< 1 Samuel 20 >

1 David fled from Naioth in Ramah, and came and said to Jonathan, “What have I done? What is my iniquity? What is my sin before your father, that he seeks my life?”
Dawid dwane firii Naiot a ɛwɔ Rama kɔhunuu Yonatan. Ɔbisaa sɛ, “Bɔne bɛn na mayɛ? Bɔne bɛn na mayɛ wʼagya, a enti ɔpɛ sɛ ɔkum me yi?”
2 He said to him, “Far from it; you will not die. Behold, my father does nothing either great or small, but that he discloses it to me. Why would my father hide this thing from me? It is not so.”
Yonatan teaam sɛ, “Ɛnyɛ nokorɛ. Menim yie sɛ ɔnnwenee biribi a ɛte saa ho, ɛfiri sɛ, ɔka ne nsɛm nyinaa kyerɛ me; mpo, ne nsɛm nketenkete nyinaa ɔma mʼaso te. Menim sɛ ɔrentumi mfa saa asɛm a ɛte sɛɛ nsie me da. Ɛnte saa ara da!”
3 David swore moreover, and said, “Your father knows well that I have found favor in your eyes; and he says, ‘Do not let Jonathan know this, lest he be grieved;’ but truly as the LORD lives, and as your soul lives, there is but a step between me and death.”
Ɛhɔ ara, Dawid kaa ntam wɔ Yonatan anim sɛ, “Wʼagya nim yɛn ayɔnkofa yi mu pefee enti, waka wɔ ne tirim sɛ, ‘Merenka nkyerɛ Yonatan. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mede ɔhaw to no so?’ Nanso, meka wo ntam sɛ, mene owuo ntam kwan nware koraa! Mede Awurade ne wo ara wo ɔkra ka ntam!”
4 Then Jonathan said to David, “Whatever your soul desires, I will even do it for you.”
Na Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Kyerɛ me deɛ menyɛ!”
5 David said to Jonathan, “Behold, tomorrow is the new moon, and I should not fail to dine with the king; but let me go, that I may hide myself in the field to the third day at evening.
Dawid buaa sɛ, “Ɔkyena yɛbɛdi Ɔbosome Foforɔ Afahyɛ. Ɛberɛ biara, sɛ dapɔnna no duru saa a, me ne wʼagya to nsa didi. Nanso, ɔkyena deɛ, mɛkora me ho wɔ wiram ara kɔsi ne nnansa so anwummerɛ.
6 If your father misses me at all, then say, ‘David earnestly asked leave of me that he might run to Bethlehem, his city; for it is the yearly sacrifice there for all the family.’
Na sɛ wʼagya bisa sɛ mewɔ he a, ka kyerɛ no sɛ, ‘mesrɛɛ ɛkwan sɛ merekɔ me kurom Betlehem, na me ne me fiefoɔ akɔbɔ afirinhyia afɔdeɛ.’
7 If he says, ‘It is well,’ your servant shall have peace; but if he is angry, then know that evil is determined by him.
Sɛ ɔka sɛ, ‘Ɛyɛ’ a, wobɛhunu sɛ biribiara da yie. Na sɛ nso ne bo fu, na ɔgye hwanyan a, wobɛhunu sɛ, ɔrehyehyɛ ho sɛ, ɔbɛkum me.
8 Therefore deal kindly with your servant, for you have brought your servant into a covenant of the LORD with you; but if there is iniquity in me, kill me yourself, for why should you bring me to your father?”
Ɛda saa adɔeɛ yi adi kyerɛ me, sɛ adamfo a maka ntam adi nse akyerɛ wo, ɛfiri sɛ, yɛn nyinaa wɔ apam wɔ Awurade anim. Na sɛ ɛnte saa, na mayɛ bɔne atia wʼagya a, wo ara kum me. Nanso, mesrɛ wo, nyi me mma.”
9 Jonathan said, “Far be it from you; for if I should at all know that evil were determined by my father to come on you, then would not I tell you that?”
