< Numbers 12 >

1 Miriam and Aaron spoke against Moses because of the Cushite woman whom he had married; for he had married a Cushite woman.
Miriam ne Aaron kasa tiaa Mose sɛ ne yere yɛ Etiopiani.
2 They said, “Has the LORD indeed spoken only with Moses? Has not he spoken also with us?” And the LORD heard it.
Wɔkae se, “Mose nko ara na Awurade akasa afa ne so ana? Na yɛn nso ɔnkasa mfa yɛn so bi ana?” Na Awurade tee wɔn anwiinwii no.
3 Now the man Moses was very humble, more than all the men who were on the surface of the earth.
Na Mose yɛ ɔhobrɛaseni sen obiara a ɔte asase yi so.
4 The LORD spoke suddenly to Moses, to Aaron, and to Miriam, “You three come out to the Tent of Meeting!” The three of them came out.
Ntɛm so, Awurade frɛɛ Mose, Aaron ne Miriam kɔɔ Ahyiae Ntamadan no mu. Ɔhyɛɛ wɔn se, “Mo baasa no mommra Ahyiae Ntamadan mu ha.” Enti wobegyinagyinaa Awurade anim.
5 The LORD came down in a pillar of cloud, and stood at the door of the Tent, and called Aaron and Miriam; and they both came forward.
Afei, Awurade nam omununkum fadum mu sian ba begyinaa Ahyiae Ntamadan no kwan ano, na ɔfrɛɛ Aaron ne Miriam. Bere a wotwiw kɔɔ wɔn anim no,
6 He said, “Now hear my words. If there is a prophet among you, I, the LORD, will make myself known to him in a vision. I will speak with him in a dream.
ɔkae se, “Muntie me nsɛm: “Sɛ odiyifo wɔ mo mu a, Me, Awurade, menam anisoadehu so da me ho adi kyerɛ no, me kasa kyerɛ no wɔ dae mu.
7 My servant Moses is not so. He is faithful in all my house.
Nanso ɛnte saa wɔ me somfo Mose ho. Me fi nyinaa mu no, ɔyɛ ɔnokwafo.
8 With him, I will speak mouth to mouth, even plainly, and not in riddles; and he shall see the LORD’s form. Why then were you not afraid to speak against my servant, against Moses?”
Me ne no kasa anim ne anim, kasa a emu da hɔ na ɛnyɛ abisae mu. Na ohu Awurade sɛnea ɔte. Adɛn nti na moansuro sɛ mobɛkasa atia me somfo Mose?”
9 The LORD’s anger burned against them; and he departed.
Awurade bo fuw wɔn dennen pa ara na ofii hɔ kɔe.
10 The cloud departed from over the Tent; and behold, Miriam was leprous, as white as snow. Aaron looked at Miriam, and behold, she was leprous.
Bere a omununkum no fii Ahyiae Ntamadan no atifi no, kwata beduruu Miriam ho fitaa sɛ sukyerɛmma. Aaron twaa nʼani huu sɛ ɔwɔ ɔhonam ani yare a ɛyɛ fi no,
11 Aaron said to Moses, “Oh, my lord, please do not count this sin against us, in which we have done foolishly, and in which we have sinned.
ɔka kyerɛɛ Mose se, “Me wura, mesrɛ wo, nnyina saa bɔne a yɛnam nkwaseasɛm so adi yi so ntwe yɛn aso.
12 Let her not, I pray, be as one dead, of whom the flesh is half consumed when he comes out of his mother’s womb.”
Mma no nyɛ sɛ akokoaa a wawu wɔ ne yam a ne fa aporɔw.”
13 Moses cried to the LORD, saying, “Heal her, God, I beg you!”
Na Mose teɛɛ mu frɛɛ Awurade se, “Onyankopɔn, mesrɛ wo sɛ sa no yare!”
14 The LORD said to Moses, “If her father had but spit in her face, should not she be ashamed seven days? Let her be shut up outside of the camp seven days, and after that she shall be brought in again.”
Awurade buaa Mose se, “Sɛ nʼagya tew ntasu guu nʼanim a, anka nʼanim rengu ase nnanson? Munyi no mfi atenae ha nkɔhyɛ baabi nnanson na akyiri no, obetumi asan aba.”
15 Miriam was shut up outside of the camp seven days, and the people did not travel until Miriam was brought in again.
Enti wotwaa Miriam asu fii atenae hɔ ma okodii nnanson. Nnipa no twɛn kosii sɛ wɔsan de no bae ansa na wɔretu kwan no bio.
16 Afterward the people traveled from Hazeroth, and encamped in the wilderness of Paran.
Ɛno akyi no, wofii Haserot bɛbɔɔ atenae wɔ Paran sare so.

< Numbers 12 >