< Numbers 32 >

1 Now the children of Reuben and the children of Gad had a great number of cattle: and when they saw that the land of Jazer and the land of Gilead was a good place for cattle;
Na Ruben ne Gad mmusuakuo no wɔ nyɛmmoa pii, enti wohunuu sɛ Yaser ne Gilead nsase no bɛyɛ ama wɔn nnwan ne anantwie no,
2 The children of Gad and the children of Reuben came and said to Moses and to Eleazar the priest and to the chiefs of the meeting,
wɔkɔɔ Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasa ne nnipa no ntuanofoɔ no nkyɛn. Wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ,
3 Ataroth, and Dibon, and Jazer, and Nimrah, and Heshbon, and Elealeh, and Sebam, and Nebo, and Beon,
“Atarot, Dibon, Yaser, Nimra, Hesbon, Eleale, Sebam, Nebo ne Beon.
4 The land which the Lord gave into the hands of the children of Israel, is a land for cattle, and your servants have cattle.
Saa nsase yi nyinaa, Awurade ako, agye ama Israelfoɔ. Ɛbɛyɛ ama yɛn nnwan ne yɛn anantwie.
5 And they said, With your approval, let this land be given to your servants as their heritage: do not take us over Jordan.
Sɛ yɛanya adom wɔ mo anim a, yɛsrɛ mo momfa saa asase yi mma yɛn sɛ yɛn kyɛfa na monnyae Asubɔnten Yordan fa nohoa a mopɛ sɛ mode ma yɛn no.”
6 And Moses said to the children of Gad and the children of Reuben, Are your brothers to go to the war, while you take your rest here?
Mose nso bisaa Rubenfoɔ ne Gadfoɔ no sɛ, “Mokyerɛ sɛ, mopɛ sɛ motena ha wɔ ɛberɛ a mo nuanom atwa mu rekɔko?
7 Why would you take from the children of Israel the desire to go over into the land which the Lord has given them?
Mopɛ sɛ mobu nnipa a aka no aba mu ma wɔsane sɛ wɔrenkɔ asase a Awurade de ama wɔn no so no?
8 So did your fathers, when I sent them from Kadesh-barnea to see the land.
Ade koro yi ara na mo agyanom yɛeɛ. Mesomaa wɔn firii Kades-Barnea sɛ wɔnkɔsra asase no
9 For when they went up to the valley of Eshcol, and saw the land, they took from the children of Israel the desire to go into the land which the Lord had given them.
nanso ɛberɛ a wɔwiee nsra no na wɔfiri Eskol subɔnhwa mu baeɛ no, wɔbuu nnipa no aba mu sɛ wɔrenkɔ Awurade Bɔhyɛ Asase no so.
10 And at that time the Lord was moved to wrath, and made an oath, saying,
Na Awurade bo fuu wɔn enti ɔkaa ntam sɛ,
11 Truly, not one of the men of twenty years old and over who came out of Egypt will see the land which I gave by oath to Abraham, Isaac, and Jacob; because they have not been true to me with all their heart;
wɔn a wɔayi wɔn afiri Misraim asase so no, wɔn mu biara nni hɔ a wadi boro mfirinhyia aduonu a ɔbɛhunu asase a ɔhyɛɛ Abraham, Isak ne Yakob ho bɔ no, ɛfiri sɛ, wɔanni ne mmara so.
12 But only Caleb, the son of Jephunneh the Kenizzite, and Joshua, the son of Nun: because they have been true to the Lord.
Agye Kenesini Yefune babarima Kaleb ne Nun babarima Yosua na wɔnka ho, ɛfiri sɛ, wɔde wɔn akoma nyinaa dii Awurade akyi, hyɛɛ nnipa nkuran sɛ wɔnkɔ Bɔhyɛ Asase no so.
13 Then the Lord was angry with Israel, and he made them wanderers in the waste land for forty years? till all that generation who had done evil in the eyes of the Lord was dead.
Awurade ma yɛkyinkyinii ɛserɛ no so hɔ mfirinhyia aduanan kɔsii sɛ saa awoɔ ntoatoasoɔ amumuyɛfoɔ no nyinaa wuwuiɛ.
14 And now you have come to take the place of your fathers, another generation of sinners, increasing the wrath of the Lord against Israel.
