< Ezekiel 30 >

1 The word of the Lord came to me again, saying,
Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
2 Son of man, be a prophet, and say, These are the words of the Lord: Give a cry, Aha, for the day!
“Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: “‘Twa adwo na ka se, “Ao da no!”
3 For the day is near, the day of the Lord is near, a day of cloud; it will be the time of the nations.
Na da no abɛn, Awurade da no abɛn, omununkum da, amanaman no atemmu bere.
4 And a sword will come on Egypt, and cruel pain will be in Ethiopia, when they are falling by the sword in Egypt; and they will take away her wealth and her bases will be broken down.
Afoa bi bɛsɔre atia Misraim, na ahoyeraw bɛba Kus so. Sɛ apirafo totɔ wɔ Misraim a wɔbɛsoa nʼahonyade akɔ na wɔabubu ne fapem agu fam.
5 Ethiopia and Put and Lud and all the mixed people and Libya and the children of the land of the Cherethites will all be put to death with them by the sword.
Kus ne Put, Lidia ne Arabia nyinaa, Libia ne bɔhyɛ asase no so nnipa ne Misraim bɛtotɔ wɔ afoa ano.
6 This is what the Lord has said: The supporters of Egypt will have a fall, and the pride of her power will come down: from Migdol to Syene they will be put to the sword in it, says the Lord.
“‘Sɛɛ na Awurade se: “‘Misraim nnamfonom bɛtotɔ na nʼahomaso ahoɔden bedi no huammɔ. Efi Migdol kosi Aswan wɔbɛtotɔ wɔ afoa a ɛwɔ ne mu no ano, Otumfo Awurade asɛm ni.
7 And she will be made waste among the countries which have been made waste, and her towns will be among the towns which are unpeopled.
Wɔbɛdeda mpan wɔ nsase a ada mpan mu, na wɔn nkuropɔn bebubu aka nkuropɔn a abubu ho.
8 And they will be certain that I am the Lord, when I have put a fire in Egypt and all her helpers are broken.
Afei wobehu sɛ mene Awurade no, bere a mede ogya ato Misraim mu na madwerɛw nʼaboafo nyinaa no.
9 In that day men will go out quickly to take the news, causing fear in untroubled Ethiopia; and bitter pain will come on them as in the day of Egypt; for see, it is coming.
“‘Saa da no, asomafo de ahyɛn befi me nkyɛn akohunahuna Kus a ne tirim yɛ no dɛ no. Ne ho bɛyeraw no wɔ Misraim atemmuda no, na ampa ara ɛbɛba mu.
10 This is what the Lord has said: I will put an end to great numbers of the people of Egypt by the hand of Nebuchadrezzar, king of Babylon.
“‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: “‘Mede Misraim dɔm bebrebe no bɛba awiei mɛfa Babiloniahene Nebukadnessar so.
11 He and the people with him, causing fear among the nations, will be sent for the destruction of the land; their swords will be let loose against Egypt and the land will be full of dead.
Ɔno ne nʼasraafo; amanaman no mu anuɔdenfo, wɔde wɔn bɛba abɛsɛe asase no. Wɔbɛtwe wɔn afoa atia Misraim na wɔde afunu ahyɛ asase no so ma.
12 And I will make the Nile streams dry, and will give the land into the hands of evil men, causing the land and everything in it to be wasted by the hands of men from a strange country: I the Lord have said it.
Mɛma Nil mu nsu ayow na matɔn asase no ama nnipa bɔne; menam ananafo so bɛsɛe asase no ne nea ɛwɔ mu nyinaa. Me Awurade na maka.
13 This is what the Lord has said: In addition to this, I will give up the images to destruction and put an end to the false gods in Noph; never again will there be a ruler in the land of Egypt: and I will put a fear in the land of Egypt.
“‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: “‘Mɛsɛe ahoni no na mede Memfis nsɛsode ahorow no aba awiei. Misraim rennya mmapɔmma bio, na mɛma hu aba asase no so nyinaa.
