< Ordsprogene 1 >

1 Ordsprog af Salomo, Davids Søn, Israels Konge.
Dawid babarima Salomo, Israelhene, mmebusɛm ni:
2 Af dem skal man lære Visdom forstandig Tale,
Ne botae ne sɛ ɛbɛkyerɛ nnipa nyansa ne ahohyɛso; ne sɛ ɛbɛboa ama wɔate nsɛm a emu dɔ ase;
3 tage mod Tugt, som gør klog, mod Retfærdighed, Ret og Retsind;
sɛ wobenya akwankyerɛ wɔ abrabɔ pa mu, a ɛbɛma wɔayɛ ade pa, nea ɛteɛ na ho nni asɛm;
4 de skal give tankeløse Klogskab, ungdommen Kundskab og Kløgt;
sɛ ɛbɛma nea nʼadwene mu nnɔ anya nyansa na mmabun anya nimdeɛ ne adwene,
5 den vise høre og øge sin Viden, den forstandige vinde sig Levekunst;
anyansafo ntie na wɔmfa nka nea wonim ho, na nea ɔwɔ nhumu nya akwankyerɛ a
6 de skal lære at tyde Ordsprog og Billeder, de vises Ord og Gåder.
ɛbɛma wate mmɛ ne kasammebu, anyansafo nsɛnka ne abisaa ase.
7 HERRENs Frygt er Kundskabs begyndelse, Dårer ringeagter Visdom og Tugt.
Awurade suro yɛ nimdeɛ mfiase, na nkwaseafo bu nyansa ne ahohyɛso animtiaa.
8 Hør, min Søn, på din Faders Tugt, opgiv ikke din Moders Belæring.
Me ba, tie wʼagya akwankyerɛ na mpo wo na nkyerɛkyerɛ.
9 thi begge er en yndig Krans til dit Hoved og Kæder til din Hals.
Ɛbɛyɛ wo ti anuonyam abotiri ne wo kɔn mu atweaban.
10 Min Søn, sig nej, når Syndere lokker!
Me ba, sɛ nnebɔneyɛfo twetwe wo a, mma wɔn ho kwan.
11 Siger de: "Kom med, lad os lure på den fromme, lægge Baghold for sagesløs, skyldfri Mand!
Sɛ wɔka se, “Bra ma yɛnkɔ; ma yɛnkɔtetɛw na yenkum obi, ma yɛnkɔtɛw ntwɛn mmɔborɔni bi;
12 Som Dødsriget sluger vi dem levende, med Hud og Hår, som for de i Graven. (Sheol h7585)
ma yɛmmemene wɔn anikann sɛ ɔda, koraa, te sɛ wɔn a wɔkɔ ɔda mu; (Sheol h7585)
13 Vi vinder os Gods og Guld, vi fylder vore Huse med Rov.
yebenya nneɛma a ɛsom bo ahorow na yɛde asade ahyɛ yɛn afi ma;
14 Gør fælles Sag med os; vi har alle fælles Pung!"
fa wo ho bɛhyɛ mu, na wubenya wo kyɛfa wɔ ahonyade no mu.”
15 - min Søn, gå da ikke med dem, hold din Fod fra deres Sti;
Me ba, wo ne wɔn nnantew, mfa wo nan nsi wɔn akwan so;
16 thi deres Fødder løber efter ondt, de haster for at udgyde Blod.
Wɔn anan de ntɛmpɛ kɔ bɔne mu, na wɔde ahoɔhare ka mogya gu.
17 Thi det er unyttigt at udspænde Garnet for alle Fugles Øjne;
So nni mfaso sɛ obi besum nnomaafiri wɔ beae a anomaa biara hu!
18 de lurer på eget Blod, lægger Baghold for eget Liv.
Saa nnipa yi tetɛw pɛ wɔn ankasa mogya; wɔtetɛw wɔn ankasa wɔn ho!
19 Så går det enhver, der attrår Rov, det tager sin Herres Liv.
Saa na wɔn a wodi akorɔnne akyi no awiei te; ɛma wɔhwere wɔn nkwa!
20 Visdommen råber på Gaden, på Torvene løfter den Røsten;
Nyansa teɛ mu wɔ mmɔnten so, ɔma ne nne so wɔ aguabɔbea,
21 oppe på Murene kalder den, tager til Orde i Byen ved Portindgangene:
ɔteɛ mu wɔ afasu no atifi, ɔkasa wɔ kuropɔn no apon ano se,
22 Hvor længe vil I tankeløse elske Tankeløshed, Spotterne finde deres Glæde i Spot og Dårerne hade kundskab?
“Mo adwenharefo, mobɛyɛ adwenhare akosi da bɛn? Fɛwdifo bedi fɛw akosi da bɛn? Nkwaseafo bekyi nimdeɛ akosi da bɛn?
23 Vend eder til min Revselse! Se, jeg lader min Ånd udvælde for eder, jeg kundgør eder mine Ord:
Sɛ mutiee mʼanimka a, anka mekaa me koma mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ mo ma muhuu me nsusuwii.
24 Fordi jeg råbte og I stod imod, jeg vinked og ingen ænsed det,
Nanso sɛ muyii mo aso, bere a mefrɛɛ mo na amfa obiara ho, bere a meteɛɛ me nsa mu,
25 men I lod hånt om alt mit Råd og tog ikke min Revselse til jer,
sɛ mopoo mʼafotu, na moampɛ mʼanimka nti,
26 derfor ler jeg ved eders Ulykke, spotter, når det, I frygter, kommer,
me nso mɛserew mo wɔ mo amanehunu mu; sɛ abɛbrɛsɛ bi bu fa mo so a, midi mo ho fɛw,
27 når det, I frygter, kommer som Uvejr, når eders Ulykke kommer som Storm, når Trængsel og Nød kommer over jer.
sɛ abɛbrɛsɛ bi bu fa mo so te sɛ ahum, na amanehunu bi bɔ fa mo so sɛ mfɛtɛ, na awerɛhow ne ɔhaw mene mo a,
28 Da svarer jeg ej, når de kalder, de søger mig uden at finde,
“Afei wɔbɛfrɛ me, nanso meremmua; wɔbɛhwehwɛ me, nanso wɔrenhu me.
29 fordi de hadede Kundskab og ikke valgte HERRENs Frygt;
Esiane sɛ wokyii nimdeɛ na wɔampɛ sɛ wobesuro Awurade,
30 mit Råd tog de ikke til sig, men lod hånt om al min Revselse.
sɛ wɔpoo mʼafotu, na wobuu me nteɛso animtiaa nti,
31 Frugt af deres Færd skal de nyde og mættes med egne Råd;
wobedi wɔn akwan so aba; na wɔn nhyehyɛe mu aduan bɛmee wɔn.
32 thi tankeløses Egensind bliver deres Død, Tåbers Sorgløshed bliver deres Undergang;
Na ntetekwaafo asoɔden bekum wɔn, na nkwaseafo tirimudɛ bɛsɛe wɔn;
33 men den, der adlyder mig, bor trygt, sikret mod Ulykkens Rædsel.
Nanso obiara a obetie me no, ɔbɛtena ase asomdwoe mu na ne ho bɛtɔ no a ɔrensuro ɔhaw biara.”

< Ordsprogene 1 >