“Nanso, monhwɛ, abɔnefoɔ, moreyɛ saa bɔne koro no ara bi. Esiane sɛ mo dɔɔso enti, Awurade bo a afu Israel no ano bɛyɛ den sen kane no.
15 For if you are turned away from him, he will send them wandering again in the waste land; and you will be the cause of the destruction of all this people.
Sɛ motwe mo ho firi Onyankopɔn ho sei a, ɔbɛma nnipa no atena ɛserɛ so hɔ akyɛre na sɛ nnome bi ba wɔn so a, ɛho asodie da mo so.”
16 Then they came to him, and said, We will make safe places for our cattle here, and towns for our little ones;
Wɔteaam sɛ, “Ɛnte saa koraa! Yɛbɛyɛ yɛn nnwammuo na yɛakyekyere nkuro akɛseɛ asi nketewa no anan
17 But we ourselves will be ready armed to go before the children of Israel till we have taken them to their place: but our little ones will be safe in the walled towns against the people of the land.
na yɛn ankasa de akodeɛ bɛhyehyɛ yɛn ho adi Israelfoɔ a aka no anim kɔsi sɛ yɛde wɔn bɛba asomdwoeɛ mu ama wɔabɛfa wɔn agyapadeɛ. Na deɛ ɛdi ɛkan no, ɛsɛ sɛ yɛkyekyere nkuro a yɛbɛgye afasuo afa ho ama yɛn nkurɔfoɔ atena mu na ɛhɔfoɔ no ankɔto anhyɛ wɔn so.
18 We will not come back to our houses till every one of the children of Israel has come into his heritage.
Sɛ Israelfoɔ no nsa nkaa wɔn agyapadeɛ no a, yɛrentena ha.
19 For we will not have our heritage with them on the other side of Jordan and forward; because our heritage has come to us on this side of Jordan to the east.
Yɛmpɛ Yordan ho asase biara. Mmom, yɛpɛ asase a ɛda apueeɛ fam hɔ no.”
20 Then Moses said to them, If you will do this, arming yourselves to go before the Lord to the war,
Mose kaa sɛ, “Ɛyɛ. Sɛ mobɛyɛ sɛdeɛ moaka no, na mode akodeɛ ahyehyɛ mo ho ama Awurade ɔko no,
21 Every armed man of you going across Jordan before the Lord till he has overcome and sent in flight all who are against him,
na mode mo akodɔm no atware Yordan kɔsi sɛ Awurade bɛpamo nʼatamfoɔ no a,
22 And the land is under the rule of the Lord: then after that you may come back, having done no wrong to the Lord and to Israel; and this land will be yours for your heritage before the Lord.
ɛnneɛ, sɛ asase no ho asɛm dwo brɛoo wɔ Awurade anim a, motumi sane ba. Ɛba saa a, na ɛkyerɛ sɛ, moayɛ mo asɛdeɛ ama Awurade ne Israelfoɔ nyinaa. Na asase a ɛda apueeɛ no nso, Awurade de bɛma mo.
23 But if you do not do this, then you are sinners against the Lord; and you may be certain that your sin will have its reward.
“Sɛ moanni asɛm a moaka no so a, na moayɛ bɔne atia Awurade, na sɛ ɛba saa a, monhunu sɛ, ɛho asotwe bɛba mo so.
24 So get to work building your towns for your little ones, and safe places for your sheep; and do as you have said.
Monkɔ so nkyekyere nkuro mma mo fiefoɔ na monyɛ nnwammuo mma mo nnwan na monni asɛm a mokaeɛ no nyinaa so.”
25 And the children of Gad and the children of Reuben said to Moses, Your servants will do as my lord says.
Ruben ne Gad nkurɔfoɔ no kaa sɛ, “Yɛbɛdi wʼahyɛdeɛ no so pɛpɛɛpɛ.
26 Our little ones, our wives, and our flocks, and all our cattle, will be there in the towns of Gilead;
Yɛn mma, yɛn yerenom, yɛn nnwan ne yɛn anantwie bɛtena Gilead nkuropɔn mu.
27 But your servants will go over, every man armed for war, before the Lord to the fight, as my lord says.
Nanso, yɛn a wɔakyere yɛn sɛ asraafoɔ no bɛko ama Awurade sɛdeɛ woaka no.”
