< 2 Kings 13 >

1 In the twenty-third year of Joash the son of Ahaziah, king of Judah, Jehoahaz the son of Jehu began to reign over Israel in Samaria for seventeen years.
Ɛberɛ a Yehu babarima Yehoahas hyɛɛ aseɛ dii ɔhene wɔ Israel no, na ɔhene Yoas nso adi adeɛ mfeɛ aduonu mmiɛnsa wɔ Yuda. Ɔdii adeɛ mfeɛ dunson wɔ Samaria.
2 He did that which was evil in the LORD’s sight, and followed the sins of Jeroboam the son of Nebat, with which he made Israel to sin. He did not depart from it.
Nanso, ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Ɔdii Nebat babarima Yeroboam nhwɛsoɔ akyi, toaa ahonisom a ɔdii Israelfoɔ no anim yɛeɛ no so.
3 The LORD’s anger burned against Israel, and he delivered them into the hand of Hazael king of Syria, and into the hand of Benhadad the son of Hazael, continually.
Enti, Awurade bo fuu Israelfoɔ, na ɔmaa ɔhene Hasael a ɔfiri Aram ne ne babarima Ben-Hadad kwan ma wɔdii wɔn so mfeɛ bebree.
4 Jehoahaz begged the LORD, and the LORD listened to him; for he saw the oppression of Israel, how the king of Syria oppressed them.
Na Yehoahas bɔɔ Awurade mpaeɛ, srɛɛ ne mmoa. Awurade tiee ne mpaeɛbɔ. Na Awurade hunuu nhyɛsotrasoɔ a Aramhene de maa Israelfoɔ no.
5 (The LORD gave Israel a savior, so that they went out from under the hand of the Syrians; and the children of Israel lived in their tents as before.
Awurade yii ɔgyefoɔ bi ma ɔbɛgyee Israelfoɔ no firii Aramfoɔ nhyɛsotrasoɔ no ase. Na Israelfoɔ no tenaa ase ahotɔ mu bio, sɛdeɛ na wɔte kane no.
6 Nevertheless they did not depart from the sins of the house of Jeroboam, with which he made Israel to sin, but walked in them; and the Asherah also remained in Samaria.)
Nanso, wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne, wɔdii Yeroboam nhwɛsobɔne no akyi. Na mpo, wɔsii Asera afɔrebukyia wɔ Samaria.
7 For he did not leave to Jehoahaz of the people any more than fifty horsemen, and ten chariots, and ten thousand footmen; for the king of Syria destroyed them and made them like the dust in threshing.
Ne korakora ne sɛ, Yehoahas akodɔm no so te bɛyɛɛ apɔnkɔsotefoɔ aduonum, nteaseɛnam edu ne anammɔntwa asraafoɔ ɔpedu. Na Aramhene akunkum nkaeɛ no, te sɛ deɛ wɔyɛ mfuturo wɔ ne nan ase.
8 Now the rest of the acts of Jehoahaz, and all that he did, and his might, are not they written in the book of the chronicles of the kings of Israel?
Yehoahas ahennie mu nneɛma a ɛsisiiɛ, dwuma a ɔdiiɛ ne deɛ ne tumidie kɔsooɛ nyinaa, wɔatwerɛ wɔ Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma mu.
9 Jehoahaz slept with his fathers; and they buried him in Samaria; and Joash his son reigned in his place.
Ɛberɛ a Yehoahas wuiɛ no, wɔsiee no Samaria wɔ ne mpanimfoɔ nkyɛn. Na ne babarima Yehoas dii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
10 In the thirty-seventh year of Joash king of Judah, Jehoash the son of Jehoahaz began to reign over Israel in Samaria for sixteen years.
Yehoahas babarima Yehoas hyɛɛ aseɛ dii Israel so wɔ ɛberɛ a na ɔhene Yoas adi adeɛ Yuda ne mfeɛ aduasa nson so. Ɔdii adeɛ Samaria mfeɛ dunsia.
11 He did that which was evil in the LORD’s sight. He did not depart from all the sins of Jeroboam the son of Nebat, with which he made Israel to sin; but he walked in them.
Na ɔyɛɛ bɔne Awurade ani so. Wantwe ne ho amfiri abosonsom a Nebat babarima Yeroboam dii Israel anim ma wɔyɛeɛ no ho.
12 Now the rest of the acts of Joash, and all that he did, and his might with which he fought against Amaziah king of Judah, are not they written in the book of the chronicles of the kings of Israel?
Yehoas dwuma a ɔdiiɛ no nkaeɛ wɔ nʼahennie mu ne ne mmaninyɛ nyinaa ne ne tumi a na ɔwɔ no ne ɔko a ɔne Yudahene Amasia koeɛ no, wɔatwerɛ wɔ Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma mu.
