< 1 Samuel 7 >

1 The men of Kiriath Jearim came and took the LORD’s ark, and brought it into Abinadab’s house on the hill, and consecrated Eleazar his son to keep the LORD’s ark.
Enti Kiriat-Yearimfo begyee Awurade Apam Adaka no. Wɔde kɔɔ Abinadab fi a ɛda bepɔw nkyɛn baabi. Ɛhɔ na wodwiraa ne babarima Eleasar sɛ ɔnhwɛ so.
2 From the day that the ark stayed in Kiriath Jearim, the time was long—for it was twenty years; and all the house of Israel lamented after the LORD.
Apam Adaka no kyɛe yiye wɔ Kiriat-Yearim. Edii mfirihyia aduonu wɔ hɔ. Saa bere no Israel nyinaa twaa agyaadwo, efisɛ na ayɛ sɛ Awurade agyaw wɔn.
3 Samuel spoke to all the house of Israel, saying, “If you are returning to the LORD with all your heart, then put away the foreign gods and the Ashtaroth from among you, and direct your hearts to the LORD, and serve him only; and he will deliver you out of the hand of the Philistines.”
Na Samuel ka kyerɛɛ Israelfo nyinaa se, “Sɛ mode mo koma nyinaa resan akɔ Awurade nkyɛn de a, ɛno de, montwe mo ho mfi ananafo anyame ne Astoret ahoni ho. Munsi mo adwene pi sɛ mobɛyɛ osetie ama Awurade, na monsom ɔno nko, na obegye mo afi Filistifo nsam.”
4 Then the children of Israel removed the Baals and the Ashtaroth, and served the LORD only.
Enti Israelfo no too Baalim ne Astoret gui, som Awurade nko.
5 Samuel said, “Gather all Israel to Mizpah, and I will pray to the LORD for you.”
Afei, Samuel ka kyerɛɛ Israelfo no nyinaa se, “Mo nyinaa mommra Mispa, na memmɔ Awurade mpae mma mo.”
6 They gathered together to Mizpah, and drew water, and poured it out before the LORD, and fasted on that day, and said there, “We have sinned against the LORD.” Samuel judged the children of Israel in Mizpah.
Enti wɔboaa wɔn ho ano wɔ hɔ. Na wɔn anyankamade mu no, wɔsaw nsu fi abura bi mu, na wohwie guu Awurade anim. Wodii abuada da no, na wɔkaa nokware sɛ wɔayɛ bɔne atia Awurade. Enti Mispa hɔ na Samuel bɛyɛɛ Israel so temmufo.
7 When the Philistines heard that the children of Israel were gathered together at Mizpah, the lords of the Philistines went up against Israel. When the children of Israel heard it, they were afraid of the Philistines.
Bere a Filistifo sodifo no tee sɛ Israel nyinaa aboa wɔn ho ano wɔ Mispa no, wɔboaboaa wɔn asraafo ano, tu teɛe. Na Israelfo no tee sɛ Filistifo no rebɛn wɔn no, wɔn koma tuu yiye.
8 The children of Israel said to Samuel, “Do not stop crying to the LORD our God for us, that he will save us out of the hand of the Philistines.”
Woguan toaa Samuel se, “Srɛ Awurade, yɛn Nyankopɔn, na onnye yɛn mfi Filistifo nsam.”
9 Samuel took a suckling lamb, and offered it for a whole burnt offering to the LORD. Samuel cried to the LORD for Israel, and the LORD answered him.
Enti Samuel faa oguan ba a onnyinii de ne mua no bɔɔ ɔhyew afɔre maa Awurade. Ɔsrɛɛ Awurade maa Israelfo, na Awurade tiei.
10 As Samuel was offering up the burnt offering, the Philistines came near to battle against Israel; but the LORD thundered with a great thunder on that day on the Philistines and confused them; and they were struck down before Israel.
Bere a Samuel gu so rebɔ ɔhyew afɔre no, Filistifo no baa sɛ wɔrebɛko. Nanso Onyankopɔn de aprannaa nne a emu yɛ duru yiye kasa fi soro, maa basabasayɛ sii Filistifo no mu, maa Israelfo no dii wɔn so nkonim.
11 The men of Israel went out of Mizpah and pursued the Philistines, and struck them until they came under Beth Kar.
Israel mmarima pam wɔn fi Mispa, kosii Bet-Kar, kunkum wɔn guu ɔkwan so.
12 Then Samuel took a stone and set it between Mizpah and Shen, and called its name Ebenezer, saying, “The LORD helped us until now.”
Ɛnna Samuel faa ɔbo kɛse bi de sii Mispa ne Sen ntam. Na ɔtoo no din Ebeneser a ase ne “Ɔboa bo” na ɔkae se, “Ɛha na Awurade aboa yɛn abesi!”
13 So the Philistines were subdued, and they stopped coming within the border of Israel. The LORD’s hand was against the Philistines all the days of Samuel.
Enti wodii Filistifo no so, na wɔantumi ammegye Israelfo nsase amfa wɔ bere tenten bi mu. Na Samuel nkwa nna mu nyinaa, Awurade nsa a ɛyɛ den no tiaa Filistifo.
14 The cities which the Philistines had taken from Israel were restored to Israel, from Ekron even to Gath; and Israel recovered its border out of the hand of the Philistines. There was peace between Israel and the Amorites.
Na Israel nkurow a ɛbɛn Ekron ne Gat no a na Filistifo no agyigye no. Wɔde asase a aka a Filistifo no agyigye no kaa ho. Ɛmaa asomdwoe baa Israel ne Amorifo ntam saa bere no.
15 Samuel judged Israel all the days of his life.
Samuel kɔɔ so yɛɛ Israel so temmufo ne nkwa nna a aka nyinaa.
16 He went from year to year in a circuit to Bethel, Gilgal, and Mizpah; and he judged Israel in all those places.
Afe biara, na otu kwan kyinkyin bu atɛn wɔ nʼasennii. Ofi ase wɔ Bet-El de kɔ Gilgal na wawie wɔ Mispa. Obuu Israelfo atɛn wɔ saa nkurow yi biara so.
17 His return was to Ramah, for his house was there, and he judged Israel there; and he built an altar to the LORD there.
Afei, na ɔsan ba ne kurom Rama bedi nsɛm wɔ hɔ nso. Na Samuel sii afɔremuka wɔ Rama de maa Awurade.

< 1 Samuel 7 >