28 So Moses gave orders about them to Eleazar the priest and to Joshua, the son of Nun, and to the heads of families of the tribes of the children of Israel.
Enti, Mose penee so ka kyerɛɛ Eleasa, Yosua ne mpanimfoɔ a wɔtuatua Israel mmusuakuo ano no sɛ,
29 And Moses said to them, If the children of Gad and the children of Reuben go with you over Jordan, every man armed for the fight before the Lord, and all the land is given into your hands, then let them have the land of Gilead for a heritage:
“Sɛ Gad ne Ruben abusuakuo mu mmarima nyinaa a wɔakyere wɔn ahyɛ sraa mu sɛ wɔnkɔko mma Awurade no ne me kɔ Yordan na sɛ wɔkɔko di nkonim wɔ hɔ a, momfa Gilead asase no mma wɔn;
30 But if they do not go over with you armed, they will have to take their heritage with you in the land of Canaan.
na sɛ wɔankɔ a, ɛnneɛ wɔmpene so mfa nsase a mowɔ wɔ Kanaan asase so no bi.”
31 Then the children of Gad and the children of Reuben said, As the Lord has said to your servants, so will we do.
Gad ne Ruben abusuafoɔ kaa bio sɛ, “Yɛbɛdi Awurade asɛm so;
32 We will go over armed before the Lord into the land of Canaan, and you will give us our heritage on this side of Jordan.
yɛde akodeɛ bɛhyehyɛ yɛn ho adi Awurade akyi akɔ Kanaan nanso, yɛn ara yɛn asase bɛda Yordan fa ha.”
33 So Moses gave to them, even to the children of Gad and the children of Reuben and to the half-tribe of Manasseh, the son of Joseph, the kingdom of Sihon, king of the Amorites and Og, king of Bashan, all the land with its towns and the country round them.
Enti, Mose maa wɔde Amorifoɔhene Sihon ne Basanhene Og nsasetam ne wɔn nkuro akɛseɛ maa Gad, Ruben ne Yosef babarima Manase mmusuakuo.
34 And the children of Gad were the builders of Dibon and Ataroth and Aroer;
Gad nkurɔfoɔ na wɔkyekyeree saa nkuro yi: Dibon, Atarot, Aroer.
35 And Atroth-shophan and Jazer and Jogbehah;
Atrot-Sofan, Yaser Yogbeha,
36 And Beth-nimrah and Beth-haran: walled towns and shut-in places for sheep.
Bet-Nimra ne Betharan. Na ɛyɛ nkuro a nnwan wɔ mu yie.
37 And the children of Reuben were the builders of Heshbon and Elealeh and Kiriathaim;
Ruben mmammarima na wɔkyekyeree saa nkuro a ɛdidi so yi: Hesbon, Eleale Kiriataim,
38 And Nebo and Baal-meon, (their names being changed, ) and Sibmah: and they gave other names to the towns they made.
Nebo, Baal-Meon ne Sibma. Wɔtotoo nkuro a wɔakyekyere no edin foforɔ.
39 And the children of Machir, the son of Manasseh, went to Gilead and took it, driving out the Amorites who were living there.
Afei, Makir asefoɔ a wɔfiri Manase abusuakuo mu kɔɔ Gilead kɔko dii hɔ so pamoo Amorifoɔ a saa ɛberɛ no na wɔte hɔ no nyinaa.
40 And Moses gave Gilead to Machir, the son of Manasseh; and he made it his living-place.
Enti, Mose de Gilead maa Makirfoɔ, Manase asefoɔ, ma wɔtenaa hɔ.
41 And Jair, the son of Manasseh, went and took the towns of Gilead, naming them Havvoth-Jair.
Manase abusuakuo mu nnipa foforɔ bi a wɔfiri Yair nso tenatenaa Gilead nkuro bebree so, sesaa beaeɛ a wɔwɔ hɔ no din frɛɛ hɔ Hafrotyair.
42 And Nobah went and took Kenath and its small towns, naming it Nobah, after himself.
Ɔbarima bi a ne din de Noba dii asraafoɔ bi anim de wɔn kɔɔ Kenat ne ne nkuraaseɛ kɔbɔɔ wɔn atenaeɛ wɔ hɔ, enti ɔde ne din Noba too saa beaeɛ hɔ.

< Numbers 32 >