< Psalmen 150 >

1 Halleluja! Looft Jahweh in zijn heiligdom, Looft Hem in het firmament zijner glorie;
Monkamfo Awurade. Monkamfo Awurade wɔ ne kronkronbea; monkamfo no wɔ ɔsoro tumi mu.
2 Looft Hem om zijn machtige daden, Looft Hem om zijn ontzaglijke grootheid!
Monkamfo no wɔ ne tumi mu nneyɛe ho; monkamfo no wɔ ne kɛseyɛ a ɛboro biribiara so no ho.
3 Looft Hem met bazuingeschal, Looft Hem met harp en citer;
Momfa torobɛnto nnyigyei nkamfo no, momfa asanku ne bɛnta nkamfo no,
4 Looft Hem met pauken en koren, Looft Hem op snaren en fluit!
momfa akasaa ne asaw nkamfo no, momfa sankuten ne atɛntɛbɛn nkamfo no,
5 Looft Hem met schelle cimbalen, Looft Hem met kletterende bekkens!
momfa kyɛnkyɛn mmobɔmu so nkamfo no, momfa kyɛnkyɛn nnyigyei nkamfo no.
6 Looft Jahweh, alles wat ademt! Halleluja!
Momma nea ɛhome nyinaa nkamfo Awurade. Monkamfo Awurade.

< Psalmen 150 >