Yonatan teaam sɛ, “Ɛmpare me! Wo ara wonim sɛ, sɛ menim mʼagya nsusuiɛ no ho biribi a, anka maka akyerɛ wo dada.”
10 Then David said to Jonathan, “Who will tell me if your father answers you roughly?”
Na Dawid bisaa Yonatan sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na mahunu sɛ wʼagya bo afu anaasɛ ne bo mfuiɛ?”
11 Jonathan said to David, “Come! Let’s go out into the field.” They both went out into the field.
Yonatan buaa sɛ, “Bra na yɛnkɔ wiram hɔ.” Na wɔn nyinaa kɔɔ hɔ.
12 Jonathan said to David, “By the LORD, the God of Israel, when I have sounded out my father about this time tomorrow, or the third day, behold, if there is good toward David, will not I then send to you and disclose it to you?
Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Ɔkyena akyi sɛsɛɛ, mɛhyɛ bɔ wɔ Awurade Israel Onyankopɔn din mu sɛ me ne mʼagya bɛkasa, na mɛma woahunu deɛ ɔka fa wo ho. Sɛ ɔdi wo ho adanseɛ pa a, mɛma woate no ntɛm.
13 The LORD do so to Jonathan and more also, should it please my father to do you evil, if I do not disclose it to you and send you away, that you may go in peace. May the LORD be with you as he has been with my father.
Nanso sɛ mʼagya bo afu, na ɔpɛ sɛ ɔkum wo, na sɛ manka ankyerɛ wo ma wo annwane a Awurade nkum me. Awurade nka wo ho sɛdeɛ ɔkaa mʼagya ho no.
14 You shall not only show me the loving kindness of the LORD while I still live, that I not die;
Na fa Awurade nokorɛ dɔ no bi dɔ me ɛberɛ a mete ase yi. Na sɛ mewu,
15 but you shall also not cut off your kindness from my house forever, no, not when the LORD has cut off every one of the enemies of David from the surface of the earth.”
na ɛba sɛ Awurade twa Dawid atamfoɔ nyinaa gu firi asase ani mpo a, nyi wʼadɔeɛ mfiri me fiefoɔ so da biara da.”
16 So Jonathan made a covenant with David’s house, saying, “The LORD will require it at the hand of David’s enemies.”
Enti, Yonatan ne Dawid yɛɛ apam sɛ, “Awurade ntɔre Dawid atamfoɔ nyinaa ase.”
17 Jonathan caused David to swear again, for the love that he had to him; for he loved him as he loved his own soul.
Esiane ɔdɔ a Yonatan wɔ ma Dawid no enti, ɔmaa no tii ne ntam no mu bio, ɛfiri sɛ, na ɔdɔ no sɛdeɛ ɔdɔ ɔno ankasa ho.
18 Then Jonathan said to him, “Tomorrow is the new moon, and you will be missed, because your seat will be empty.
Afei, Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Ɔkyena na ɛyɛ ɔbosome foforɔ afahyɛ no. Yɛrenhunu wo, ɛfiri sɛ, wʼakonnwa so bɛda hɔ.
19 When you have stayed three days, go down quickly and come to the place where you hid yourself when this started, and remain by the stone Ezel.
Ɔkyena akyi, ɛrekɔ anwummerɛ no, kɔ baabi a saa nsɛm yi refiti aseɛ no, wokɔsumaa wo ho no, na twɛn wɔ aboɔ esie no ho.
20 I will shoot three arrows on its side, as though I shot at a mark.
Mɛto agyan mmiɛnsa afa ne nkyɛn, te sɛ deɛ mereto abɔ biribi no.
21 Behold, I will send the boy, saying, ‘Go, find the arrows!’ If I tell the boy, ‘Behold, the arrows are on this side of you. Take them;’ then come, for there is peace to you and no danger, as the LORD lives.
Afei, mɛsoma abarimaa bi aka sɛ, ‘Kɔ na kɔhwehwɛ bɛmma no.’ Sɛ meka kyerɛ no sɛ, ‘Hwɛ, bɛmma no wɔ fa ha; tase brɛ me a,’ bra, ɛfiri sɛ, mmerɛ dodoɔ ko a Awurade te ase yi, wo ho sɔnn; bɔne bi nni hɔ.
