< Ezekiel 13 >

1 The LORD’s word came to me, saying,
Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ,
2 “Son of man, prophesy against the prophets of Israel who prophesy, and say to those who prophesy out of their own heart, ‘Hear the LORD’s word:
“Onipa ba, hyɛ nkɔm tia Israel adiyifoɔ a wɔhyɛ nkɔm seesei. Ka kyerɛ wɔn a wɔbɔ wɔn tirim hyɛ nkɔm no sɛ: ‘Montie Awurade asɛm!
3 The Lord GOD says, “Woe to the foolish prophets, who follow their own spirit, and have seen nothing!
Yei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Nnome nka adiyifoɔ nkwaseafoɔ a wɔdi wɔn ankasa honhom akyi na wɔnhunuu hwee no.
4 Israel, your prophets have been like foxes in the waste places.
Ao Israelfoɔ, mo adiyifoɔ yi te sɛ mmubuiɛ mu kɔkɔbo.
5 You have not gone up into the gaps or built up the wall for the house of Israel, to stand in the battle in the LORD’s day.
Monkɔeɛ sɛ morekɔsiesie afasuo no afaafa a abubu no ama Israel efie, sɛdeɛ ɛbɛtumi agyina pintinn wɔ ɔko no ano, Awurade ɛda no.’
6 They have seen falsehood and lying divination, who say, ‘The LORD says;’ but the LORD has not sent them. They have made men to hope that the word would be confirmed.
Wɔn adehunu yɛ atorɔ, na wɔn adebisa yɛ nnaadaa. Wɔka sɛ, ‘Awurade aka sɛ,’ wɔ ɛberɛ a Awurade nsomaa wɔn, nanso wɔhwɛ anim sɛ wɔn nkɔmhyɛ bɛba mu.
7 Have not you seen a false vision, and have not you spoken a lying divination, in that you say, ‘The LORD says;’ but I have not spoken?”
Sɛ wɔka sɛ, ‘Yei na Awurade seɛ’, wɔ ɛberɛ a menkasaeɛ a, na wɔn anisoadehunu nnyɛ atorɔ? Na wɔn adebisa nso, ɛnnyɛ nnaadaa anaa?
8 “‘Therefore the Lord GOD says: “Because you have spoken falsehood and seen lies, therefore, behold, I am against you,” says the Lord GOD.
“Ɛno enti, sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie: ‘Mo nsɛm a ɛyɛ atorɔ ne mo nnaadaa anisoadehunu enti, me ne mo anya’, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.
9 “My hand will be against the prophets who see false visions and who utter lying divinations. They will not be in the council of my people, neither will they be written in the writing of the house of Israel, neither will they enter into the land of Israel. Then you will know that I am the Lord GOD.”
Me nsa bɛtia adiyifoɔ a wɔn anisoadehunu yɛ atorɔ na wɔn abisa yɛ nnaadaa. Wɔremfra me nkurɔfoɔ badwafoɔ mu, na wɔrentwerɛ wɔn din wɔ Israel efie nwoma no mu, na wɔn nan rensi Israel asase so. Na afei wɔbɛhunu sɛ mene Otumfoɔ Awurade.
10 “‘Because, even because they have seduced my people, saying, “Peace;” and there is no peace. When one builds up a wall, behold, they plaster it with whitewash.
“Esiane sɛ wɔama me nkurɔfoɔ ayera ɛkwan, na wɔka sɛ ‘Asomdwoeɛ’, wɔ ɛberɛ a asomdwoeɛ nni hɔ, na afei, sɛ wɔto ɔfasuo a ɛnni ahoɔden bi a wɔde akaadoo afa so enti,
11 Tell those who plaster it with whitewash that it will fall. There will be an overflowing shower; and you, great hailstones, will fall. A stormy wind will tear it.
ka kyerɛ wɔn a wɔka akaadoo no sɛ, ɔfasuo no rebɛbu. Osubrane bɛtɔ, na mɛsoma asukɔtweaa, na mframa a ano yɛ den bɛbɔ.
12 Behold, when the wall has fallen, will not it be said to you, “Where is the plaster with which you have plastered it?”
Na sɛ ɔfasuo no bu gu fam a, nnipa remmisa wɔn sɛ, ‘ɛhe na akaadoo a wɔde sraa ho no afa’ anaa?
13 “‘Therefore the Lord GOD says: “I will even tear it with a stormy wind in my wrath. There will be an overflowing shower in my anger, and great hailstones in wrath to consume it.
“Ɛno enti, deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie: ‘Mʼabufuhyeɛ mu, mɛma ahum atu, na mʼabufuo mu no, asukɔtweaa ne osubrane de adesɛeɛ ahoɔden atɔ.
