< Deuteronomy 32 >

1 Give ear, O heavens, to my voice; let the earth take note of the words of my mouth:
Monyɛ aso, Ao ɔsoro na mɛkasa! Tie, Ao asase, nsɛm a ɛfiri mʼanom.
2 My teaching is dropping like rain, coming down like dew on the fields; like rain on the young grass and showers on the garden plants:
Me nkyerɛkyerɛ bɛtɔ agu mo so sɛ nsuo; me kasa bɛgu sɛ obosuo. Me nsɛm bɛtɔ sɛ osuo a ɛgu ɛserɛ foforɔ so, te sɛ nsuo a ɛpete afifideɛ foforɔ so.
3 For I will give honour to the name of the Lord: let our God be named great.
Mɛbɔ Awurade din; Animuonyam wɔ yɛn Onyankopɔn.
4 He is the Rock, complete is his work; for all his ways are righteousness: a God without evil who keeps faith, true and upright is he.
Ɔyɛ Ɔbotan; nʼadwuma yɛ pɛ; Biribiara a ɔyɛ nam ne kwan so, na ɛyɛ. Ɔyɛ Onyankopɔn nokwafoɔ a ɔnyɛ mfomsoɔ; Ɔteneneeni ne nokwafoɔ ne no.
5 They have become false, they are not his children, the mark of sin is on them; they are an evil and hard-hearted generation.
Nanso wɔayɛ amumuyɛsɛm atia no; sɛ wɔyɛ saa a, na wɔyɛ ne mma anaa? Wɔyɛ adaadaafoɔ ne nkyirimma kɔntɔnkye.
6 Is this your answer to the Lord, O foolish people and unwise? Is he not your father who has given you life? He has made you and given you your place.
Saa na ɛsɛ sɛ mo ne Awurade di no? Mo nkwaseafoɔ ne adwenemherɛfoɔ. Ɛnyɛ ɔno ne mo Agya, mo yɛfoɔ? Ɛnyɛ ɔno na ɔbɔɔ mo na ɔmaa mo nnyinasoɔ?
7 Keep in mind the days of the past, give thought to the years of generations gone by: go to your father and he will make it clear to you, to the old men and they will give you the story.
Monkae tete nna; monnwene awoɔ ntoatoasoɔ a atwam ho. Mommisa mo agya na ɔbɛkyerɛ mo. Mommisa mo mpanimfoɔ na wɔbɛka akyerɛ mo.
8 When the Most High gave the nations their heritage, separating into groups the children of men, he had the limits of the peoples marked out, keeping in mind the number of the children of Israel.
Ɛberɛ a Ɔsorosoroni kyekyɛɛ nsase maa amanaman, na ɔkyekyɛɛ adasamma mu no, ɔtotoo ahyeɛ maa nnipa no sɛdeɛ Israelfoɔ no ano sie.
9 For the Lord's wealth is his people; Jacob is the land of his heritage.
Ɛfiri sɛ, Israelfoɔ yɛ Awurade dea; Yakob yɛ nʼagyapadeɛ sononko.
10 He came to him in the waste land, in the unpeopled waste of sand: putting his arms round him and caring for him, he kept him as the light of his eye.
Ɔhunuu wɔn wɔ ɛserɛ asase so Asase kesee a hwee nni so so. Ɔtwaa wɔn ho hyiaeɛ, hwɛɛ wɔn so; Wɛn wɔn sɛ nʼagyapadeɛ a ɛsom bo.
11 As an eagle, teaching her young to make their flight, with her wings outstretched over them, takes them up on her strong feathers:
Sɛdeɛ ɔkɔdeɛ hwanyan ne mma, na ɔbɔ mpɛmpɛn fa wɔn ho, saa ara na ɔtrɛɛ ne ntaban mu bumaa wɔn, sɔɔ wɔn mu den de wɔn tu kɔɔ soro.
12 So the Lord only was his guide, no other god was with him.
Awurade nko na ɔkyerɛ wɔn ɛkwan. Wɔtenaa ase a wɔnni ananafoɔ anyame biara.