22 But if I say this to the boy, ‘Behold, the arrows are beyond you,’ then go your way, for the LORD has sent you away.
Na sɛ meka kyerɛ abarimaa no sɛ, ‘Hwɛ, bɛmma no wɔ wʼanim’ a, ɛnneɛ, na ɛsɛ sɛ wokɔ, ɛfiri sɛ, Awurade na ɔse kɔ.
23 Concerning the matter which you and I have spoken of, behold, the LORD is between you and me forever.”
Na Awurade mmoa yɛn na yɛnni ɛbɔ a yɛahyehyɛ yɛn ho yɛn ho no so, ɛfiri sɛ ɔno ne yɛn danseni.”
24 So David hid himself in the field. When the new moon had come, the king sat himself down to eat food.
Na Dawid kɔtɛɛ wiram, na ɛberɛ a ɔbosome foforɔ afahyɛ no duruiɛ no, ɔhene no tenaa ase sɛ ɔrebɛdidi.
25 The king sat on his seat, as at other times, even on the seat by the wall; and Jonathan stood up, and Abner sat by Saul’s side, but David’s place was empty.
Ɔtenaa nʼatenaeɛ a ɛbɛn ɔfasuo ho a ɛne Yonatan di nhwɛanim, na Abner tena dii Saulo so, nanso Dawid atenaeɛ hɔ deɛ, ɛdaa hɔ bio.
26 Nevertheless Saul did not say anything that day, for he thought, “Something has happened to him. He is not clean. Surely he is not clean.”
Na ɛda no, Saulo anka asɛm biara. Na ɔdwenee sɛ, “Gyama asɛm bi ato Dawid a ɛmma ne ho nte mma saa afahyɛ no ase. Ɛno enti na ɔnni ha ɛnnɛ no.”
27 On the next day after the new moon, the second day, David’s place was empty. Saul said to Jonathan his son, “Why did not the son of Jesse come to eat, either yesterday, or today?”
Na adeɛ kyeeɛ a Dawid afa hɔ ada mpan bio no, Saulo bisaa ne ba Yonatan sɛ, “Adɛn enti na Yisai babarima no amma adidie nnora ne ɛnnɛ?”
28 Jonathan answered Saul, “David earnestly asked permission of me to go to Bethlehem.
Yonatan buaa sɛ, “Nokorɛm, Dawid srɛɛ me ɛkwan sɛ ɔrekɔ Betlehem.
29 He said, ‘Please let me go, for our family has a sacrifice in the city. My brother has commanded me to be there. Now, if I have found favor in your eyes, please let me go away and see my brothers.’ Therefore he has not come to the king’s table.”
Ɔkaa sɛ, ‘Ma menkɔ, ɛfiri sɛ, me fiefoɔ rebɔ afɔdeɛ wɔ kuro no mu enti, me nuabarima ahyɛ me sɛ, ɛsɛ sɛ mewɔ hɔ bi. Sɛ afei, manya wʼanim animuonyam a, ma me kwan na menkɔhwɛ me nuanom mmarima.’ Ɛno enti na wamma ɔhene didipono ho no.”
30 Then Saul’s anger burned against Jonathan, and he said to him, “You son of a perverse rebellious woman, do not I know that you have chosen the son of Jesse to your own shame, and to the shame of your mother’s nakedness?
Saulo bo fuu Yonatan, ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo ɔba kwasea, ɔbaa brakyewni tuateni ba! Wosusu sɛ mennim sɛ wopɛ sɛ Dawid di ɔhene si wo anan mu de hyɛ wo ne wo maame aniwuo?
31 For as long as the son of Jesse lives on the earth, you will not be established, nor will your kingdom. Therefore now send and bring him to me, for he shall surely die!”
Mmerɛ dodoɔ a Yisai babarima no te ase wɔ asase yi so no, worennya ɔhene nni da. Soma seesei ara na wɔnkɔfa no mmrɛ me, na menkum no!”