14 So I will break down the wall that you have plastered with whitewash, and bring it down to the ground, so that its foundation will be uncovered. It will fall, and you will be consumed in the middle of it. Then you will know that I am the LORD.
Mɛdwiri ɔfasuo a mode akaadoo afa ho no na mabubu agu fam ama ne fapem ho ada hɔ. Sɛ ɔfasuo no hwe ase a, wɔbɛsɛe mo wɔ mu, na mobɛhunu sɛ mene Awurade.
15 Thus I will accomplish my wrath on the wall, and on those who have plastered it with whitewash. I will tell you, ‘The wall is no more, nor those who plastered it—
Enti mede mʼabufuhyeɛ bɛkɔ ɔfasuo no ne wɔn a wɔde akaadoo sraa ho no so. Mɛka akyerɛ mo sɛ, ɔfasuo no nni hɔ bio, na saa ara na wɔn a wɔde akaadoo sraa ho no nni hɔ.
16 to wit, the prophets of Israel who prophesy concerning Jerusalem, and who see visions of peace for her, and there is no peace,’” says the Lord GOD.’”
Wɔyɛ Israel adiyifoɔ a wɔhyɛɛ nkɔm maa Yerusalem na wɔhunuu asomdwoeɛ anisoadeɛ, wɔ ɛberɛ a asomdwoeɛ nni hɔ’, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ.
17 You, son of man, set your face against the daughters of your people, who prophesy out of their own heart; and prophesy against them,
“Afei, onipa ba, ma wʼani nkɔ wo mmaa a wɔbɔ wɔn tirim hyɛ nkɔm so. Hyɛ nkɔm tia wɔn
18 and say, “The Lord GOD says: ‘Woe to the women who sew magic bands on all elbows and make veils for the head of persons of every stature to hunt souls! Will you hunt the souls of my people and save souls alive for yourselves?
na ka sɛ, ‘Yei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Nnome nka mmaa a wɔpempam ntafowayie dwomfadeɛ hyehyɛ wɔn abakɔn na wɔpempam nkatanimu ntiawa ne atentene kata wɔn anim de sum nnipa afidie. Mobɛsum me nkurɔfoɔ nkwa afidie, na mo deɛ, moakora mo deɛ?
19 You have profaned me among my people for handfuls of barley and for pieces of bread, to kill the souls who should not die and to save the souls alive who should not live, by your lying to my people who listen to lies.’
Moasopa me wɔ me nkurɔfoɔ mu de agye atokoɔ nsabuo kakra bi ne burodo asinasini. Monam atorɔ a modi kyerɛ me nkurɔfoɔ a wɔtie atorɔ so akunkum wɔn a anka ɛnsɛ sɛ wɔ wuwu, na moama wɔn a anka ɛnsɛ sɛ wɔtena nkwa mu no afa wɔn ho adi.
20 “Therefore the Lord GOD says: ‘Behold, I am against your magic bands, with which you hunt the souls to make them fly, and I will tear them from your arms. I will let the souls fly free, even the souls whom you ensnare like birds.
“‘No enti, yei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Metia mo ntafowayie dwomfadeɛ a mode sum nkurɔfoɔ afidie sɛ nnomaa no, na mɛtete afiri mo abasa so; mɛgyaa nnipa a mosum wɔn afidie sɛ nnomaa no.
21 I will also tear your veils and deliver my people out of your hand; and they will no longer be in your hand to be ensnared. Then you will know that I am the LORD.
Mɛtete mo nkatanimu no mu afiri mo anim, na magye me nkurɔfoɔ nkwa afiri mo nsam, na morennya wɔn so tumi bio. Afei mobɛhunu sɛ me ne Awurade.
22 Because with lies you have grieved the heart of the righteous, whom I have not made sad; and strengthened the hands of the wicked, that he should not return from his wicked way, and be saved alive.
Esiane sɛ mode atorɔ maa teneneefoɔ aba mu buiɛ wɔ ɛberɛ a menhyɛɛ wɔn awerɛhoɔ, na mohyɛɛ amumuyɛfoɔ nkuran sɛ wɔnkɔ so wɔ wɔn akwan bɔne so na moagye wɔn nkwa no
23 Therefore you shall no more see false visions nor practice divination. I will deliver my people out of your hand. Then you will know that I am the LORD.’”
enti, morenhunu atorɔ anisoadeɛ bio na mobɛgyae ntafowayie nso. Mɛgye me nkurɔfoɔ afiri mo nsa mu, na afei mobɛhunu sɛ me ne Awurade no.’”

< Ezekiel 13 >