< Numbers 21 >

1 And the Canaanite, the king of Arad, who dwelt in the South, heard tell that Israel came by the way of Atharim; and he fought against Israel, and took some of them captive.
Arad hene a ɔyɛ Kanaanni a ɔte Negeb tee sɛ Israelfo nam Atarim kwan so reba no, ɔboaboaa nʼakofo ano kɔtow hyɛɛ Israelfo no so kyekyeree ebinom nnommum.
2 And Israel vowed a vow unto Jehovah, and said, If thou wilt indeed deliver this people into my hand, then I will utterly destroy their cities.
Afei, Israelfo no kaa ntam kyerɛɛ Awurade se, “Sɛ wode saa nnipa yi bɛhyɛ yɛn nsa a, anka yebegu wɔn nkurow akɛse no.”
3 And Jehovah hearkened to the voice of Israel, and delivered up the Canaanites; and they utterly destroyed them and their cities: and the name of the place was called Hormah.
Awurade tiee wɔn adesrɛ no na ɔde Kanaanfo no maa wɔn. Israelfo no sɛee wɔn ne wɔn nkurow akɛse pasaa; wɔtoo hɔ din Horma a ase ne “Ɔsɛe.”
4 And they journeyed from mount Hor by the way to the Red Sea, to compass the land of Edom: and the soul of the people was much discouraged because of the way.
Afei, Israelfo no fii Bepɔw Hor so de wɔn ani kyerɛɛ Po Kɔkɔɔ sɛ wobetwa dantaban afa Edom ho. Nanso wɔrekɔ no nipa no aba mu bui;
5 And the people spake against God, and against Moses, Wherefore have ye brought us up out of Egypt to die in the wilderness? for there is no bread, and there is no water; and our soul loatheth this light bread.
wonwiinwii tiaa Onyankopɔn ne Mose se, “Adɛn nti na moayi yɛn afi Misraim de yɛn aba sɛ yemmewuwu wɔ sare yi so? Aduan nni ha! Nsu nni ha! Yɛmpɛ saa awerɛhow aduan yi!”
6 And Jehovah sent fiery serpents among the people, and they bit the people; and much people of Israel died.
Enti, Awurade maa awɔ a wɔn ano wɔ bɔre yiye kɔkekaa wɔn mu bebree ma wowuwui.
7 And the people came to Moses, and said, We have sinned, because we have spoken against Jehovah, and against thee; pray unto Jehovah, that he take away the serpents from us. And Moses prayed for the people.
Na nnipa no baa Mose nkyɛn bɛsrɛɛ se, “Yɛayɛ bɔne, efisɛ yɛakasa atia Awurade ne wo. Bɔ mpae kyerɛ Awurade na awɔ no nkɔ.” Enti Mose bɔɔ mpae maa nnipa no.
8 And Jehovah said unto Moses, Make thee a fiery serpent, and set it upon a standard: and it shall come to pass, that every one that is bitten, when he seeth it, shall live.
Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Fa kɔbere yɛ saa awɔ yi mu baako sɛso na fa no sɛn abaa tenten bi so, na sɛ awɔ no bi ka obi na ɔhwɛ no a, ɔrenwu.”
9 And Moses made a serpent of brass, and set it upon the standard: and it came to pass, that if a serpent had bitten any man, when he looked unto the serpent of brass, he lived.
Enti Mose yɛɛ ɔwɔ sɛso no, de sɛn dua tenten so. Na obiara a ɔwɔ no bi bɛka no no, sɛ ɔma nʼani so hwɛ no a, onwu.
10 And the children of Israel journeyed, and encamped in Oboth.
Israelfo no fi hɔ no, wɔtoaa wɔn akwantu no so kɔɔ Obot kɔtenaa hɔ.
11 And they journeyed from Oboth, and encamped at Iye-abarim, in the wilderness which is before Moab, toward the sunrising.
Afei, wɔtoaa so kɔɔ Iye-Haabarim wɔ sare so wɔ Moab apuei fam.
12 From thence they journeyed, and encamped in the valley of Zered.
Wofi hɔ no, wɔtoaa so kɔɔ asuwa Sered Subon mu kɔbɔɔ atenae wɔ hɔ.
13 From thence they journeyed, and encamped on the other side of the Arnon, which is in the wilderness, that cometh out of the border of the Amorites: for the Arnon is the border of Moab, between Moab and the Amorites.
Afei, wotu fii hɔ kɔɔ Asubɔnten Arnon nkyɛn hɔ baabi a wɔne Amorifo bɔ hye. Asubɔnten Arnon na ɛyɛ ɔhye a ɛda Moabfo ne Amorifo ntam.
14 Wherefore it is said in the book of the Wars of Jehovah, Vaheb in Suphah, And the valleys of the Arnon,
Ɛno nti na, wɔka wɔ Awurade akodi nhoma no mu se, asubɔnten Arnon subon ne kurow Waheb
15 And the slope of the valleys That inclineth toward the dwelling of Ar, And leaneth upon the border of Moab.
da Amorifo ne Moabfo ntam.
16 And from thence [they journeyed] to Beer: that is the well whereof Jehovah said unto Moses, Gather the people together, and I will give them water.
Israelfo no fi hɔ toaa wɔn akwantu no so kɔɔ Beer a ase ne “Abura.” Ɛha na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Frɛfrɛ nnipa no nyinaa bra na mɛma wɔn nsu.”
17 Then sang Israel this song: Spring up, O well; sing ye unto it:
Ɛhɔ na Israelfo too dwom yi, “Tue Ao, Abura! To ho dwom!
