< Genesis 8 >

1 And God kept Noah in mind, and all the living things and the cattle which were with him in the ark: and God sent a wind over the earth, and the waters went down.
Nanso Onyankopɔn kaee Noa ne wuram mmoa a na wɔne no wɔ Adaka no mu no, na ɔmaa mframa bɔ faa asase so, na nsu no twee.
2 And the fountains of the deep and the windows of heaven were shut, and the rain from heaven was stopped.
Asuti a ɛwowɔ asase ase no mu nsu a ɛbobɔe no gyaee ba, na ɔsoro mfɛnsere no nso mu toto maa osu no gyaee tɔ.
3 And the waters went slowly back from the earth, and at the end of a hundred and fifty days the waters were lower.
Nsu no toaa so twe fii asase so. Nnafua ɔha ne aduonum akyi no, na nsu no atwe koraa.
4 And on the seventeenth day of the seventh month the ark came to rest on the mountains of Ararat.
Ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so dunson so, Adaka no kɔtaa Ararat mmepɔw so.
5 And still the waters went on falling, till on the first day of the tenth month the tops of the mountains were seen.
Nsu no toaa so, twee ara kosii ɔsram a ɛto so du no so. Na ɔsram no da a edi kan no, mmepɔw no atifi daa adi.
6 Then, after forty days, through the open window of the ark which he had made,
Adaduanan akyi no, Noa buee mfɛnsere a otwa too Adaka no ho no,
7 Noah sent out a raven, which went this way and that till the waters were gone from the earth.
na ɔsomaa kwaakwaadabi ma odii akɔneaba kosii sɛ nsu no nyinaa yow fii asase no so.
8 And he sent out a dove, to see if the waters had gone from the face of the earth;
Afei, ɔsomaa aborɔnoma sɛ ɔnkɔhwɛ sɛ asase no so awo ana.
9 But the dove saw no resting-place for her foot, and came back to the ark, for the waters were still over all the earth; and he put out his hand, and took her into the ark.
Nanso aborɔnoma no annya baabi ansi, efisɛ na nsu no akata asase no so nyinaa. Enti ɔsan baa Noa nkyɛn ma Noa teɛɛ ne nsa soo ne mu de no baa Adaka no mu.
10 And after waiting another seven days, he sent the dove out again;
Noa twɛn nnanson, na ɛno akyi no, ɔsan somaa aborɔnoma no bio.
11 And the dove came back at evening, and in her mouth was an olive-leaf broken off: so Noah was certain that the waters had gone down on the earth.
Bere a aborɔnoma no san baa ne nkyɛn anwummere no, na ngodua ahabammono a watew tua nʼano. Ɛno na ɛmaa Noa huu sɛ nsu no atwe afi asase no so.
12 And after seven days more, he sent the dove out again, but she did not come back to him.
Noa twɛn nnanson bio, na ɔsan somaa aborɔnoma no, nanso wansan amma ne nkyɛn bio.
13 And in the six hundred and first year, on the first day of the first month, the waters were dry on the earth: and Noah took the cover off the ark and saw that the face of the earth was dry.
Na ɛbaa sɛ Noa dii mfe ahansia ne baako, ɔsram a edi kan no mu da a edi kan no, na nsu no atwe afi asase no so. Enti Noa yii Adaka no suhyɛ no, na ohuu sɛ asase so awo.
14 And on the twenty-seventh day of the second month the earth was dry.
Ɔsram a ɛto so abien no da a ɛto so aduonu ason so no na asase no so woo koraa.
15 And God said to Noah,
Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa se,
16 Go out of the ark, you and your wife and your sons and your sons' wives.
“Wo ne wo yere ne wo mmabarima ne wɔn yerenom mfi Adaka no mu mpue.
17 Take out with you every living thing which is with you, birds and cattle and everything which goes on the earth, so that they may have offspring and be fertile and be increased on the earth.
Yi abɔde biara a nkwa wɔ mu a wɔwɔ wo nkyɛn, a ɛyɛ nnomaa, mmoa ne mmoa a wɔnam asase so nyinaa fi Adaka no mu sɛnea ɛbɛyɛ a, wɔn ase bɛdɔ wɔ asase so.”
18 And Noah went out with his sons and his wife and his sons' wives;
Enti Noa ne ne mmabarima ne ne yere ne ne mmabarima yerenom fii Adaka no mu.
19 And every beast and bird and every living thing of every sort which goes on the earth, went out of the ark.
Mmoa no nyinaa ne abɔde a wɔnam asase so nyinaa ne nnomaa nyinaa ne biribiara a ɛnam asase so nyinaa fii Adaka no mu saa ara mmaako mmaako.
20 And Noah made an altar to the Lord, and from every clean beast and bird he made burned offerings on the altar.
Na Noa sii afɔremuka maa Awurade. Ɔfaa mmoa ne nnomaa a wɔn ho tew, de bɔɔ ɔhyew afɔre wɔ afɔremuka no so.
21 And when the sweet smell came up to the Lord, he said in his heart, I will not again put a curse on the earth because of man, for the thoughts of man's heart are evil from his earliest days; never again will I send destruction on all living things as I have done.
Awurade tee afɔre a Noa bɔe no huam no, ɔkaa wɔ ne koma mu se, “Ɛwɔ mu sɛ bɔne ahyɛ onipa koma ma fi ne mmofraase de, nanso merenni onipa akyi nnome asase bio. Na merensɛe abɔde a nkwa wɔ mu bio sɛnea mayɛ yi.
22 While the earth goes on, seed time and the getting in of the grain, cold and heat, summer and winter, day and night, will not come to an end.
“Mmere dodow a asase da so wɔ hɔ yi, ogu ne otwa, awɔw ne ahuhuru, asusow ne ɔpɛ, awia ne anadwo to rentwa da.”

< Genesis 8 >

A Dove is Sent Forth from the Ark
A Dove is Sent Forth from the Ark