< 2 Samuel 15 >

1 Then, after these things, Absalom obtained for himself chariots, and horsemen, and fifty men who went before him.
Yei akyi no, Absalom tɔɔ teaseɛnam ne apɔnkɔ, na ɔbɔɔ mmarima aduonum paa sɛ wɔbɛdi nʼanim.
2 And rising up in the morning, Absalom was standing beside the entrance of the gate. And when there was any man who had a dispute that might go before the king’s judgment, Absalom would call him to him, and would say, “Which city are you from?” And responding, he would say, “I am your servant, from a certain tribe of Israel.”
Adekyeɛ biara, ɔsɔre ntɛm na wakɔtena kuropɔn no ɛpono ano. Na sɛ nnipa bi de asɛm bɛto ɔhene no anim sɛ ɔmmu ho atɛn a, Absalom bɛbisa faako a wɔfirie, na wɔakyerɛ abusuakuo a wɔfiri mu.
3 And Absalom would answer him: “Your words seem good and just to me. But there is no one appointed by the king to hear you.” And Absalom would say:
Na Absalom bɛka sɛ, “Wʼasɛm yɛ dɛ deɛ, nanso ɔhene nni obiara a ɔbɛtie.
4 “Who may appoint me judge over the land, so that all those who have a dispute might come to me, and I might judge justly.”
Sɛ meyɛ ɔtemmufoɔ anka mepɛ. Anka nnipa de wɔn nsɛm bɛba mʼanim, na mabu wɔn atɛn.”
5 Then too, when a man would draw near to him, so that he might greet him, he would extend his hand, and taking hold of him, he would kiss him.
Sɛ nnipa pɛ sɛ wɔkoto no a, Absalom mma wɔn nyɛ saa na mmom ɔsɔ wɔn nsa, yɛ wɔn atuu.
6 And he was doing this to all those of Israel arriving for judgment to be heard by the king. And he solicited the hearts of the men of Israel.
Absalom yɛɛ saa de nyaa Israelfoɔ no nyinaa wɔ nʼafa.
7 Then, after forty years, Absalom said to king David: “I should go and pay my vows, which I have vowed to the Lord at Hebron.
Mfirinhyia ɛnan akyi, Absalom ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Ma menkɔ Hebron na menkɔbɔ afɔdeɛ mma Awurade sɛdeɛ mahyɛ no bɔ no.
8 For your servant made a vow, when he was in Geshur of Syria, saying: If the Lord will lead me back to Jerusalem, I will sacrifice to the Lord.”
Ɛberɛ a na mewɔ Gesur no na mehyɛɛ saa bɔ no sɛ, ‘Sɛ Awurade de me sane ba Yerusalem a, mɛbɔ afɔdeɛ ama no wɔ Hebron.’”
9 And king David said to him, “Go in peace.” And he rose up and went away to Hebron.
Ɔhene no kaa sɛ, “Ɛyɛ, kɔ na kɔdi wo bɔhyɛ so.” Enti, Absalom kɔɔ Hebron.
10 Then Absalom sent scouts into all the tribes of Israel, saying: “As soon as you hear the blare of the trumpet, say: ‘Absalom reigns in Hebron.’”
Ɛberɛ a ɔwɔ hɔ no, ɔfaa sum ase somaa abɔfoɔ kɔɔ Israel afanan nyinaa kɔhwanyanee ɔmanfoɔ de tiaa ɔhene no. Ne nkra ne sɛ, “Sɛ mote totorobɛnto nne pɛ a, monka sɛ, ‘Absalom adi ɔhene wɔ Hebron.’”
11 Now having been called, two hundred men from Jerusalem went forth with Absalom, going in simplicity of heart and being entirely ignorant of the plan.
Absalom faa mmarima ahanu firii Yerusalem kaa ne ho a na wɔnnim Absalom nsusuiɛ yi ho hwee.
12 Absalom also summoned Ahithophel the Gilonite, a counselor of David, from his city, Giloh. And when he was immolating victims, a very strong oath was sworn, and the people, hurrying together, joined with Absalom.
Ɛberɛ a Absalom rebɔ afɔdeɛ no, ɔsoma ma wɔkɔfaa Giloni Ahitofel a na ɔyɛ Dawid fotufoɔ firi ne kurom Gilo baeɛ. Ankyɛre nnipa bebree no ara bɛkaa Absalom ho, na atirisopam no mu yɛɛ den.
13 Then a messenger went to David, saying, “With their whole heart, all of Israel is following Absalom.”
Ankyɛre, ɔbɔfoɔ bi baa Yerusalem bɛka kyerɛɛ ɔhene Dawid sɛ, “Israel nyinaa atu di Absalom akyi sɛ wɔayɛ dɔm atia wo.”
