< 1 Samuel 4 >

1 The word of Samuel came to all Israel. Now Israel went out against the Philistines to battle, and encamped beside Ebenezer; and the Philistines encamped in Aphek.
Na nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa tee nsɛm a ɛfiri Samuel hɔ. Saa ɛberɛ no, na Israelfoɔ ne Filistifoɔ reko. Israelfoɔ akodɔm kyeree sraban wɔ Ebeneser ɛnna Filistifoɔ nso kyeree sraban wɔ Afek.
2 The Philistines put themselves in array against Israel. When they joined battle, Israel was defeated by the Philistines, who killed about four thousand men of the army in the field.
Filistifoɔ no to hyɛɛ Israelfoɔ akodɔm no so, dii wɔn so nkonim, na wɔkumm nnipa mpemnan.
3 When the people had come into the camp, the elders of Israel said, “Why has the LORD defeated us today before the Philistines? Let’s get the ark of the LORD’s covenant out of Shiloh and bring it to us, that it may come among us and save us out of the hand of our enemies.”
Ɔko no baa awieeɛ, na Israel akodɔm sane kɔɔ wɔn sraban mu hɔ no, Israel mpanimfoɔ no bisaa sɛ, “Adɛn nti na Awurade ama yɛadi nkoguo ɛnnɛ yi wɔ Filistifoɔ anim yi? Momma yɛnkɔfa Awurade Apam Adaka no mfiri Silo. Sɛ yɛde kɔ ɔsa a, ɛbɛgye yɛn afiri yɛn atamfoɔ nsam.”
4 So the people sent to Shiloh, and they brought from there the ark of the covenant of the LORD of Armies, who sits above the cherubim; and the two sons of Eli, Hophni and Phinehas, were there with the ark of the covenant of God.
Enti, nnipa no somaa mmarima kɔɔ Silo, na wɔde Otumfoɔ Awurade a ɔte Kerubim ntam Apam Adaka no baeɛ. Saa ɛberɛ no na Eli mmammarima baanu Hofni ne Pinehas ka wɔn a wɔsoaa Onyankopɔn Apam Adaka no kɔɔ akono hɔ no ho.
5 When the ark of the LORD’s covenant came into the camp, all Israel shouted with a great shout, so that the earth resounded.
Ɛberɛ a Israelfoɔ no hunuu sɛ wɔde Awurade Apam Adaka no reba nsraban no mu no, wɔn nyinaa bɔɔ ose maa asase wosoeɛ.
6 When the Philistines heard the noise of the shout, they said, “What does the noise of this great shout in the camp of the Hebrews mean?” They understood that the LORD’s ark had come into the camp.
Filistifoɔ no bisaa sɛ, “Ɛdeɛn na ɛrekɔ so yi? Ɛdeɛn osebɔ na ɛwɔ Hebrifoɔ sraban mu hɔ yi?” Wɔtee sɛ Awurade Apam Adaka no na abɛduru sraban mu hɔ no,
7 The Philistines were afraid, for they said, “God has come into the camp.” They said, “Woe to us! For there has not been such a thing before.
wɔsuroeɛ. Na wɔkaa sɛ, “Anyame no aba wɔn sraban mu hɔ. Ɛnneɛ, asɛm ato yɛn! Yɛnhyiaa asɛm a ɛte sei bi da.
8 Woe to us! Who shall deliver us out of the hand of these mighty gods? These are the gods that struck the Egyptians with all kinds of plagues in the wilderness.
Hwan na ɔbɛgye yɛn afiri saa Israel anyame atumfoɔ yi nsam? Wɔne anyame a wɔde owu yadeɛ ahodoɔ nyinaa bi sɛee Misraimfoɔ, ɛberɛ a Israelfoɔ wɔ ɛserɛ so hɔ no.
9 Be strong and behave like men, O you Philistines, that you not be servants to the Hebrews, as they have been to you. Strengthen yourselves like men, and fight!”
Monnyere mo ho, Filistifoɔ! Monnyina sɛ mmarima; anyɛ saa a, Hebrifoɔ no bɛfa mo nkoa sɛdeɛ wɔyɛɛ yɛn nkoa no.”
10 The Philistines fought, and Israel was defeated, and each man fled to his tent. There was a very great slaughter; for thirty thousand footmen of Israel fell.
Enti, Filistifoɔ no koo anibereɛ so, dii Israelfoɔ no so bio. Wɔn a wɔkunkumm wɔn no dɔɔso. Israelfoɔ ɔpeduasa na wɔkunkumm wɔn ɛda no. Wɔn a wɔnyaa wɔn ti didii mu no dwane kɔɔ wɔn ntomadan mu.
