< Deuteronomy 7 >

1 When the LORD your God brings you into the land where you go to possess it, and casts out many nations before you—the Hittite, the Girgashite, the Amorite, the Canaanite, the Perizzite, the Hivite, and the Jebusite—seven nations greater and mightier than you;
Sɛ Awurade, mo Nyankopɔn, de mo ba asase a morebɛkɔ akɔtena so no so, na ɔpam amanaman pii a wɔwɔ mo anim, a wɔyɛ Hetifo, Girgasifo, Amorifo, Kanaanfo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo, aman ason a wɔwɔ so na wɔyɛ den sen mo,
2 and when the LORD your God delivers them up before you, and you strike them, then you shall utterly destroy them. You shall make no covenant with them, nor show mercy to them.
na Awurade, mo Nyankopɔn, de saa aman yi hyɛ mo nsa na mudi wɔn so a, monsɛe wɔn pasapasa. Mo ne wɔn nhyehyɛ apam biara na munnhu wɔn mmɔbɔ.
3 You shall not make marriages with them. You shall not give your daughter to his son, nor shall you take his daughter for your son.
Mo ne wɔn nni aware na mommma mo mmabea ne mo mmabarima nware wɔn mmabarima ne wɔn mmabea.
4 For that would turn away your sons from following me, that they may serve other gods. So the LORD’s anger would be kindled against you, and he would destroy you quickly.
Efisɛ wɔbɛma mo mma asan afi mʼakyi akɔsom wɔn anyame foforo. Na Awurade abufuw bɛdɛw atia mo na wasɛe mo ntɛm.
5 But you shall deal with them like this: you shall break down their altars, dash their pillars in pieces, cut down their Asherah poles, and burn their engraved images with fire.
Nea ɛsɛ sɛ moyɛ wɔn ne sɛ, mummubu wɔn afɔremuka na munnwiriw wɔn abosom adum no ngu. Muntwitwa wɔn abosompɔw ngu na monhyew wɔn ahoni.
6 For you are a holy people to the LORD your God. The LORD your God has chosen you to be a people for his own possession, above all peoples who are on the face of the earth.
Na moyɛ nnipa kronkron a moyɛ, Awurade, mo Nyankopɔn no, de. Nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa mu no, mo na Awurade, mo Nyankopɔn, ayi mo sɛ nʼagyapade a ɛsom no bo.
7 The LORD did not set his love on you nor choose you, because you were more in number than any people; for you were the fewest of all peoples;
Ɛnyɛ sɛ modɔɔso sen nnipa a aka no nti na Awurade anya mo ho dɔ no, mo na na musua koraa wɔ nnipa no nyinaa mu.
8 but because the LORD loves you, and because he desires to keep the oath which he swore to your fathers, the LORD has brought you out with a mighty hand and redeemed you out of the house of bondage, from the hand of Pharaoh king of Egypt.
Na mmom, Awurade dɔɔ mo na odii ne ntam a ɔka kyerɛɛ mo agyanom sɛ ɔde ne nsa a tumi wɔ mu no beyi wɔn afi nkoasom asase so ne Misraimhene Farao tumi ase no.
9 Know therefore that the LORD your God himself is God, the faithful God, who keeps covenant and loving kindness to a thousand generations with those who love him and keep his commandments,
Enti munhu sɛ, Awurade, mo Nyankopɔn, yɛ Onyankopɔn; ɔyɛ nokware Nyankopɔn a odi wɔn a wɔdɔ no na wodi nʼahyɛde so no dɔ apam so kosi awo ntoatoaso apem so.
10 and repays those who hate him to their face, to destroy them. He will not be slack to him who hates him. He will repay him to his face.
Nanso, ɔntwentwɛn na ɔtwe wɔn a wokyi no no aso, sɛe wɔn.
11 You shall therefore keep the commandments, the statutes, and the ordinances which I command you today, to do them.
Ɛno nti, monhwɛ yiye na munni ahyɛde ne mmara a mede rema mo nnɛ yi nyinaa so.
12 It shall happen, because you listen to these ordinances and keep and do them, that the LORD your God will keep with you the covenant and the loving kindness which he swore to your fathers.
Sɛ mutie mmara yi na mudi ne nyinaa so nokware mu a, Awurade, mo Nyankopɔn no, nso bedi nʼapam a ofi ne nokware dɔ mu ne mo agyanom pamee no so.
13 He will love you, bless you, and multiply you. He will also bless the fruit of your body and the fruit of your ground, your grain and your new wine and your oil, the increase of your livestock and the young of your flock, in the land which he swore to your fathers to give you.
Ɔbɛdɔ mo na wahyira mo na wama mo ase afɛe. Obehyira mo yafunu mu ade; mo asase so nnɔbae, mo atoko, nsa foforo ne ngodua, mo nantwimma ne nguamma wɔ asase a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ mo agyanom se ɔde bɛma mo no so.
