< Psalms 10 >

1 Why do you stand far off, LORD? Why do you hide yourself in times of trouble?
Adɛn, Awurade, na wugyina akyirikyiri saa? Adɛn na wode wo ho ahintaw wɔ amanehunu mmere mu yi?
2 In arrogance, the wicked hunt down the weak. They are caught in the schemes that they devise.
Omumɔyɛfo de ahantan taataa mmɔborɔfo, wɔn a ne nneyɛe mfiri yiyi wɔn no.
3 For the wicked boasts of his heart’s cravings. He blesses the greedy and condemns the LORD.
Ɔde nea ne koma hwehwɛ hoahoa ne ho; ohyira odifudepɛfo na oyi Awurade ahi.
4 The wicked, in the pride of his face, has no room in his thoughts for God.
Ahantan nti omumɔyɛfo nhwehwɛ Awurade; ne nsusuwii mu no Onyankopɔn nsi hwee.
5 His ways are prosperous at all times. He is arrogant, and your laws are far from his sight. As for all his adversaries, he sneers at them.
Nʼakwan nyinaa mu odi yiye; ɔma ne ho so, na wo mmara mfa no ho; na odi nʼatamfo nyinaa ho fɛw.
6 He says in his heart, “I shall not be shaken. For generations I shall have no trouble.”
Ɔka kyerɛ ne ho se: “Hwee remma minhinhim; mʼani begye daa, na merenkɔ amanehunu mu da.”
7 His mouth is full of cursing, deceit, and oppression. Under his tongue is mischief and iniquity.
Nnome, atoro ne ahunahuna ahyɛ nʼanom ma; Ɔhaw ne mmusu hyɛ ne tɛkrɛma ase.
8 He lies in wait near the villages. From ambushes, he murders the innocent. His eyes are secretly set against the helpless.
Ɔtɛw bɛn nkuraa no; ofi ahintawee kum nea onnim hwee, ohintaw hwɛ wɔn a ɔrehwehwɛ wɔn ayɛ wɔn bɔne no.
9 He lurks in secret as a lion in his ambush. He lies in wait to catch the helpless. He catches the helpless when he draws him in his net.
Ɔte sɛ gyata a wahintaw; ɔtɛw sɛ ɔbɛkyere mmɔborɔni; ɔkyere wɔn twe wɔn ase de wɔn kɔ ne bon mu.
10 The helpless are crushed. They collapse. They fall under his strength.
Ɔdwerɛw wɔn a ɔkyere wɔn no ma wɔtɔ beraw; na ɔde nʼahoɔden ka wɔn hyɛ.
11 He says in his heart, “God has forgotten. He hides his face. He will never see it.”
Ɔka kyerɛ ne ho se, “Onyankopɔn werɛ afi; wayi nʼani afi so na onhu.”
12 Arise, LORD! God, lift up your hand! Do not forget the helpless.
Sɔre, Awurade! Ma wo nsa so, Onyankopɔn. Mma wo werɛ mfi wɔn a wonni aboafo.
13 Why does the wicked person condemn God, and say in his heart, “God will not call me into account”?
Adɛn nti na omumɔyɛfo yi Onyankopɔn ahi? Adɛn nti na ɔka kyerɛ ne ho se, “Ɔremfrɛ me akontaabu so?”
14 But you do see trouble and grief. You consider it to take it into your hand. You help the victim and the fatherless.
Nanso wo, Onyankopɔn, wuhu amanehunufo haw; na wayɛ wʼadwene sɛ wobɛhwɛ. Mmɔborɔni de ne ho ma wo; wo na woyɛ ayisaa boafo.
15 Break the arm of the wicked. As for the evil man, seek out his wickedness until you find none.
Bubu omumɔyɛfo ne ɔbɔnefo aprɛw; frɛ no na ommebu nʼamumɔyɛ ho nkontaa, nʼamumɔyɛ a anka wɔrenhu no.
16 The LORD is King forever and ever! The nations will perish out of his land.
Awurade yɛ ɔhene daa nyinaa; amanaman no bɛyera nʼasase so.
17 LORD, you have heard the desire of the humble. You will prepare their heart. You will cause your ear to hear,
Awurade, wutie mmɔborɔfo adesrɛ; wohyɛ wɔn nkuran, na wutie wɔn sufrɛ,
18 to judge the fatherless and the oppressed, that man who is of the earth may terrify no more.
na wudi ma ayisaa ne nea wɔhyɛ no so, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔdesani a ofi asase mu renhunahuna bio.

< Psalms 10 >