14 And David said to his servants, who were with him in Jerusalem: “Rise up, let us flee! For otherwise there will be no escape for us from the face of Absalom. Hurry to depart, lest perhaps, upon arriving, he may seize us, and force ruin upon us, and strike the city with the edge of the sword.”
Ɛhɔ ara, Dawid ka kyerɛɛ ne mmarima sɛ, “Monyɛ no ntɛm na yɛnnwane mfiri ha, ansa na waduru ha, sɛdeɛ amanehunu bɛpare yɛn ne Yerusalem kuro mu no nyinaa.”
15 And the servants of the king said to him, “Everything whatsoever that our lord the king will command, we your servants shall carry out willingly.”
Nʼafotufoɔ no buaa sɛ, “Yɛgyina wʼakyi. Biribiara a wogye di sɛ ɛyɛ no, yɛ.”
16 Therefore, the king departed, with his entire household on foot. And the king left behind ten women of the concubines to care for the house.
Enti, ɔhene no ne ne fiefoɔ sii so kɔɔ prɛko pɛ a wannya biribiara wɔ akyire sɛ ne mpenafoɔ edu bi a wɔbɛhwɛ nʼahemfie no so.
17 And having gone forth on foot, the king and all of Israel stood at a distance from the house.
Ɔhene no ne ne nkurɔfoɔ no faa fam, na wɔfaa kuropɔn no fa bi,
18 And all his servants were walking beside him. And the legions of the Cerethites and Phelethites, and all the Gittites, powerful fighters, six hundred men who had followed him from Gath on foot, were preceding the king.
maa Dawid akodɔm no bɛtwaa wɔn ho dii wɔn anim. Nnipa a wɔkaa Dawid ho kɔeɛ no yɛ Gitifoɔ ahansia a wɔfiri Gat a ne banbɔfoɔ nso ka ho.
19 Then the king said to Ittai the Gittite: “Why do you come with us? Return and live with the king. For you are a stranger, and you departed from your own place.
Na ɔhene no bisaa Gatni Itai a ɔyɛ ɔsafohene no sɛ, “Adɛn enti na woka yɛn ho rekɔ? Sane kɔka wo nkurɔfoɔ ho, na monkɔ ɔhene Absalom nkyɛn, ɛfiri sɛ, woyɛ ɔhɔhoɔ wɔ Israel ne ɔmamfrani a wɔatwa wo asuo.
20 You arrived yesterday. And today should you be compelled to go away with us? For I should go to the place where I am going. But you should return, and lead your own brothers back with you. And the Lord will show mercy and truth to you, because you have shown grace and faith.”
Woduruu ha nnora nko ara. Na ɛsɛ sɛ mehyɛ wo na wo ne yɛn kyini anaa? Me mpo, mennim baabi a yɛbɛkorɔ. Sane wʼakyi na kɔfa wʼakodɔm ka wo ho, na Awurade nkyerɛ wo ne dɔ ne ne nokorɛ.”
21 And Ittai responded to the king, by saying, “As the Lord lives, and as my lord the king lives, in whatever place you will be, my lord the king, whether in death or in life, your servant will be there.”
Nanso, Itai ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Mede Awurade din ne wo ara wo nkwa ka ntam sɛ, baabiara a wobɛkɔ no, mɛkɔ bi a deɛ ɛbɛsi biara mfa me ho, sɛ ɛyɛ nkwa anaa owuo.”
22 And David said to Ittai, “Come, and pass over.” And Ittai the Gittite passed over, and all the men who were with him, and the rest of the multitude.
Dawid buaa no sɛ, “Ɛyɛ, ka yɛn ho.” Ɛno enti, Itai ne ne mmarima ahansia ne wɔn fiefoɔ kaa wɔn ho kɔeɛ.
23 And they all wept with a great voice, and all the people passed over. The king also passed over the torrent Kidron. And all the people advanced opposite the way which looks out toward the desert.
Awerɛhoɔ kɛseɛ sii asase no so, ɛberɛ a ɔhene ne nʼakyidifoɔ resene korɔ no. Wɔtwaa Kidron bɔnhwa no de wɔn ani kyerɛɛ ɛserɛ so.
24 Now Zadok the priest also went, and all the Levites went with him, carrying the ark of the covenant of God. And they set down the ark of God. And Abiathar went up, until all the people who had departed from the city had gone by.
Abiatar ne Sadok ne Lewifoɔ no faa Apam Adaka no, na wɔde sii kwankyɛn. Na wɔbɔɔ afɔdeɛ wɔ hɔ kɔsii sɛ obiara seneeɛ.
25 And the king said to Zadok: “Carry back the ark of God into the city. If I shall find grace in the sight of the Lord, he will lead me back. And he will show it to me in his tabernacle.
