< Joshua 9 >

1 And it came to pass, when all the kings that were beyond the Jordan, in the hill-country, and in the lowland, and on all the shore of the great sea in front of Lebanon, the Hittite, and the Amorite, the Canaanite, the Perizzite, the Hivite, and the Jebusite, heard thereof;
Afei, ahemfo a wɔwɔ Yordan atɔe fam no nyinaa tee nsɛm a asisi. Eyinom ne Hetifo, Amorifo, Kanaanfo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo ahemfo a na wɔtete mmepɔw nsase a ɛwɔ atɔe fam mmepɔw no ase ne Po Kɛse no mpoano kosi Lebanon atifi fam mmepɔw no so tɔnn.
2 that they gathered themselves together, to fight with Joshua and with Israel, with one accord.
Saa ahemfo yi boaa wɔn nsraadɔm ano ntɛm so sɛ wɔbɛko atia Yosua ne Israelfo.
3 But when the inhabitants of Gibeon heard what Joshua had done unto Jericho and to Ai,
Nanso Gibeonfo tee asɛm a ato Yeriko ne Ai no,
4 they also did work wilily, and went and made as if they had been ambassadors, and took old sacks upon their asses, and wine-skins, old and rent and bound up,
wɔfaa nnaadaa kwan so de gyee wɔn ho nkwa. Wɔsomaa ananmusifo kɔɔ Yosua nkyɛn. Wɔde nkotoku a atetew ne mmoa nhoma nsa nkotoku a ayɛ dedaw na wɔatetare mu soaa wɔn mfurum.
5 and old and patched shoes upon their feet, and old garments upon them; and all the bread of their provision was dry and was become mouldy.
Wɔhyehyɛɛ ntade dedaw ne mpaboa a akyɛ na wɔapempam. Afei wɔfaa brodo a abɔ ntuw sɛ wɔn aduan.
6 And they went to Joshua unto the camp at Gilgal, and said unto him, and to the men of Israel, We are come from a far country: now therefore make ye a covenant with us.
Woduu Israelfo atenae wɔ Gilgal no, wɔka kyerɛɛ Yosua ne Israel mmarima no se, “Yefi akyirikyiri man bi so na aba rebɛsrɛ mo sɛ mo ne yɛn nyɛ asomdwoe apam.”
7 And the men of Israel said unto the Hivites, Peradventure ye dwell among us; and how shall we make a covenant with you?
Israelfo no buaa saa Hewifo yi sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na yɛahu sɛ monnte mmɛn ha? Efisɛ sɛ ɛte saa a, yɛrentumi ne mo nnyɛ apam.”
8 And they said unto Joshua, We are thy servants. And Joshua said unto them, Who are ye? and from whence come ye?
Wobuae se, “Yɛbɛyɛ mo asomfo.” Yosua bisaa wɔn se, “Moyɛ ɛhefo na mufi he?”
9 And they said unto him, From a very far country thy servants are come because of the name of Jehovah thy God: for we have heard the fame of him, and all that he did in Egypt,
Wobuaa se, “Yefi akyirikyiri asase bi so. Yɛate Awurade, mo Nyankopɔn no kɛseyɛ ne nea ɔyɛɛ wɔ Misraim nyinaa.
10 and all that he did to the two kings of the Amorites, that were beyond the Jordan, to Sihon king of Heshbon, and to Og king of Bashan, who was at Ashtaroth.
Afei yɛate nea ɔyɛɛ Amorifo ahemfo baanu wɔ Asubɔnten Yordan apuei fam, Hesbonhene Sihon ne Basanhene Og (a ɔtenaa Astarot no).
11 And our elders and all the inhabitants of our country spake to us, saying, Take provision in your hand for the journey, and go to meet them, and say unto them, We are your servants: and now make ye a covenant with us.
Ɛno nti, yɛn mpanyimfo ne ɔmanfo no ka kyerɛɛ yɛn ɔhyɛ so sɛ, ‘Munsiesie mo ho mma akwantu tenten. Munkohyia Israelfo na mompae mu nka se “Yɛn nkurɔfo bɛyɛ wɔn asomfo na mompere asomdwoe.”’
12 This our bread we took hot for our provision out of our houses on the day we came forth to go unto you; but now, behold, it is dry, and is become mouldy:
Yɛresi mu no, na brodo yi yɛ hyerehyere a efi fonoo mu. Nanso sɛnea muhu no, akyenkyen na abɔ ntuw.
13 and these wine-skins, which we filled, were new; and, behold, they are rent: and these our garments and our shoes are become old by reason of the very long journey.
Saa mmoa nhoma nsa nkotoku yi, bere a yɛde nsa guu mu no na ɛyɛ foforo, nanso mprempren, apaapae ayɛ dedaw. Na yɛn ntade ne mpaboa nso, esiane akwantu tenten nti, atetew.”