13 Joash slept with his fathers; and Jeroboam sat on his throne. Joash was buried in Samaria with the kings of Israel.
Ɛberɛ a Yehoas wuiɛ no, wɔsiee no Samaria wɔ ne mpanimfoɔ nkyɛn. Na ne babarima Yeroboam a ɔtɔ so mmienu dii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
14 Now Elisha became sick with the illness of which he died; and Joash the king of Israel came down to him, and wept over him, and said, “My father, my father, the chariots of Israel and its horsemen!”
Ɛberɛ a yarewuo bɔɔ Elisa no, Israelhene Yehoas kɔsraa no, na ɔsuu no sɛ, “Mʼagya! Mʼagya! Israel nteaseɛnam ne nteaseɛnamkafoɔ!”
15 Elisha said to him, “Take bow and arrows;” and he took bow and arrows for himself.
Elisa ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwehwɛ tadua ne bɛmma.” Na ɔhene no yɛɛ deɛ ɔkaeɛ no.
16 He said to the king of Israel, “Put your hand on the bow;” and he put his hand on it. Elisha laid his hands on the king’s hands.
Na Elisa ka kyerɛɛ Israelhene no sɛ ɔmfa ne nsa nto tadua no so. Na Elisa de ɔno ankasa ne nsa too ɔhene no nsa so.
17 He said, “Open the window eastward;” and he opened it. Then Elisha said, “Shoot!” and he shot. He said, “The LORD’s arrow of victory, even the arrow of victory over Syria; for you will strike the Syrians in Aphek until you have consumed them.”
Afei, ɔhyɛɛ sɛ, “Bue mpomma a ɛkyerɛ apueeɛ fam no.” Na ɔbueeɛ. Na ɔkaa sɛ, “To!” Na ɔtoeɛ. Na Elisa kaa sɛ, “Yei ne Awurade agyan a ɛyɛ Aram so nkonimdie, ɛfiri sɛ, wobɛdi Aramfoɔ so pasaa wɔ Afek.
18 He said, “Take the arrows;” and he took them. He said to the king of Israel, “Strike the ground;” and he struck three times, and stopped.
Afei, tase bɛmma a aka no na toto wowɔ fam.” Enti, ɔhene no taseeɛ, na ɔtoto wowɔɔ fam mprɛnsa.
19 The man of God was angry with him, and said, “You should have struck five or six times. Then you would have struck Syria until you had consumed it, but now you will strike Syria just three times.”
Nanso, Onyankopɔn onipa no bo fuu no, kaa sɛ, “Anka ɛsɛ sɛ wototo sisi fam mpɛn enum anaa nsia. Ɛno ansa a na anka wobɛdi Aram so, kɔsi sɛ wobɛtɔre wɔn ase. Enti, wobɛdi nkonim mprɛnsa.”
20 Elisha died, and they buried him. Now the bands of the Moabites invaded the land at the coming in of the year.
Elisa wuiɛ, na wɔsiee no. Na Moabfoɔ afomfafoɔ kɔfom asase no so nneɛma afe biara.
21 As they were burying a man, behold, they saw a band of raiders; and they threw the man into Elisha’s tomb. As soon as the man touched Elisha’s bones, he revived, and stood up on his feet.
Ɛberɛ bi a Israelfoɔ resie obi no, wɔhunuu afomfafoɔ bi. Ɛno enti, wɔyɛɛ no ntɛm too amu no twenee Elisa ɔboda mu. Amu no kɔkaa Elisa nnompe ara pɛ na owufoɔ no nyaneeɛ, huri gyinaa ne nan so!
22 Hazael king of Syria oppressed Israel all the days of Jehoahaz.
Na Aramhene Hasael hyɛɛ Israelfoɔ so ɛberɛ a Ɔhene Yehoahas dii adeɛ no nyinaa.
23 But the LORD was gracious to them, and had compassion on them, and favored them because of his covenant with Abraham, Isaac, and Jacob, and would not destroy them and he did not cast them from his presence as yet.
Nanso, Awurade hunuu Israelfoɔ mmɔbɔ enti, wɔn ase antɔre. Esiane apam a na ɔne Abraham, Isak ne Yakob ayɛ no enti, ɔhunuu wɔn mmɔbɔ. Na ɛbɛsi ɛnnɛ, ɔntɔree wɔn ase, na ɔmpamoo wɔn mfirii nʼanim.
24 Hazael king of Syria died; and Benhadad his son reigned in his place.
Afei, Aramhene Hasael wuiɛ, na ne babarima Ben-Hadad bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
25 Jehoash the son of Jehoahaz took again out of the hand of Benhadad the son of Hazael the cities which he had taken out of the hand of Jehoahaz his father by war. Joash struck him three times, and recovered the cities of Israel.
Na Yehoahas babarima Yehoas sane kɔgyegyee nkuro a Hasael gyegye firii nʼagya Yehoahas nsam. Yehoas dii Ben-Hadad so nkonim mprɛnsa, nam so gyegyee Israel nkuro no.

< 2 Kings 13 >