< Genesis 38 >

1 At that time, Judah went down from his brothers, and visited a certain Adullamite, whose name was Hirah.
Saa bere no mu ara na Yuda tu fii ne nuabarimanom no nkyɛn ne Adulamni barima bi a wɔfrɛ no Hira kɔtenae.
2 There, Judah saw the daughter of a certain Canaanite man named Shua. He took her, and went in to her.
Ɛhɔ na Yuda kohyiaa Kanaanni beae bi a ɔyɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Sua no babea. Yuda waree Sua babea no.
3 She conceived, and bore a son; and he named him Er.
Sua babea no nyinsɛn woo ɔbabarima, na wɔtoo no din Er.
4 She conceived again, and bore a son; and she named him Onan.
Sua babea no san nyinsɛn woo ɔbabarima bio. Wɔtoo abofra no din Onan.
5 She yet again bore a son, and named him Shelah. He was at Chezib when she bore him.
Sua babea no nyinsɛn ne mprɛnsa so wɔ Kesib, woo ɔbabarima bio. Saa abarimaa no nso wɔtoo no din Sela.
6 Judah took a wife for Er, his firstborn, and her name was Tamar.
Bere a Yuda abakan Er nyin no, wɔwaree ababaa bi a wɔfrɛ no Tamar maa no.
7 Er, Judah’s firstborn, was wicked in the LORD’s sight. So the LORD killed him.
Esiane sɛ na Yuda abakan Er yɛ omumɔyɛfo wɔ Awurade anim no nti, Awurade kum no.
8 Judah said to Onan, “Go in to your brother’s wife, and perform the duty of a husband’s brother to her, and raise up offspring for your brother.”
Er wu akyi no, Yuda ka kyerɛɛ Er akyiba Onan se, “Ɛsɛ sɛ woware okunafo Tamar, sɛnea yɛn amanne te no, na sɛ wo ne no wo a, mma no ayɛ wo nua no diadefo.”
9 Onan knew that the offspring would not be his; and when he went in to his brother’s wife, he spilled his semen on the ground, lest he should give offspring to his brother.
Esiane sɛ na Onan mpɛ sɛ ɔbɛwo akyɛ a mmofra no renyɛ nʼankasa mma nti, sɛ ɔne okunafo Tamar kɔda a, ɔmma ne ho nsu no ngu ɔbea no mu. Mmom, ɔma no gu fam sɛnea ɛbɛyɛ a, ɔrenwo ɔba a ɛbɛyɛ ne nua owufo no de.
10 The thing which he did was evil in the LORD’s sight, and he killed him also.
Esiane sɛ nea ɔyɛe no ansɔ Awurade ani, sɛ ɔmpɛ sɛ ɔwo ba ma ne nua owufo no nti, okum ɔno nso.
11 Then Judah said to Tamar, his daughter-in-law, “Remain a widow in your father’s house, until Shelah, my son, is grown up;” for he said, “Lest he also die, like his brothers.” Tamar went and lived in her father’s house.
Na Yuda ka kyerɛɛ nʼase okunafo Tamar se, “Tu na kɔtena wʼagya fi sɛ okunafo kosi sɛ me babarima Sala benyin.” Na osuro sɛ, Sela nso bewu, sɛnea ne nuanom mpanyimfo Er ne Onan wuwui no. Enti Tamar tu kɔtenaa nʼagya fi hɔ.
12 After many days, Shua’s daughter, the wife of Judah, died. Judah was comforted, and went up to his sheep shearers to Timnah, he and his friend Hirah, the Adullamite.
Mmere bi akyi no, Yuda yere a ɔyɛ Sua babea no nso wui. Bere a woyii Yuda fii kuna mu no, ɔkɔɔ ne nguanhotwitwafo nkyɛn wɔ Timna. Ɔrekɔ no, ɔne nʼadamfo Adulamni Hira na ɛkɔe.
13 Tamar was told, “Behold, your father-in-law is going up to Timnah to shear his sheep.”
Obi bɛbɔɔ Tamar amanneɛ se, “Wʼase Yuda rebɛsen akɔ Timna akotwitwa ne nguan ho nwi.”
14 She took off the garments of her widowhood, and covered herself with her veil, and wrapped herself, and sat in the gate of Enaim, which is on the way to Timnah; for she saw that Shelah was grown up, and she was not given to him as a wife.
Enti Tamar yii ne kuna ntade no guu hɔ. Ɔfaa nkataanim kataa nʼanim, sɛnea ɛbɛyɛ a obiara nhu sɛ ɛyɛ ɔno Tamar, na ɔkɔtenaa Enaim kurotia wɔ Timna kwan so. Efisɛ ohuu sɛ Sela anyin de, nanso na Yuda mmaa ne babarima no kwan mma ɔmmɛwaree no ɛ.
15 When Judah saw her, he thought that she was a prostitute, for she had covered her face.
Bere a Yuda huu Tamar no, na osusuw sɛ ɔyɛ ɔbea guamanfo bi, efisɛ na wakata nʼanim.
16 He turned to her by the way, and said, “Please come, let me come in to you,” for he did not know that she was his daughter-in-law. She said, “What will you give me, that you may come in to me?”
Yuda kɔɔ Tamar nkyɛn wɔ kwankyɛn hɔ a, na onnim sɛ ɔyɛ nʼase. Yuda ka kyerɛɛ no se, “Ma yɛnkɔ mprempren ara na me ne wo nkɔda.” Tamar bisaa no se, “Sɛ me ne wo kɔda a, wobɛma me dɛn?”
