< Hosea 10 >

1 Israel is a luxuriant vine, that putteth forth his fruit: according to the abundance of his fruit he hath multiplied his altars; according to the goodness of their land they have made goodly pillars.
Israel yɛɛ bobe a ɛtrɛtrɛw; ɔsow aba maa ne ho. Bere a nʼaba redɔɔso no, osisii afɔremuka bebree; nʼasase rekɔ so yɛ yiye no osiesie nʼabosom dum kronkron no.
2 Their heart is divided; now shall they be found guilty: he will smite their altars, he will destroy their pillars.
Nnaadaasɛm wɔ wɔn koma mu, nti ɛsɛ sɛ wonya wɔn afɔdi so asotwe. Awurade bebubu wɔn afɔremuka, na wasɛe wɔn abosom dum kronkron no.
3 Surely now shall they say, We have no king; for we fear not Jehovah; and the king, what can he do for us?
Afei, wɔbɛka se, “Yenni ɔhene, efisɛ, yɛamfa nidi amma Awurade. Mpo sɛ na yɛwɔ ɔhene koraa a, dɛn na anka obetumi ayɛ ama yɛn?”
4 They speak [vain] words, swearing falsely in making covenants: therefore judgment springeth up as hemlock in the furrows of the field.
Wɔhyɛ bɔ ahorow bebree, wɔka ntamhunu na wɔyɛ apam ahorow; ɛno nti mansotwe sɔresɔre te sɛ wura a bɔre wɔ mu a afifi asase a wɔafuntum so so.
5 The inhabitants of Samaria shall be in terror for the calves of Beth-aven; for the people thereof shall mourn over it, and the priests thereof that rejoiced over it, for the glory thereof, because it is departed from it.
Nnipa a wɔte Samaria no suro ma Bet-Awen nantwi ba ohoni no. Ne nkurɔfo besu. Saa ara na nʼakɔmfo nso bɛyɛ, wɔn a wogyee wɔn ani wɔ nʼanuonyam ho no. Efisɛ wɔafa no afi wɔn nkyɛn kɔ nnommum mu.
6 It also shall be carried unto Assyria for a present to king Jareb: Ephraim shall receive shame, and Israel shall be ashamed of his own counsel.
Wɔde no bɛkɔ Asiria, de akɔhyɛ ɔhene kɛse no anuonyam. Ebegu Efraim anim ase; na Israel ani bewu wɔ ne nnua ahoni ho.
7 [As for] Samaria, her king is cut off, as foam upon the water.
Samaria na ne hene bɛsen akɔ te sɛ abaa a ɛtɛn nsu ani.
8 The high places also of Aven, the sin of Israel, shall be destroyed: the thorn and the thistle shall come up on their altars; and they shall say to the mountains, Cover us; and to the hills, Fall on us.
Wɔbɛsɛe abosonnan a wodi awurukasɛm ne bɔne wɔ mu no. Nsɔe ne nnɛnkyɛnse befifi hɔ, na akata wɔn afɔremuka so. Afei wɔbɛka akyerɛ mmepɔw se, “Mommɛkata yɛn so!” na wase nkoko se, “Munnwiriw ngu yɛn so!”
9 O Israel, thou hast sinned from the days of Gibeah: there they stood; the battle against the children of iniquity doth not overtake them in Gibeah.
“Efi Gibea bere so, woayɛ bɔne, Israel, na hɔ na woaka. Na ɔko rentwiw amfa amumɔyɛfo a wɔwɔ Gibea no so ana?
10 When it is my desire, I will chastise them; and the peoples shall be gathered against them, when they are bound to their two transgressions.
Bere a mepɛ no, mɛtwe wɔn aso; aman bɛboaboa wɔn ho ano atia wɔn. Wɔde mpokyerɛ begu wɔn wɔ wɔn bɔne dodow ho.
11 And Ephraim is a heifer that is taught, that loveth to tread out [the grain]; but I have passed over upon her fair neck: I will set a rider on Ephraim; Judah shall plow, Jacob shall break his clods.
Efraim yɛ nantwi ba a wɔayɛn no, a ɔpɛ awiporowbea adwuma, enti mede konnua bɛto ne kɔn fɛɛfɛ mu. Mɛkyerɛ Efraim ɔkwan, ɛsɛ sɛ Yuda funtum asase no, na Yakob nso siesie so.
12 Sow to yourselves in righteousness, reap according to kindness; break up your fallow ground; for it is time to seek Jehovah, till he come and rain righteousness upon you.
Dua trenee aba ma wo ho, twa ɔdɔ aba a ɛtena hɔ daa, siesie wʼasase a womfuntumii so no; na bere adu sɛ wohwehwɛ Awurade, kosi sɛ ɔbɛba abɛpete trenee agu wo so.
13 Ye have plowed wickedness, ye have reaped iniquity; ye have eaten the fruit of lies; for thou didst trust in thy way, in the multitude of thy mighty men.
Nanso woadua atirimɔden aba, na woatwa aba bɔne. Woadi nnaadaa aba. Efisɛ wode wo ho ato wʼahoɔden ne wʼakofo bebrebe no so,
14 Therefore shall a tumult arise among thy people, and all thy fortresses shall be destroyed, as Shalman destroyed Beth-arbel in the day of battle: the mother was dashed in pieces with her children.
ɔko mu huuyɛ bɛsɔre atia wo nkurɔfo, na wʼaban nyinaa bɛsɛe, sɛnea Salman sɛee Bet Arbel ɔko da no, da a wɔde ɛnanom ne wɔn mma hwehwee fam no.
15 So shall Beth-el do unto you because of your great wickedness: at daybreak shall the king of Israel be utterly cut off.
Saa ara na ɛbɛba wo so, Bet-El, efisɛ wʼatirimɔdensɛm no dɔɔso. Sɛ da no du a, Wɔbɛsɛe Israelhene no koraa.

< Hosea 10 >