32 Jonathan answered Saul his father, and said to him, “Why should he be put to death? What has he done?”
Yonatan bisaa nʼagya sɛ, “Adɛn enti na ɛsɛ sɛ wɔkum no? Ɛdeɛbɛn na wayɛ?”
33 Saul cast his spear at him to strike him. By this Jonathan knew that his father was determined to put David to death.
Ɛhɔ ara, Saulo too pea sɛ ɔde rewɔ no, akum no. Afei Yonatan hunuu sɛ nʼagya asi nʼadwene pi sɛ ɔbɛkum Dawid.
34 So Jonathan arose from the table in fierce anger, and ate no food the second day of the month; for he was grieved for David, because his father had treated him shamefully.
Yonatan de abufuden sɔre firii didipono no ho. Na ɛda a ɛtɔ so mmienu wɔ bosome no mu no, wannidi, ɛfiri sɛ, ne werɛ hoo wɔ nʼagya animguasedeɛ a ɔpɛ sɛ ɔyɛ Dawid no ho.
35 In the morning, Jonathan went out into the field at the time appointed with David, and a little boy with him.
Ade kyeeɛ no, Yonatan kɔɔ wiram. Sɛdeɛ wɔahyehyɛ ho no. Ɔfaa abarimaa ketewa bi kaa ne ho a ɔbɛboaboa ne bɛmma ano.
36 He said to his boy, “Run, find now the arrows which I shoot.” As the boy ran, he shot an arrow beyond him.
Ɔka kyerɛɛ abarimaa no sɛ, “Hyɛ aseɛ tu mmirika kɔhwehwɛ bɛmma a metoto no.” Na abarimaa no retu mmirika akɔ no, Yonatan too bɛmma no baako traa no.
37 When the boy had come to the place of the arrow which Jonathan had shot, Jonathan cried after the boy, and said, “Is not the arrow beyond you?”
Na ɛberɛ a abarimaa no duruu baabi a Yonatan bɛmma no akɔtɔ no, Yonatan frɛɛ no sɛ, “bɛmma no ntraa wo anaa?”
38 Jonathan cried after the boy, “Go fast! Hurry! Do not delay!” Jonathan’s boy gathered up the arrows, and came to his master.
Enti, Yonatan teaam sɛ, “Ka wo ho! Kɔ ntɛm! Nnyina.” Abarimaa no faa bɛmma no sane baa ne wura nkyɛn.
39 But the boy did not know anything. Only Jonathan and David knew the matter.
Na abarimaa no nnim yei ho hwee; Yonatan ne Dawid nko ara na na wɔnim.
40 Jonathan gave his weapons to his boy, and said to him, “Go, carry them to the city.”
Na Yonatan de nʼakodeɛ maa abarimaa no kaa sɛ, “Kɔ, soa sane fa kɔ kurom.”
41 As soon as the boy was gone, David arose out of the south, and fell on his face to the ground, and bowed himself three times. They kissed one another and wept with one another, and David wept the most.
Ɛberɛ a abarimaa no kɔeɛ ara pɛ, Dawid pue firii baabi a ɔkɔhintaeɛ hɔ a ɛbɛn aboɔ sie no baeɛ. Na Dawid bɔɔ ne mu ase wɔ Yonatan anim, de nʼanim butuu fam. Na wɔfefee wɔn ho ano, na wɔmaa wɔn ho wɔn ho nante yie, na wɔsuiɛ, ne titire no, Dawid.
42 Jonathan said to David, “Go in peace, because we have both sworn in the LORD’s name, saying, ‘The LORD is between me and you, and between my offspring and your offspring, forever.’” He arose and departed; and Jonathan went into the city.
Akyire no, Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Kɔ asomdwoeɛ mu, ɛfiri sɛ, yɛayɛ apam wɔ Awurade din mu. Yɛde yɛn mu biara ne yɛn mu biara mma ahyɛ Awurade nsa afebɔɔ.” Na Dawid kɔeɛ, ɛnna Yonatan nso sane kɔɔ kuro no mu.

< 1 Samuel 20 >