18 The well, which the princes digged, Which the nobles of the people delved, With the sceptre, [and] with their staves. And from the wilderness [they journeyed] to Mattanah;
To dwom fa abura a mmapɔmma tutu no ho, sɛ nnipa mu akunini na wotitii mu; akunini a wokura ahempeaw ne pema.” Afei, Israelfo no fii sare no so kɔfaa Matana,
19 and from Mattanah to Nahaliel; and from Nahaliel to Bamoth;
Nahaliel ne Bamot,
20 and from Bamoth to the valley that is in the field of Moab, to the top of Pisgah, which looketh down upon the desert.
na wɔkɔɔ Pisga atifi a ɛwɔ Moab bon no mu, baabi a wugyina a wuhu asase tamaa no.
21 And Israel sent messengers unto Sihon king of the Amorites, saying,
Israelfo no tuu abɔfo ma wɔde nkra kɔmaa Amorihene Sihon se:
22 Let me pass through thy land: we will not turn aside into field, or into vineyard; we will not drink of the water of the wells: we will go by the king’s highway, until we have passed thy border.
“Momma yentwa mu mfa mo man yi mu. Yɛbɛfa ɔtempɔn no so tee, na yɛremfi so kosi sɛ yɛbɛtra mo hye. Yɛrentiatia mo nnɔbae so, yɛremfa yɛn nsa nka mo bobe nturo, na yɛrennom mo abura mu nsu kosi sɛ yebefi mo man no mu.”
23 And Sihon would not suffer Israel to pass through his border: but Sihon gathered all his people together, and went out against Israel into the wilderness, and came to Jahaz; and he fought against Israel.
Nanso ɔhene Sihon ampene so. Na mmom, ɔboaboaa nʼakofo ano kɔtow hyɛɛ Israelfo no so wɔ sare so hɔ ne wɔn koo wɔ Yahas.
24 And Israel smote him with the edge of the sword, and possessed his land from the Arnon unto the Jabbok, even unto the children of Ammon; for the border of the children of Ammon was strong.
Nanso Israelfo no kunkum wɔn faa wɔn asase a efi Asubɔnten Arnon kosi asu Yabok ho toaa so kosii Amorifo ahye so a na bammɔ wɔ hɔ no.
25 And Israel took all these cities: and Israel dwelt in all the cities of the Amorites, in Heshbon, and in all the towns thereof.
Israelfo no faa Amorifo no nkurow akɛse nyinaa a Hesbon kuropɔn ne ne nkuraase nyinaa ka ho tenaa mu.
26 For Heshbon was the city of Sihon the king of the Amorites, who had fought against the former king of Moab, and taken all his land out of his hand, even unto the Arnon.
Na Hesbon yɛ Amorihene Sihon kuropɔn. Sihon na da bi ɔko tiaa Moabhene faa ne nsase nyinaa besii Asubɔnten Arnon no.
27 Wherefore they that speak in proverbs say, Come ye to Heshbon; Let the city of Sihon be built and established:
Ne saa nti, tete anwensɛm kyerɛwfo kyerɛw eyi faa ne ho se, “Bra Hesbon, Sihon kuropɔn, yɛnkyekye na ensi ne dedaw mu.
28 For a fire is gone out of Heshbon, A flame from the city of Sihon: It hath devoured Ar of Moab, The lords of the high places of the Arnon.
“Ogya turuw fii Hesbon Ogyaframa fii Sihon ahenkurow mu, Ɛhyew Ar kuropɔn a ɛwɔ Moab; ɛsɛee kurowmma a wɔwɔ Arnon mmepɔw so.
29 Woe to thee, Moab! Thou art undone, O people of Chemosh: He hath given his sons as fugitives, And his daughters into captivity, Unto Sihon king of the Amorites.
Ao Moabfo, mo sɛe bɛba mu! Wɔawie mo, mo a mosom Kemos! Wagyaw ne mmabarima sɛ atutenafo, Ne ne mmabea sɛ Amorihene Sihon nnommum.
30 We have shot at them; Heshbon is perished even unto Dibon, And we have laid waste even unto Nophah, Which [reacheth] unto Medeba.
“Yɛatu wɔn agu, efi Hesbon tɔnn kosi Dibon. Yɛasɛe wɔn ara akosi Nofa De kɔ ara kosi Medeba.”
31 Thus Israel dwelt in the land of the Amorites.
Enti Israelfo no tenaa Amorifo asase no so.
32 And Moses sent to spy out Jazer; and they took the towns thereof, and drove out the Amorites that were there.
Mose somaa akwansrafo sɛ wɔnkɔsrasra Yaser fa mu hɔ. Ɔde asraafo toaa wɔn, faa wɔn nkurow nyinaa, pam Amorifo no.
33 And they turned and went up by the way of Bashan: and Og the king of Bashan went out against them, he and all his people, to battle at Edrei.
Afei, wɔde wɔn ani kyerɛɛ kurow kɛse Basan, nanso Basanhene Og de nʼasraafo hyiaa wɔn wɔ Edrei.
34 And Jehovah said unto Moses, Fear him not: for I have delivered him into thy hand, and all his people, and his land; and thou shalt do to him as thou didst unto Sihon king of the Amorites, who dwelt at Heshbon.
Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Nsuro no, efisɛ mede nʼasraafo ne nʼasase nyinaa ahyɛ wo nsa. Yɛ no sɛnea woyɛɛ Amorihene Sihon a odii Hesbon so no.”
35 So they smote him, and his sons and all his people, until there was none left him remaining: and they possessed his land.
Israelfo dii nkonim na wokum ɔhene Og ne ne mmabarima ne ne nkurɔfo nyinaa a anka wɔn mu baako mpo. Na Israelfo no faa nʼasase no.

< Numbers 21 >