< Ezekiel 26 >

1 And it happened that, in the eleventh year, on the first of the month, the word of the Lord came to me, saying:
Afe a ɛto so dubaako no sram da a edi kan no, Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
2 “Son of man, because Tyre has said about Jerusalem: ‘It is Well! The gates of the peoples have been broken! She has been turned toward me. I will be filled. She will be deserted!’
“Onipa ba, esiane sɛ Tiro aka afa Yerusalem ho se, ‘Ɛhɛɛ! Amanaman no ano pon abubu na nʼapon no abuebue ama me; mprempren a kuropɔn yi asɛe yi, menya nkɔso.’
3 because of this, thus says the Lord God: Behold, I am against you, O Tyre, and I will cause many nations to rise up against you, just as the waves of the sea rise up.
Ɛno nti, sɛɛ na Otumfo Awurade se: Me ne wo anya, Tiro, mede aman bebree bɛba abetia wo te sɛ po a ɛrebɔ nʼasorɔkye.
4 And they will break apart the walls of Tyre, and they will destroy its towers. And I will scrape her dust from her, and I will make her into the barest rock.
Wɔbɛsɛe Tiro afasu na wɔadwiriw nʼabantenten no. Mɛpa so dɔte agu ama ayɛ ɔbotan kwaboo.
5 She will be a drying place for nets from the midst of the sea. For I have spoken, says the Lord God. And she will be a spoil for the Gentiles.
Obefi po mu abɛyɛ beae a wɔhata asau, efisɛ makasa. Otumfo Awurade asɛm ni. Ɔbɛyɛ amanaman no asade,
6 Likewise, her daughters who are in the field will be slain by the sword. And they shall know that I am the Lord.
na afoa bɛsɛe nʼatenae a ɛwɔ asase kesee so no pasaa. Afei wobehu sɛ, mene Awurade no.
7 For thus says the Lord God: Behold, I will lead into Tyre: Nebuchadnezzar, the king of Babylon, a king among kings, from the north, with horses, and chariots, and horsemen, and companies, and a great people.
“Na sɛɛ na Otumfo Awurade se: Merekɔfa Babiloniahene Nebukadnessar, ahene mu hene, ne ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam, ne apɔnkɔsotefo ne nsraadɔm kɛse afi atifi fam aba wo so.
8 Your daughters who are in the field, he will kill with the sword. And he will surround you with fortifications, and he will put together a rampart on all sides. And he will lift up a shield against you.
Ɔde afoa bɛsɛe wʼatenae a ɛwɔ asase kesee no so no pasaa; obesisi mpampim ayɛ mpempe wɔ wʼafasu ho na wama ne nkatabo so atia wo.
9 And he will combine moveable shelters and battering rams before your walls, and he will destroy your towers with his armaments.
Ɔde oburuw nnua bɛpempem wʼafasu no, na ɔde akode abubu wʼabantenten no asɛe no.
10 He will cover you with the inundation of his horses and with their dust. Your walls will shake at the sound of horsemen and wheels and chariots, when they will have entered your gates, as if through the entrance of a city that has been broken open.
Nʼapɔnkɔ no bɛdɔɔso yiye, na wɔbɛbɔ mfutuma akata wo so. Ɔsa apɔnkɔ no, nkyimii ne nteaseɛnam nnyigyei bɛma wʼafasu awosow, bere a wɔahyɛn wo apon mu, sɛnea mmarima hyɛn kuropɔn a nʼafasu mu adeda akwan no.
11 With the hoofs of his horses, he will trample all your streets. He will cut down your people with the sword, and your noble statues will fall to the ground.
Nʼapɔnkɔ no tɔte betiatia wo mmɔnten nyinaa so, ɔde afoa bekunkum wo nkurɔfo na wʼafadum dennen no bebubu agu fam.
12 They will lay waste to your wealth. They will despoil your businesses. And they will tear down your walls and overturn your eminent houses. And they will put your stones and your timber and your dust into the midst of the waters.
