< Psalms 24 >

1 A Psalm by David. The earth is the LORD’s, with its fullness; the world, and those who dwell in it.
Dawid dwom. Asase ne nea ɛwɔ mu nyinaa yɛ Awurade de; wiase ne wɔn a wɔte mu nyinaa wɔ no;
2 For he has founded it on the seas, and established it on the floods.
efisɛ ɔno na ɔtoo ne fapem wɔ po so na ɔde sii nsu ani.
3 Who may ascend to the LORD’s hill? Who may stand in his holy place?
Hena na obetumi aforo Awurade bepɔw no? Hena na obetumi agyina ne tenabea kronkron hɔ?
4 He who has clean hands and a pure heart; who has not lifted up his soul to falsehood, and has not sworn deceitfully.
Nea ɔyɛ ade trenee na ne koma mu tew, nea ne kra nni ahoni akyi na ɔnka ntamhunu.
5 He shall receive a blessing from the LORD, righteousness from the God of his salvation.
Obenya Awurade nsam nhyira ne bembu a efi ne Nkwagye Nyankopɔn.
6 This is the generation of those who seek Him, who seek your face—even Jacob. (Selah)
Saa na awo ntoatoaso a wɔhwehwɛ Awurade no te wɔn a wɔhwehwɛ wʼanim no, Yakob Nyankopɔn.
7 Lift up your heads, you gates! Be lifted up, you everlasting doors, and the King of glory will come in.
Mo aponkɛse, momma mo ti so; wɔmma mo so, mo tete apon, na Anuonyam Hene nhyɛn mu.
8 Who is the King of glory? The LORD strong and mighty, the LORD mighty in battle.
Hena ne saa Anuonyam Hene yi? Ɔno ne Awurade hoɔdenfo ne otumfo no Awurade a ɔyɛ ɔko mu nkonimdifo.
9 Lift up your heads, you gates; yes, lift them up, you everlasting doors, and the King of glory will come in.
Momma mo ti so, mo aponkɛse momma wɔn so, mo tete apon, na anuonyam Hene no nkɔ mu.
10 Who is this King of glory? The LORD of Armies is the King of glory! (Selah)
Hena ne saa anuonyam Hene yi? Asafo Awurade no, ɔno ne anuonyam Hene no.

< Psalms 24 >