Na ɔhene no ka kyerɛɛ Sadok sɛ, “Sane fa Onyankopɔn Adaka no kɔ kuropɔn no mu. Sɛ menya Awurade anim adom a, ɔbɛsane de me aba ama mahunu Adaka no ne ne ntomadan no bio.
26 But if he will say to me, ‘You are not pleasing,’ I am ready. Let him do whatever is good in his own sight.”
Nanso, sɛ ɔne me awie a, ma ɔnyɛ deɛ ɛyɛ ma no.”
27 And the king said to Zadok the priest: “O seer, return into the city in peace. And let your son Ahimaaz, and Jonathan, the son of Abiathar, your two sons, be with you.
Na ɔhene no ka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Sadok sɛ, “Me nhyehyɛeɛ nie: Wo ne Abiatar nyɛ kodɛɛ nsane nkɔ kuropɔn no mu a wo babarima Ahimaas ne Yonatan a ɔyɛ Abiatar babarima ka ho.
28 Behold, I will hide in the plains of the desert, until word from you may arrive to inform me.”
Mɛtwɛn wɔ faako a wɔtwa Asubɔnten Yordan kɔ ɛserɛ no so hɔ kɔsi sɛ mɛte mo nkra. Momma mente asɛm a ɛbɛsi Yerusalem, ansa na makɔ ɛserɛ so.”
29 Therefore, Zadok and Abiathar carried back the ark of God into Jerusalem, and they remained there.
Enti, Sadok ne Abiatar faa Onyankopɔn Adaka no de sane kɔɔ Yerusalem, na wɔtenaa hɔ.
30 But David ascended to the Mount of Olives, climbing and weeping, advancing with bare feet and with his head covered. Moreover, all the people who were with him ascended, weeping with their heads covered.
Dawid faa ɛkwan a ɛkɔ Ngo Bepɔ so no so a, ɔrekɔ no nyinaa, na ɔretwa adwo. Na wakata ne tiri so, ɛnna ne nan sisi fam saa ara a ɛkyerɛ awerɛhoɔdie. Na nnipa a wɔka ne ho no nso katakataa wɔn tiri so, twaa adwo ɛberɛ a wɔgu so reforo bepɔ no.
31 Then it was reported to David that Ahithophel also had joined in swearing with Absalom. And David said, “O Lord, I beg you, to uncover the foolishness of the counsel of Ahithophel.”
Ɛberɛ a obi ka kyerɛɛ Dawid sɛ, afei deɛ ne ɔfotufoɔ Ahitofel taa Absalom akyi no, Dawid bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao Awurade, ma Ahitofel ntu Absalom ɛfo bɔne!”
32 And when David had ascended to the summit of the mountain, where he was going to adore the Lord, behold Hushai the Archite met him, with his garment torn and his head covered with soil.
Wɔduruu Ngo Bepɔ no atifi baabi a nnipa som Onyankopɔn no, Dawid hunuu Husai a ɔfiri Arki a ɔretwɛn no. Na Husai asunsuane nʼatadeɛ mu, de dɔteɛ afɔre ne tirim, de kyerɛ awerɛhoɔdie.
33 And David said to him: “If you come with me, you will be a burden to me.
Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ wo ne me kɔ a, wobɛyɛ adesoa ama me.
34 But if you return to the city, and you say to Absalom, ‘I am your servant, O king; just as I have been the servant of your father, so too will I be your servant,’ you will destroy the counsel of Ahithophel
Sane kɔ Yerusalem, na ka kyerɛ Absalom sɛ, ‘Afei, mɛyɛ wo fotufoɔ sɛdeɛ da bi hɔ no na meyɛ wʼagya fotufoɔ no.’ Ɛba saa a, wobɛtumi atia Ahitofel afotuo mu, asɛe no.
35 And you have with you the priests Zadok and Abiathar. And any word whatsoever that you will hear from the house of the king, you shall reveal it to Zadok and Abiathar, the priests.
Asɔfoɔ Sadok ne Abiatar wɔ hɔ. Ka adwene a wɔafa wɔ me ho, pɛ sɛ wɔkyere me no kyerɛ wɔn,
36 Now with them are their two sons Ahimaaz, the son of Zadok, and Jonathan, the son of Abiathar. And you shall send to me by them every word that you will have heard.”
na wɔbɛsoma wɔn mmammarima Ahimaas ne Yonatan na wɔabɛhwehwɛ me, aka deɛ ɛrekɔ so akyerɛ me.”
37 Therefore, Hushai, the friend of David, went into the city. And Absalom also entered into Jerusalem.
Enti, Dawid adamfo Husai sane kɔɔ Yerusalem, kɔduruu hɔ berɛ korɔ no a Absalom nso duruu hɔ no mu.

< 2 Samuel 15 >