Wɔbɛfom wʼahode na wɔawia wʼaguade, wobebubu wʼafasu, na wɔadwiriw wʼadan fɛfɛ no na wɔatotow wʼabo, wo nnua ne wo dɔte agu po mu.
13 And I will cause the multitude of your songs to cease. And the sound of your stringed instruments will no longer be heard.
Mɛma wo nnwonto gyegyeegye no aba awiei na wɔrente wo sanku so nnwonto no bio.
14 And I will make you like the barest rock; you will be a drying place for nets. And you will no longer be built up. For I have spoken, says the Lord God.”
Mɛyɛ wo ɔbotan kwaboo na wo so na wɔbɛhata asau. Wɔrenkyekyere wo bio.
15 Thus says the Lord God to Tyre: “Will not the islands shake at the sound of your ruin and at the groans of your slain, when they will have been cut down in your midst?
“Sɛɛ na Otumfo Awurade ka kyerɛ Tiro: Sɛ wo mpoano nkurow no te wʼasehwe ho apinisi ne akunkumakunkum a asi wɔ wo mu a, wɔn ho rempopo ana?
16 And all the leaders of the sea will descend from their thrones. And they will cast aside their outer garments and their colorful clothing, and they will be clothed in stupor. They will sit on the ground, and they will wonder with astonishment at your sudden downfall.
Afei mpoano mmapɔmma no nyinaa befi wɔn nhengua so, ayiyi wɔn nguguso ne ntade a wɔadi mu adwinni agu hɔ. Ehu bɛbɔ wɔn ama wɔatenatena fam, wɔn ho bɛpopo na wɔn ho adwiriw wɔn wɔ wo nti.
17 And taking up a lamentation over you, they will say to you: ‘How could you have perished, you who live in the sea, the famous city that was strong in the sea, with your inhabitants, of whom the whole world was in dread?’
Afei wɔbɛma kwadwom a ɛfa wo ho so se: “‘Hwɛ sɛnea wɔasɛe wo, kuropɔn a woagye din, wo a po sofo na ɛte wo mu, na anka wowɔ tumi wɔ po so! Wo ne wo manfo; wode hu hyɛɛ wɔn a wɔte hɔ nyinaa mu.
18 Now the ships will be stupefied, in the day of your terror. And the islands of the sea will be disturbed, because no one goes out from you.
Mprempren, mpoano nsase no ho popo wɔ wʼasehwe da no; asupɔw a ɛwɔ po mu no abɔ hu wɔ wʼasehwe no ho.’
19 For thus says the Lord God: When I will have made you a desolate city, like the cities that are uninhabited, and when I will have led the abyss over you, and many waters will have covered you,
“Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Sɛ mema woyɛ kuropɔn a ada mpan te sɛ nkuropɔn a nnipa ntete so, na sɛ mema po bun ba wo so na sɛ ne mu nsu bebrebe no bɛkata wo so a,
20 and when I will have dragged you down with those who descend into the pit to the everlasting people, and when I will have assembled you in the lowest parts of the earth, like the desolate places of antiquity, with those who have been brought down into the pit, so that you will be uninhabited, and moreover, when I will have given glory to the land of the living:
mede wo ne wɔn a wɔkɔ amoa mu no besian akɔ teteetefo no nkyɛn. Mɛma woatena asase ase hɔ te sɛ tete mmubui, wo ne wɔn a wosian kɔ amoa mu no, na worensan anaa worennya kyɛfa wɔ ateasefo asase so.
21 I will reduce you to nothing, and you shall not be, and if you are sought, you will no longer be found, in perpetuity, says the Lord God.”
Mede wo bɛba awiei a ɛyɛ hu mu na worenhu bio. Wɔbɛhwehwɛ wo nanso wɔrenhu wo bio da, Otumfo Awurade asɛm ni.”

< Ezekiel 26 >