13 He put him on the high places of the earth, his food was the increase of the field; honey he gave him out of the rock and oil out of the hard rock;
Ɔma wɔnante faa nkokoɔ so; Ɔma wɔdi mfuo so nnɔbaeɛ; ɔde abotan mu woɔ, ne ngo a ɛfiri abohemaa mu siesie wɔn.
14 Butter from his cows and milk from his sheep, with fat of lambs and sheep of Bashan, and goats, and the heart of the grain; and for your drink, wine from the blood of the grape.
Ɔde anantwie nufosuo mu sradeɛ ne nnwan nufosuo, nnwan ne mmirekyie mu sradeɛ ma wɔdiiɛ. Ɔde Basan nnwennini ne nnwan a wɔadɔre, ne atokoɔ papa maa wɔn. Monom bobesa papa a ɛfiri bobe mu.
15 But Jeshurun became fat and would not be controlled: you have become fat, you are thick and full of food: then he was untrue to the God who made him, giving no honour to the Rock of his salvation.
Nanso, ankyɛre Yeshurun dɔree sradeɛ yɛɛ ahomasoɔ; nnipa no mu yɛɛ duru, yɛɛ abrane, yɛɛ pemee! Afei, wɔpaa Onyankopɔn a ɔbɔɔ wɔn; wɔammu wɔn Botan a ɔyɛ wɔn nkwagyeɛ no.
16 The honour which was his they gave to strange gods; by their disgusting ways he was moved to wrath.
Wɔkanyane ne ninkunutwe, ɛfiri sɛ wɔsomm anyame foforɔ; wɔyɛɛ akyiwadeɛ pii de hyɛɛ no abufuo.
17 They made offerings to evil spirits which were not God, to gods who were strange to them, which had newly come up, not feared by your fathers.
Wɔbɔɔ afɔdeɛ maa ahonhom fi, anyame huhuo, anyame a na wɔnnim wɔn dada, anyame a wɔbaa nnansa yi ara, anyame a na wɔn agyanom nsuro wɔn.
18 You have no thought for the Rock, your father, you have no memory of the God who gave you birth.
Mopaa Ɔbotan a ɔyɛɛ mo agya no. Mo werɛ firii Onyankopɔn a ɔwoo mo no.
19 And the Lord saw with disgust the evil-doing of his sons and daughters.
Awurade hunuu yei na wɔn ho yɛɛ no nwunu. Ɔno ankasa mmammarima ne ne mmammaa hyɛɛ no abufuo.
20 And he said, My face will be veiled from them, I will see what their end will be: for they are an uncontrolled generation, children in whom is no faith.
Ɔkaa sɛ, “Mɛgya wɔn hɔ; Mɛma wɔn awieeɛ aba! Ɛfiri sɛ, wɔyɛ awoɔ ntoatoasoɔ kɔntɔnkye; mma a wɔnni nokorɛ.
21 They have given my honour to that which is not God, moving me to wrath with their false worship: I will give their honour to those who are not a people, moving them to wrath by a foolish nation,
Wɔde anyame foforɔ som akanyane me ninkuntwe; wɔde anyame huhuo ahyɛ me abufuo. Afei, mɛhyira aman a wɔnyɛ me ɔman mpo ama wɔn ani abere; mɛhyira aman amanmufoɔ a wɔnni nteaseɛ ahyɛ wɔn abufuo.
22 For my wrath is a flaming fire, burning to the deep parts of the underworld, burning up the earth with her increase, and firing the deep roots of the mountains. (Sheol h7585)
Mʼabufuo dɛre sɛ ogya, na ɛhye kɔsi damena mu. Ɛsɛe asase ne so nnɔbaeɛ nyinaa na ɛpaapae mmepɔ fapem. (Sheol h7585)
23 I will send a rain of troubles on them, my arrows will be showered on them.
“Mɛhɔre amanehunu wɔ wɔn so na mato me bɛmma awowɔ wɔn.
24 They will be wasted from need of food, and overcome by burning heat and bitter destruction; and the teeth of beasts I will send on them, with the poison of the worms of the dust.
Mede ɛkɔm kɛseɛ, huraeɛnini ne owuyadeɛ bɛba wɔn so. Wɔde wiram mmoa se ne awɔ a wɔn ano wɔ borɔ a wɔwea fam bɛha wɔn.
