na maka.
25 And I will make a covenant of peace with them. And I will cause the very harmful beasts to cease from the land. And those who are living in the desert will sleep securely in the forests.
“‘Me ne wɔn bɛyɛ asomdwoe apam na matɔre nkekaboa ase wɔ asase no so sɛnea wobetumi atena sare so na wɔadeda kwae mu asomdwoe mu.
26 And I will make them a blessing all around my hill. And I will send the rain in due time; there will be showers of blessing.
Mehyira wɔn ne mmeae a atwa me pampa ho ahyia. Mɛtɔ obosu wɔ ne bere mu, na ɛbɛyɛ nhyira bosu.
27 And the tree of the field will yield its fruit, and the land will yield its crop. And they will be in their own land without fear. And they shall know that I am the Lord, when I will have crushed the chains of their yoke, and when I will have rescued them from the hand of those who rule over them.
Mfuw so nnua bɛsow wɔn aba na asase no nso abɔ nʼaduan. Nnipa no bɛtena wɔn asase so dwoodwoo. Mibubu wɔn konnua na migye wɔn fi wɔn a wɔde wɔn yɛɛ nkoa nsam a wobehu sɛ mene Awurade no.
28 And they will no longer be a prey to the Gentiles, nor will the wild beasts of the earth devour them. Instead, they will live in confidence without any terror.
Amanaman no remfow wɔn bio, na wuram mmoa nso renkyere wɔn nnwe. Wɔbɛtena asomdwoe mu na obiara renhunahuna wɔn.
29 And I will raise up for them a renowned branch. And they will be no longer be diminished by famine in the land, nor will they carry any longer the reproach of the Gentiles.
Na mɛma wɔn asase a ɛsow nnɔbae ama agye din, na aduankɔm renne wɔn wɔ asase no so na wɔrenyɛ ahohora mma amanaman no.
30 And they shall know that I, the Lord their God, am with them, and that they are my people, the house of Israel, says the Lord God.
Afei wobehu sɛ me Awurade, wɔn Nyankopɔn ne wɔn wɔ hɔ, na wɔn, Israelfi, yɛ me nkurɔfo; Otumfo Awurade asɛm ni.
31 For you are my flocks; the flocks of my pasture are men. And I am the Lord your God, says the Lord God.”
Mo, me nguan, mʼadidibea nguan yɛ me nkurɔfo, na mene mo Nyankopɔn, Otumfo Awurade asɛm ni.’”

< Ezekiel 34 >