< Genesis 9 >

1 And God blessed Noah and his sons, and said unto them, Be fruitful, and multiply, and replenish the earth.
Afei, Onyankopɔn hyiraa Noa ne ne mmabarima no ka kyerɛɛ wɔn se, “Monwo, na monyɛ bebree nhyɛ asase so ma.
2 And the fear of you and the dread of you shall be upon every beast of the earth, and upon every bird of the heavens; with all wherewith the ground teemeth, and all the fishes of the sea, into your hand are they delivered.
Mo ho hu ne mo ho suro bɛtɔ mmoa a wɔwɔ asase so nyinaa ne wim nnomaa nyinaa ne abɔde a wɔwɔ asase so ne nsu mu mpataa nyinaa so. Wɔn nyinaa hyɛ mo nsa.
3 Every moving thing that liveth shall be food for you; as the green herb have I given you all.
Biribiara a nkwa wɔ mu, na ɛkeka ne ho no bɛyɛ mo aduan. Sɛnea mede nhabammono hyɛɛ mo nsa no, afei de, mede biribiara ma mo.
4 But flesh with the life thereof, [which is] the blood thereof, shall ye not eat.
“Nanso ɛnsɛ sɛ mowe aboa a wontwaa ne mene mmaa ne mogya no ngui no nam.
5 And surely your blood, [the blood] of your lives, will I require; at the hand of every beast will I require it: and at the hand of man, even at the hand of every man’s brother, will I require the life of man.
Na wo nkwa de, nea ɛbɛyɛ biara, mebisa ho akontaabu. Onipa a okum ne yɔnko nipa no, mebisa no ho asɛm. Mpo, aboa biara a obekum onipa no, mewɔ saa aboa no nso asɛmmisa. Mebisa onipa kra ho asɛm.
6 Whoso sheddeth man’s blood, by man shall his blood be shed: for in the image of God made he man.
“Obiara a ohwie onipa mogya gu no, onipa so na wɔnam behwie ɔno nso mogya agu, efisɛ Onyankopɔn no ara sɛso na ɔbɔɔ onipa.
7 And you, be ye fruitful, and multiply; bring forth abundantly in the earth, and multiply therein.
Mo de, monwo, na monyɛ bebree. Mo ase mfɛe wɔ asase so, na monnɔɔso.”
8 And God spake unto Noah, and to his sons with him, saying,
Afei, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa ne ne mmabarima a wɔka ne ho no se,
9 And I, behold, I establish my covenant with you, and with your seed after you;
“Nnɛ, me ne mo ne mo asefo a wɔbɛwo wɔn no
10 and with every living creature that is with you, the birds, the cattle, and every beast of the earth with you; of all that go out of the ark, even every beast of the earth.
ne abɔde biara a nkwa wɔ mu a na wɔwɔ mo nkyɛn wɔ Adaka no mu yɛ apam: nnomaa, nyɛmmoa ne wuram mmoa a wɔne mo fi Adaka no mu bae no nyinaa, ne abɔde biara a nkwa wɔ mu a wɔwɔ asase so.
11 And I will establish my covenant with you; neither shall all flesh be cut off any more by the waters of the flood; neither shall there any more be a flood to destroy the earth.
Me ne mo yɛ mʼapam sɛ: Meremfa nsuyiri nsɛe abɔde biara a nkwa wɔ mu a ɛwɔ asase so. Saa ara nso na meremfa nsuyiri nsɛe asase bio da.”
12 And God said, This is the token of the covenant which I make between me and you and every living creature that is with you, for perpetual generations:
Na Onyankopɔn kae se, “Eyi ne apam a me, Onyankopɔn, ne mo ne abɔde a nkwa wɔ mu biara a wɔka mo ho no ne nkyirimma nyinaa reyɛ no ho nsɛnkyerɛnne.
13 I do set my bow in the cloud, and it shall be for a token of a covenant between me and the earth.
Mato me nyankontɔn wɔ omununkum mu. Ɛno na ɛbɛyɛ apam a ɛbɛda me ne asase ntam.