25 Outside they will be cut off by the sword, and in the inner rooms by fear; death will take the young man and the virgin, the baby at the breast and the grey-haired man.
Mmɔntene so no wɔbɛwuwu akofena ano, na afie mu, ehu bɛtɔ wɔn so. Mmeranteɛ ne mmabaawa mmɔfra ne mpanin nyinaa.
26 I said I would send them wandering far away, I would make all memory of them go from the minds of men:
Meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛbɔ wɔn ahwete ama wɔn nkaeɛ ayera.
27 But for the fear that their haters, uplifted in their pride, might say, Our hand is strong, the Lord has not done all this.
Nanso, mesuroo ɔtamfoɔ fɛdie, sɛ ebia atiafoɔ rente aseɛ na wɔaka sɛ, ‘Yɛn tumi adi nkonim! Ɛnyɛ Awurade na ɔyɛeɛ!’”
28 For they are a nation without wisdom; there is no sense in them.
Israel yɛ ɔman a wɔnni adwene. Nnipa no yɛ nkwaseafoɔ, na wɔnni nteaseɛ.
29 If only they were wise, if only this was clear to them, and they would give thought to their future!
Ao, sɛ wɔnim nyansa a, anka wɔbɛte yei ase! Ao, anka wɔbɛhunu wɔn hyɛberɛ!
30 How would it be possible for one to overcome a thousand, and two to send ten thousand in flight, if their rock had not let them go, if the Lord had not given them up?
Ɛbɛyɛ dɛn na onipa baako ataa nnipa apem, na baanu bɛma ɔpedu adwane, gye sɛ wɔn Botan atɔn wɔn. Gye sɛ Awurade ayi wɔn ama.
31 For their rock is not like our Rock, even our haters themselves being judges.
Na wɔn botan nte sɛ yɛn Botan, sɛdeɛ wɔhunu no.
32 For their vine is the vine of Sodom, from the fields of Gomorrah: their grapes are the grapes of evil, and the berries are bitter:
Wɔn bobe nyini firi Sodom bobe mu firi Gomora bobe nturom. Wɔn bobe aba yɛ awuduro na wɔn siaka nso yɛ nwono.
33 Their wine is the poison of dragons, the cruel poison of snakes.
Wɔn bobesa yɛ awɔ ano borɔ; aprammire ano borɔ kɔdiawuo.
34 Is not this among my secrets, kept safe in my store-house?
“Merekora saa nneɛma yi nyinaa, asɔ ano de asie mʼadekoradan mu.
35 Punishment is mine and reward, at the time of the slipping of their feet: for the day of their downfall is near, sudden will be their fate.
Mɛtɔ awere; wɔn a ɛfata wɔn no, ɛbɛtua wɔn so ka. Ɛrenkyɛre wɔn nan bɛwatiri. Wɔn amanehunu da no bɛduru, na wɔn hyɛberɛ bɛto wɔn.”
36 For the Lord will be judge of his people, he will have pity for his servants; when he sees that their power is gone, there is no one, shut up or free.
Awurade bɛbu ne nkurɔfoɔ atɛn na wasesa nʼadwene wɔ ne nkoa ho, Ɛberɛ a wahunu sɛ wɔn ahoɔden asa, na ɛnkaa obiara, akoa anaa ɔdehyeɛ.
37 And he will say, Where are their gods, the rock in which they put their faith?
Ɔbɛbisa sɛ, “Afei wɔn anyame no wɔ he, ɔbotan a wɔde yɛɛ wɔn dwanekɔbea no,
38 Who took the fat of their offerings, and the wine of their drink offering? Let them now come to your help, let them be your salvation.
anyame a wɔdii wɔn afɔrebɔdeɛ mu sradeɛ no na wɔnom wɔn afɔrebɔdeɛ mu nsã no? Ma saa anyame no nsɔre mmɛboa mo! Ma wɔnyɛ mo dwanekɔbea!
39 See now, I myself am he; there is no other god but me: giver of death and life, wounding and making well: and no one has power to make you free from my hand.
