< Job 14 >

1 “Man, who is born of a woman, is of few days, and full of trouble.
“Onipa a ɔbaa awo no no ne nna yɛ tiaa bi na ɔhaw dɔɔso wɔ mu.
2 He grows up like a flower, and is cut down. He also flees like a shadow, and does not continue.
Ɔfefɛ te sɛ nhwiren na ɛtwintwam; ɔte sɛ sunsum a ɛretwam akɔ, ɔntena hɔ nkyɛ.
3 Do you open your eyes on such a one, and bring me into judgment with you?
Woma wʼani kɔ saa onipa yi so? Wode no bɛba wʼanim abɛbu no atɛn anaa?
4 Who can bring a clean thing out of an unclean? Not one.
Hwan na ɔbɛtumi ayi deɛ ɛyɛ kronn afiri efi mu? Obiara nni hɔ.
5 Seeing his days are determined, the number of his months is with you, and you have appointed his bounds that he cannot pass.
Woahyehyɛ onipa nkwa nna; woahyɛ nʼabosome dodoɔ ato hɔ na woahyɛ no ɛberɛ a ɔrentumi ntra.
6 Look away from him, that he may rest, until he accomplishes, as a hireling, his day.
Enti, yi wʼani firi ne so na ɔnyɛ deɛ ɔpɛ, kɔsi sɛ ɔbɛwie nʼadwuma sɛ ɔpaani.
7 “For there is hope for a tree if it is cut down, that it will sprout again, that the tender branch of it will not cease.
“Dua mpo anidasoɔ wɔ hɔ ma no: Sɛ wɔtwa a, ɛbɛfefɛ bio, na ne mman foforɔ no rempempan.
8 Though its root grows old in the earth, and its stock dies in the ground,
Ne nhini bɛtumi anyini akyɛre asase mu na ne dunsini nso awu wɔ dɔteɛ mu,
9 yet through the scent of water it will bud, and sprout boughs like a plant.
nanso, ɔnya nsuo a ɛfefɛ, na ɛyiyi mman sɛ dua a wɔatɛ.
10 But man dies, and is laid low. Yes, man gives up the spirit, and where is he?
Nanso, sɛ nnipa wu a wɔde no hyɛ fam; ɔhome deɛ ɛtwa toɔ a, na afei ɔnni hɔ bio.
11 As the waters fail from the sea, and the river wastes and dries up,
Sɛdeɛ nsuo tu yera wɔ ɛpo mu no, anaa sɛdeɛ nsuka mu weɛ no,
12 so man lies down and does not rise. Until the heavens are no more, they will not awake, nor be roused out of their sleep.
saa ara na onipa tɔ fam na ɔnsɔre bio; ɛnkɔsi sɛ ɔsoro bɛtwam no, nnipa rensɔre na wɔrennyane wɔn mfiri wɔn nna mu.
13 "Oh that you would hide me in Sheol (Sheol h7585), that you would keep me secret until your wrath is past, that you would appoint me a set time and remember me!
“Sɛ anka wode me bɛsie damena mu de me ahinta kɔsi sɛ wʼabofuo bɛtwam! Sɛ anka wobɛhyɛ me berɛ na afei woakae me! (Sheol h7585)
14 If a man dies, will he live again? I would wait all the days of my warfare, until my release should come.
Sɛ onipa wu a, ɔbɛba nkwa mu bio anaa? Mʼaperedie nna mu nyinaa mɛtwɛn akɔsi sɛ me foforɔyɛ bɛba.
15 You would call, and I would answer you. You would have a desire for the work of your hands.
Wobɛfrɛ na mɛgye wo so; wʼani bɛgyina abɔdeɛ a wo nsa ayɛ.
16 But now you count my steps. Do not you watch over my sin?
Afei wobɛkan mʼanammɔntuo na worenni me bɔne akyi.
17 My disobedience is sealed up in a bag. You fasten up my iniquity.
Wɔbɛsɔ me bɔne ano wɔ kotokuo mu, na woakata mʼamumuyɛ so.
18 “But the mountain falling comes to nothing. The rock is removed out of its place.
“Nanso, sɛdeɛ mmepɔ so hohoro na ɛdwirie na abotan nso twe firi ne siberɛ no,
19 The waters wear the stones. The torrents of it wash away the dust of the earth. So you destroy the hope of man.
sɛdeɛ nsuo yiyi aboɔ ho na osutɔ brane twe dɔteɛ kɔ no saa ara na wosɛe onipa anidasoɔ.
20 You forever prevail against him, and he departs. You change his face, and send him away.
Wotintim ne so prɛko pɛ, na ɔtwam kɔ; wosakyera ne nipasu na wogya no kwan.
21 His sons come to honor, and he does not know it. They are brought low, but he does not perceive it of them.
Sɛ wɔhyɛ ne mmammarima animuonyam a, ɔnnim; na sɛ wɔbrɛ wɔn ase a, ɔnhunu.
22 But his flesh on him has pain, and his soul within him mourns.”
Ɔno ara wedeɛ mu yea na ɔteɛ na ɔno ara ne ho na ɔgyam.”

< Job 14 >