17 He said, “I will send you a young goat from the flock.” She said, “Will you give me a pledge, until you send it?”
Yuda buae se, “Mɛma wɔde ɔpapo afi me nguankuw no mu abrɛ wo.” Tamar bisaa no bio se, “Ansa na wode ɔpapo no bɛba no, dɛn na wode bedi wo ho akagyinamu?”
18 He said, “What pledge will I give you?” She said, “Your signet and your cord, and your staff that is in your hand.” He gave them to her, and came in to her, and she conceived by him.
Yuda nso bisaa no se, “Dɛn ade na wopɛ sɛ mede di me ho akagyinamu?” Tamar buae se, “Nea wode bedi wo ho akagyinamu ne wo nsa so kaa ne ne hama ne saa pema a wukura yi.” Enti Yuda de saa nneɛma yi nyinaa maa Tamar ne no kɔda ma onyinsɛnee.
19 She arose, and went away, and put off her veil from her, and put on the garments of her widowhood.
Tamar fii hɔ akyi no, okoyii ne nkataanim no guu hɔ, san faa ne kunatam no furae.
20 Judah sent the young goat by the hand of his friend, the Adullamite, to receive the pledge from the woman’s hand, but he did not find her.
Yuda de ɔpapo no maa nʼadamfo Adulamni no sɛ, ɔmfa nkɔma ɔbea no, na onnye nneɛma a ɔde dii ne ho akagyinamu no mmrɛ no, nanso wanhu no.
21 Then he asked the men of her place, saying, “Where is the prostitute, that was at Enaim by the road?” They said, “There has been no prostitute here.”
Obisaa kurom hɔfo no se, “Ɛhe na hyiadan mu ɔbea guamanfo a na ɔte Enaim kwankyɛn frɛfrɛ mmarima no wɔ?” Wobuaa no se, “Yenni hyiadan mu ɔbea guamanfo biara wɔ ha.”
22 He returned to Judah, and said, “I have not found her; and also the men of the place said, ‘There has been no prostitute here.’”
Enti ɔsan kɔɔ Yuda hɔ, kɔka kyerɛɛ no se, “Manhu no. Na kurom hɔfo nso kae se, ‘Hyiadan mu ɔbea oguamanfo biara nni ha.’”
23 Judah said, “Let her keep it, lest we be shamed. Behold, I sent this young goat, and you have not found her.”
Yuda nso kae se, “Ma no mfa nneɛma no, na anyɛ saa a wɔbɛserew yɛn. Wo ara wudi ho adanse sɛ memaa wode ɔpapo no kɔe, nanso woanhu no.”
24 About three months later, Judah was told, “Tamar, your daughter-in-law, has played the prostitute. Moreover, behold, she is with child by prostitution.” Judah said, “Bring her out, and let her be burned.”
Ɛbɛyɛ asram abiɛsa akyi no, Yuda tee sɛ nʼase Tamar abɔ aguaman, anyinsɛn. Ɔtee saa asɛm no, ɔkae se, “Monkɔkyere no mmra, na yɛnhyew no nkum no.”
25 When she was brought out, she sent to her father-in-law, saying, “I am with child by the man who owns these.” She also said, “Please discern whose these are—the signet, and the cords, and the staff.”
Wɔkɔkyeree Tamar de no reba abekum no no, ɔsoma ma wɔkɔka kyerɛɛ nʼase Yuda se, “Onipa a ne nneɛma ni no na ɔne me nyinsɛnee. Monhwɛ sɛ mubehu onipa ko a saa nsa so kaa ne ne hama ne pema yi yɛ ne de no ana.”
26 Judah acknowledged them, and said, “She is more righteous than I, because I did not give her to Shelah, my son.” He knew her again no more.
Yuda gye too mu se, saa nneɛma no yɛ ne dea. Ɔtoaa so se, “Ɔbea yi yɛ ɔtreneeni sen me, efisɛ mamfa no amma me babarima Sela anware.” Efi saa bere no, Yuda ankɔ Tamar ho bio.
27 In the time of her travail, behold, twins were in her womb.
Tamar awo duu so no, ɔwoo nta.
28 When she travailed, one put out a hand, and the midwife took and tied a scarlet thread on his hand, saying, “This came out first.”
Bere a ɔrewo no, nta no mu baako de ne nsa dii kan bae. Enti ɔbea a ɔregye no awo no de asaawa kɔkɔɔ bɔɔ abofra no bakɔn, kae se, “Oyi na wɔwoo no kan.”
29 As he drew back his hand, behold, his brother came out, and she said, “Why have you made a breach for yourself?” Therefore his name was called Perez.
Saa abofra no twee ne nsa san kɔɔ mu. Ɔsan twee ne nsa kɔɔ mu no, wɔwoo ne nua a ɔka ne ho no mmom. Na ɔwogyefo no kae se, “Abususɛm bɛn ni!” Wɔtoo no din Peres.
30 Afterward his brother came out, who had the scarlet thread on his hand, and his name was called Zerah.
Akyiri no, ɔwoo ne nuabarima a na asaawa kɔkɔɔ bɔ ne nsakɔn no. Wɔtoo ɔno nso din Serah.

< Genesis 38 >