14 And it shall come to pass, when I bring a cloud over the earth, that the bow shall be seen in the cloud,
Bere biara a mede omununkum bɛba asase ani, na sɛ nyankontɔn pue wɔ omununkum no mu a,
15 and I will remember my covenant, which is between me and you and every living creature of all flesh; and the waters shall no more become a flood to destroy all flesh.
mɛkae mʼapam a ɛda me ne mo ne abɔde a nkwa wɔ mu ahorow no nyinaa ntam. Nsuyiri a ɛbɛsɛe abɔde a nkwa wɔ mu no nyinaa remma da biara da bio.
16 And the bow shall be in the cloud; and I will look upon it, that I may remember the everlasting covenant between God and every living creature of all flesh that is upon the earth.
Bere biara a nyankontɔn bɛto wɔ omununkum mu no, mehu na makae apam a ɛwɔ hɔ daa a ɛda me, Onyankopɔn, ne abɔde a nkwa wɔ mu ahorow nyinaa a wɔwɔ asase yi so no ntam no.”
17 And God said unto Noah, This is the token of the covenant which I have established between me and all flesh that is upon the earth.
Enti Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa se, “Eyi ne apam a me ne abɔde biara a nkwa wɔ mu a wɔwɔ asase yi so ayɛ no ho nsɛnkyerɛnne.”
18 And the sons of Noah, that went forth from the ark, were Shem, and Ham, and Japheth: and Ham is the father of Canaan.
Eyinom ne Noa mmabarima a wofi Adaka no mu bae: Sem, Ham ne Yafet. Ham na ɔwoo Kanaan.
19 These three were the sons of Noah: and of these was the whole earth overspread.
Eyinom ne Noa mmabarima. Wɔn mu na nnipa a wɔahwete wɔ asase so nyinaa fi bae.
20 And Noah began to be a husbandman, and planted a vineyard:
Noa yɛ okuafo a odii kan. Ɔyɛɛ bobeturo.
21 and he drank of the wine, and was drunken; and he was uncovered within his tent.
Da bi, ɔnom bobesa no bi bow ma ɔdaa ne ntamadan mu adagyaw.
22 And Ham, the father of Canaan, saw the nakedness of his father, and told his two brethren without.
Ham a ɔwoo Kanaan no kɔtoo nʼagya Noa sɛ ɔda adagyaw. Ofii hɔ no, ɔkɔbɔɔ ne nuabarimanom baanu no amanneɛ.
23 And Shem and Japheth took a garment, and laid it upon both their shoulders, and went backward, and covered the nakedness of their father; and their faces were backward, and they saw not their father’s nakedness.
Enti Sem ne Yafet faa atade de guu wɔn mmati so, kɔɔ nkyirinkyiri de kɔkataa wɔn agya adagyaw so. Na wɔn ani nkyerɛ wɔn agya nti, wɔanhu nʼadagyaw mu.
24 And Noah awoke from his wine, and knew what his youngest son had done unto him.
Bere a Noa ani so tetew no, na ohuu sɛnea ne kaakyiri no ayɛ no,
25 And he said, Cursed be Canaan; A servant of servants shall he be unto his brethren.
ɔkae se, “Nnome nka Ham asefo a wɔyɛ Kanaanfo. Wɔbɛyɛ wɔn nuanom mu nkoa mu nkoa.”
26 And he said, Blessed be Jehovah, the God of Shem; And let Canaan be his servant.
Noa kaa bio se, “Me nhyira a efi Awurade, me Nyankopɔn, nkyɛn no nka Sem! Kanaan nyɛ Sem akoa.
27 God enlarge Japheth, And let him dwell in the tents of Shem; And let Canaan be his servant.
Onyankopɔn ntrɛw Yafet ase ne nʼasase mu. Yafet ntena Sem ntamadan mu, na Kanaan nyɛ nʼakoa.”
28 And Noah lived after the flood three hundred and fifty years.
Nsuyiri no akyi no, Noa tenaa ase mfe ahaasa ne aduonum.
29 And all the days of Noah were nine hundred and fifty years: and he died.
Noa dii mfe ahankron ne aduonum, ansa na ɔrewu.

< Genesis 9 >