14 And I will make Pathros a waste, and put a fire in Zoan, and send my punishments on No.
Mɛsɛe Misraim Atifi, ato Soan mu gya na matwe Tebes aso.
15 I will let loose my wrath on Sin, the strong place of Egypt, cutting off the mass of the people of No.
Mehwie mʼabufuwhyew agu Pɛlusum so, Misraim bammɔ dennen no, na matwa Tebes nnipa bebrebe no agu.
16 And I will put a fire in Egypt; Syene will be twisting in pain, and No will be broken into, as by the onrush of waters.
Mɛto Misraim mu gya; Pɛlusum de ɔyaw bebubu ne mu. Ahum bebu afa Tebes so; na Memfis bedi abooboo da biara.
17 The young men of On and Pi-beseth will be put to the sword: and these towns will be taken away prisoners.
Heliopolis ne Bubastis mmerante bɛtotɔ wɔ afoa ano, na nkuropɔn no ankasa bɛkɔ nnommum mu.
18 And at Tehaphnehes the day will become dark, when the yoke of Egypt is broken there, and the pride of her power comes to an end: as for her, she will be covered with a cloud, and her daughters will be taken away prisoners.
Sum kabii beduru Tapanhes, da no sɛ mibubu Misraim konnua no a; hɔ na nʼahomaso ahoɔden bɛba awiei. Omununkum bɛkata no so, na ne nkuraa bɛkɔ nnommum mu.
19 And I will send my punishments on Egypt: and they will be certain that I am the Lord.
Ɛno nti mɛtwe Misraim aso, na wobehu sɛ mene Awurade no.’”
20 Now in the eleventh year, in the first month, on the seventh day of the month, the word of the Lord came to me, saying,
Afe a ɛto so dubaako no, ɔsram a edi kan no da a ɛto so ason no, Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
21 Son of man, the arm of Pharaoh, king of Egypt, has been broken by me, and no band has been put round it to make it well, no band has been twisted round it to make it strong for gripping the sword.
“Onipa ba, mabu Misraimhene Farao basa mu. Wɔnkyekyeree, na atoa bio; na wɔmfa nhyɛɛ ntama bamma mu na anya ahoɔden a ɔde beso afoa mu.
22 For this cause the Lord has said: See, I am against Pharaoh, king of Egypt, and by me his strong arm will be broken; and I will make the sword go out of his hand.
Ɛno nti, Otumfo Awurade na ose: Mene Misraimhene Farao anya; mebubu nʼabasa abien no mu; basa a eye ne nea mu abu no, na mama afoa afi ne nsam atɔ fam.
23 And I will send the Egyptians in flight among the nations and wandering through the countries.
Mede Misraimfo bɛkɔ amanaman mu na mahwete wɔn agu nsase so.
24 And I will make the arms of the king of Babylon strong, and will put my sword in his hand: but Pharaoh's arms will be broken, and he will give cries of pain before him like the cries of a man wounded to death.
Mɛhyɛ Babiloniahene basa mu den na mede mʼafoa ahyɛ ne nsa, nanso Farao de, mebu nʼabasa mu, na wasi apini wɔ nʼanim sɛ obi a wapira opirabɔne.
25 And I will make the arms of the king of Babylon strong, and the arms of Pharaoh will be hanging down; and they will be certain that I am the Lord, when I put my sword into the hand of the king of Babylon and it is stretched out against the land of Egypt.
Mɛma Babiloniahene abasa mu ayɛ den, nanso Farao abasa bedwudwo asensɛn ne ho. Sɛ mede mʼafoa hyɛ Babiloniahene nsa na ɔma so tia Misraim a, wobehu sɛ mene Awurade no.
26 And I will send the Egyptians in flight among the nations and wandering through the countries; and they will be certain that I am the Lord.
Mede Misraimfo bɛkɔ amanaman mu na mahwete wɔn agu nsase no so. Ɛno na wobehu sɛ mene Awurade no.”

< Ezekiel 30 >