14 And the men took of their provision, and asked not counsel at the mouth of Jehovah.
Enti Israelfo no hwehwɛɛ wɔn brodo no ho nanso wɔammisa Awurade.
15 And Joshua made peace with them, and made a covenant with them, to let them live: and the princes of the congregation sware unto them.
Yosua kɔɔ so ne wɔn yɛɛ asomdwoe apam no na Israel mpanyimfo no kekaa ntam a emu yɛ den nam so gye too mu.
16 And it came to pass at the end of three days after they had made a covenant with them, that they heard that they were their neighbors, and that they dwelt among them.
Nnansa akyi no, nokware no daa adi sɛ saa nnipa a wɔyɛ Gibeonfo no te bɛn.
17 And the children of Israel journeyed, and came unto their cities on the third day. Now their cities were Gibeon, and Chephirah, and Beeroth, and Kiriath-jearim.
Enti Israelfo no anna so koraa na wɔyɛɛ sɛ wɔbɛyɛ nhwehwɛmu. Nnansa akyi no woduu wɔn nkurow no so. Saa nkurow no ne Gibeon, Kefira, Beerot ne Kiriat-Yearim.
18 And the children of Israel smote them not, because the princes of the congregation had sworn unto them by Jehovah, the God of Israel. And all the congregation murmured against the princes.
Nanso Israelfo no antow anhyɛ nkurow no so, efisɛ na wɔn mpanyimfo aka ntam akyerɛ Awurade, Israel Nyankopɔn. Esiane Apam no nti, Israelfo no nwiinwii hyɛɛ wɔn mpanyimfo no.
19 But all the princes said unto all the congregation, We have sworn unto them by Jehovah, the God of Israel: now therefore we may not touch them.
Na mpanyimfo no buae se, “Yɛaka ntam wɔ Awurade, Israel Nyankopɔn anim. Yɛrentumi mfa yɛn nsa nka wɔn.
20 This we will do to them, and let them live; lest wrath be upon us, because of the oath which we sware unto them.
Ɛsɛ sɛ yɛma wɔtena. Sɛ yebu yɛn ntam no so a, Onyankopɔn bo befuw yɛn.
21 And the princes said unto them, Let them live: so they became hewers of wood and drawers of water unto all the congregation, as the princes had spoken unto them.
Momma wɔntena. Nanso, yɛbɛma wɔabu nnua, akɔ asu ama asafo no nyinaa.” Enti Israelfo no dii bɔ a wɔahyɛ Gibeonfo no so.
22 And Joshua called for them, and he spake unto them, saying, Wherefore have ye beguiled us, saying, We are very far from you; when ye dwell among us?
Na Yosua frɛɛ Gibeonfo mpanyimfo no bisaa wɔn se, “Adɛn nti na mutwaa atoro kyerɛɛ yɛn? Adɛn nti na mokaa se mote akyirikyiri asase so wɔ bere a mote yɛn mu pɛɛ?
23 Now therefore ye are cursed, and there shall never fail to be of you bondmen, both hewers of wood and drawers of water for the house of my God.
Nnome mmra mo so! Efi nnɛ rekɔ, mubebu nnua, atwe nsu de akɔ me Nyankopɔn fi.”
24 And they answered Joshua, and said, Because it was certainly told thy servants, how that Jehovah thy God commanded his servant Moses to give you all the land, and to destroy all the inhabitants of the land from before you; therefore we were sore afraid for our lives because of you, and have done this thing.
Wobuaa Yosua se, “Yɛyɛɛ saa, efisɛ wɔka kyerɛɛ yɛn se, Awurade, mo Nyankopɔn hyɛɛ ne somfo Mose sɛ ɔmmɛko nni saa asase yi nyinaa so na ɔnsɛe nnipa a wɔte so nyinaa. Yesuroo sɛ mubekunkum yɛn. Ɛno nti na ɛma yɛyɛɛ saa.
25 And now, behold, we are in thy hand: as it seemeth good and right unto thee to do unto us, do.
Mprempren yɛdan mo. Nea mususuw sɛ eye ma mo biara no, monyɛ.”
26 And so did he unto them, and delivered them out of the hand of the children of Israel, that they slew them not.
Yosua amma Israelfo no ankum wɔn.
27 And Joshua made them that day hewers of wood and drawers of water for the congregation, and for the altar of Jehovah, unto this day, in the place which he should choose.
Na ɛda no, ɔmaa Gibeonfo no yɛɛ nnuabufo ne asukɔfo maa Israelfo ne Awurade afɔremuka no wɔ baabiara a Awurade bɛka sɛ wonsi no no. Saa nhyehyɛe no wɔ hɔ de besi nnɛ.

< Joshua 9 >