14 You will be blessed above all peoples. There will not be male or female barren among you, or among your livestock.
Wobehyira mo akyɛn aman a wɔwɔ asase so no nyinaa. Mo mmarima renyɛ asaadwe na mo mmea nso renyɛ abonin na mo nyɛmmoa nso bɛwowo.
15 The LORD will take away from you all sickness; and he will put none of the evil diseases of Egypt, which you know, on you, but will lay them on all those who hate you.
Na Awurade bɛbɔ mo ho ban afi ɔyare nyinaa ho. Ɔremma owuyare a bi bɔɔ mo wɔ Misraim no bi mmɔ mo na ɔde saa ɔyare no nyinaa begu mo atamfo so.
16 You shall consume all the peoples whom the LORD your God shall deliver to you. Your eye shall not pity them. You shall not serve their gods; for that would be a snare to you.
Monsɛe aman a Awurade mo Nyankopɔn de bɛhyɛ mo nsa no nyinaa. Munhu wɔn mmɔbɔ na monnsom wɔn anyame. Sɛ moyɛ saa a, ebesum mo afiri.
17 If you shall say in your heart, “These nations are more than I; how can I dispossess them?”
Mubebisa mo ho se, “Na sɛ saa aman yi yɛ den kyɛn yɛn. Ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi apam wɔn?”
18 you shall not be afraid of them. You shall remember well what the LORD your God did to Pharaoh and to all Egypt:
Nanso munnsuro wɔn. Monkae ade a Awurade, mo Nyankopɔn, de yɛɛ Farao ne ne manfo nyinaa wɔ Misraim no.
19 the great trials which your eyes saw, the signs, the wonders, the mighty hand, and the outstretched arm, by which the LORD your God brought you out. So shall the LORD your God do to all the peoples of whom you are afraid.
Mode mo ankasa mo ani huu amanehunu, nsɛnkyerɛnne a ɛyɛ hu ne anwonwasɛm a ɛbaa wɔn so, tumi nsa ne abasa a wɔatrɛw mu a Awurade, mo Nyankopɔn, nam so yii mo fii hɔ no. Nnipa a musuro wɔn mprempren no, Awurade Nyankopɔn de wɔn bɛfa saa ɔkwan koro no ara so.
20 Moreover the LORD your God will send the hornet among them, until those who are left, and hide themselves, perish from before you.
Ɛno akyi no, Awurade, mo Nyankopɔn, bɛma mpenaa abɛpam kakra a wɔaka no afi wɔn ahintawee mu kosi sɛ wɔn ase bɛtɔre.
21 You shall not be scared of them; for the LORD your God is among you, a great and awesome God.
Munnsuro saa aman no, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn, a ɔso na ne ho yɛ nwonwa no wɔ mo afa.
22 The LORD your God will cast out those nations before you little by little. You may not consume them at once, lest the animals of the field increase on you.
Nkakrankakra, Awurade, mo Nyankopɔn, bedi mo anim kan apam saa aman no. Ɔrenyi wɔn nyinaa mfi hɔ prɛko pɛ; anyɛ saa a, nkekaboa no ase bɛdɔ ntɛm na wɔaba mo so.
23 But the LORD your God will deliver them up before you, and will confuse them with a great confusion, until they are destroyed.
Nanso Awurade, mo Nyankopɔn, de wɔn bɛhyɛ mo nsa, na ɔbɛma wɔn adwene ayɛ basabasa akosi sɛ ɔbɛsɛe wɔn.
24 He will deliver their kings into your hand, and you shall make their name perish from under the sky. No one will be able to stand before you until you have destroyed them.
Ɔde wɔn ahemfo bɛhyɛ mo nsa na mobɛpepa wɔn din afi ɔsoro ase. Obiara rentumi nsɔre ntia mo; mobɛsɛe wɔn.
25 You shall burn the engraved images of their gods with fire. You shall not covet the silver or the gold that is on them, nor take it for yourself, lest you be snared in it; for it is an abomination to the LORD your God.
Momfa ogya nhyew wɔn anyame ahoni no. Mommma mo ani mmere dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ a egugu so no na mommfa; anyɛ saa a ɛbɛyɛ mfiri ayi mo, efisɛ ɛyɛ Awurade, mo Nyankopɔn, akyiwade.
26 You shall not bring an abomination into your house and become a devoted thing like it. You shall utterly detest it. You shall utterly abhor it; for it is a devoted thing.
Mommfa akyiwade biara mma mo fi na wɔanyi mo angu nkyɛn amma ɔsɛe sɛ ɛno ara pɛ. Munhu no sɛ enye a wokyi korakora; efisɛ wɔayi ato hɔ ama ɔsɛe.

< Deuteronomy 7 >