11 God’s ark was taken; and the two sons of Eli, Hophni and Phinehas, were slain.
Wɔfaa Onyankopɔn Apam Adaka no, na wɔkunkumm Eli mmammarima baanu a wɔyɛ Hofni ne Pinehas no.
12 A man of Benjamin ran out of the army and came to Shiloh the same day, with his clothes torn and with dirt on his head.
Ɛda no ara, ɔbarima bi firi Benyamin abusuakuo mu dwane firii akono hɔ bɛduruu Silo. Na watete ne ntadeɛ mu, de mfuturo ahura ne tiri mu, de kyerɛ nʼawerɛhoɔ.
13 When he came, behold, Eli was sitting on his seat by the road watching, for his heart trembled for God’s ark. When the man came into the city and told about it, all the city cried out.
Na Eli retwɛn wɔ kwankyɛn baabi, pɛ sɛ ɔte ɔko no mu nsɛm, ɛfiri sɛ, na ne bo ntɔ ne yam koraa wɔ Onyankopɔn Apam Adaka no ho. Ɔbɔfoɔ no ba bɛkaa asɛm a asie no, wɔtee nteateamu bi wɔ kuro no mu nyinaa.
14 When Eli heard the noise of the crying, he said, “What does the noise of this tumult mean?” The man hurried, and came and told Eli.
Eli bisaa sɛ, “Saa nteateamu yi ase ne sɛn?” Ɔbɔfoɔ no yɛɛ ntɛm kɔɔ Eli,
15 Now Eli was ninety-eight years old. His eyes were set, so that he could not see.
a na wadi mfeɛ aduɔkron nwɔtwe na nʼani afira no nkyɛn.
16 The man said to Eli, “I am he who came out of the army, and I fled today out of the army.” He said, “How did the matter go, my son?”
Ɔka kyerɛɛ Eli sɛ, “Seesei ara na mefiri akono hɔ baeɛ. Nnɛ yi ara, na mewɔ hɔ.” Eli bisaa sɛ, “Na ɛkɔsii sɛn?”
17 He who brought the news answered, “Israel has fled before the Philistines, and there has been also a great slaughter among the people. Your two sons also, Hophni and Phinehas, are dead, and God’s ark has been captured.”
Ɔbɔfoɔ no buaa sɛ, “Israelfoɔ adi nkoguo. Israel akodɔm no mpem mpem atotɔ wɔ akono hɔ. Afei, wo mmammarima baanu a ɛyɛ Hofni ne Pinehas no nso wɔawuwu, na Onyankopɔn Apam Adaka no nso, wɔafa.”
18 When he made mention of God’s ark, Eli fell from off his seat backward by the side of the gate; and his neck broke, and he died, for he was an old man and heavy. He had judged Israel forty years.
Ɔbɔfoɔ no kaa Onyankopɔn Apam Adaka no ho asɛm ara pɛ, Eli firi akonnwa a ɔte so mu wɔ abɔntenpono ho no te hwee nʼakyi. Ne kɔn mu buiɛ, ɛfiri sɛ, na wabɔ akɔkoraa a ne mu nso yɛ duru. Na wadi Israel anim mfirinhyia aduanan.
19 His daughter-in-law, Phinehas’ wife, was with child, near to giving birth. When she heard the news that God’s ark was taken and that her father-in-law and her husband were dead, she bowed herself and gave birth; for her pains came on her.
Saa ɛberɛ no na nʼase baa a ɔyɛ Pinehas yere nyem a ɔreyɛ awoɔ. Ɔtee sɛ wɔafa Onyankopɔn Apam Adaka no, na nʼase ne ne kunu awuwuo no, awoɔ kaa no amonom hɔ.
20 About the time of her death the women who stood by her said to her, “Do not be afraid, for you have given birth to a son.” But she did not answer, neither did she regard it.
Ɔwuu wɔ awokoɔ mu, nanso ansa na ɔrebɛwu no, mmaa a wɔregye no awoɔ no kaa sɛ, “Nsuro woawo abarimaa.” Nanso, wammua wɔn na wankasa wɔn ho nso.
21 She named the child Ichabod, saying, “The glory has departed from Israel!” because God’s ark was taken, and because of her father-in-law and her husband.
Ɔbesebesee nʼano too abarimaa no edin Ikabod, “Animuonyam no wɔ he, Israel animuonyam no asa,” ɛfiri sɛ, wɔafa Onyankopɔn Apam Adaka no na nʼase ne ne kunu nso awuwu.
22 She said, “The glory has departed from Israel; for God’s ark has been taken.”
Ɔkaa sɛ, “Animuonyam afiri Israel mu, ɛfiri sɛ, wɔafa Onyankopɔn Apam Adaka no.”

< 1 Samuel 4 >