“Afei, monhunu sɛ, me ara me ne no! Onyame biara nni hɔ sɛ me! Me na mekum na mema nkwa: Me na mepira, na mesa; obi ntumi nnye wo mfiri me nsam.
40 For lifting up my hand to heaven I say, By my unending life,
Afei, mepagya me nsa kyerɛ soro Ka sɛ: Sɛ mete ase yi,
41 If I make sharp my shining sword, and my hand is outstretched for judging, I will give punishment to those who are against me, and their right reward to my haters.
Sɛ mese mʼakofena a ɛpa yerɛ yerɛ ano na mefiri atemmuo ase a, mɛtɔ mʼatamfoɔ so awere na matua wɔn a wɔtan me so ka.
42 I will make my arrows red with blood, my sword will be feasting on flesh, with the blood of the dead and the prisoners, of the long-haired heads of my haters.
Mɛma me bɛmma anom mogya abo, na mʼakofena asɛe honam, atɔfoɔ ne nnommumfoɔ mogya, ne atamfoɔ ntuanofoɔ tiri.”
43 Be glad, O you his people, over the nations; for he will take payment for the blood of his servants, and will give punishment to his haters, and take away the sin of his land, for his people.
Ao ɔsorosoro, mo ne no nni ahurisie, ɛfiri sɛ, ɔbɛtɔ nʼasomfoɔ mogya so were. Ɔbɛtɔ nʼatamfoɔ so awere na wadwira nʼasase ne ne nkurɔfoɔ ho.
44 So Moses said all the words of this song in the hearing of the people, he and Hoshea, the son of Nun.
Mose ne Nun babarima Hosea baeɛ bɛkaa dwom yi mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ nnipa no.
45 And after saying all this to the people,
Mose wiee saa dwom no mu nsɛm no ka no,
46 Moses said to them, Let the words which I have said to you today go deep into your hearts, and give orders to your children to do every word of this law.
ɔka kaa ho sɛ, “Momfa nsɛm a maka akyerɛ mo no nyinaa nsie mo akoma mu. Monka nkyerɛ mo mma nso sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛdi emu asɛm biara so sɛ mmara.
47 And this is no small thing for you, but it is your life, and through this you may make your days long in the land which you are going over Jordan to take for your heritage.
Saa nkyerɛkyerɛ yi nyɛ nsɛm bi kwa, ɛyɛ mo nkwa! Sɛ modi so a, mo nkwa nna bɛware wɔ asase a moretwa Asubɔnten Yordan akɔtena so no so.”
48 That same day the Lord said to Moses,
Ɛda no ara, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
49 Go up into this mountain of Abarim, to Mount Nebo in the land of Moab opposite Jericho; there you may see the land of Canaan, which I am giving to the children of Israel for their heritage:
“Kɔ Moab, kɔ mmepɔ a ɛwɔ asuo no apueeɛ no so, na foro Nebo bepɔ a ɛne Yeriko di nhwɛanim no. To wʼani hwɛ Kanaan asase no, asase a mede rema Israelfoɔ sɛ wɔn agyapadeɛ no.
50 And let death come to you on the mountain where you are going, and be put to rest with your people; as death came to Aaron, your brother, on Mount Hor, where he was put to rest with his people:
Ɛhɔ na wobɛwu wɔ bepɔ no so, na woakɔka wʼagyanom ho, sɛdeɛ wo nua Aaron wuu wɔ Hor bepɔ so kɔkaa nʼagyanom ho no.
51 Because of your sin against me before the children of Israel at the waters of Meribath Kadesh in the waste land of Zin; because you did not keep my name holy among the children of Israel.
Ɛfiri sɛ, mo baanu dii me hwammɔ wɔ Israelfoɔ mu wɔ Meriba ne Kades asuo ho wɔ Sin ɛserɛ so. Moanni me kronkronyɛ ho adanseɛ ankyerɛ Israelfoɔ no wɔ hɔ.
52 So you will see the land before you, but you will not go into the land which I am giving to the children of Israel.
Ɛno enti, mobɛhunu asase no afiri akyiri, nanso mo nan rensi asase a mede rema Israelfoɔ no so.”

< Deuteronomy 32 >