< Malakias 2 >

1 Og nu udgår følgende Påbud til eder, I Præster;
Afei mo asɔfo, saa animka yi yɛ mo de.
2 Hvie I ikke adlyder og lægger eder på Sinde at holde mit Navn i Ære, siger Hærskarers HERRE, så sender jeg Forbandelse over eder og vender eders Velsignelse til Forbandelse, ja til Forbandelse, fordi I ikke lægger eder det på Sinde.
Sɛ moantie, sɛ moanyɛ mo adwene sɛ mobɛhyɛ me anuonyam a mede nnome bɛba mo so, na mɛdan mo nhyira ama ayɛ nnome. Yiw, madome wɔn dedaw, efisɛ monyɛɛ mo adwene sɛ mobɛhyɛ me anuonyam, sɛnea Asafo Awurade se ni.
3 Se, jeg afhugger Armen på eder og kaster Skarn i Ansigtet på eder, Skarnet fra eders Højtider, og eders Ofre oven i Købet;
Mo nti mɛka mo asefo anim, na mede mo afahyɛ afɔrebɔ mmoa no agyanan bɛpete mo anim, na wɔasoa mo aka ho akɔ.
4 og I skal kende, at jeg har sendt eder dette Påbud, fordi jeg har en Pagt med Levi, siger Hærskarers HERRE.
Na mubehu sɛ, masoma ma wɔde saa animka yi abrɛ mo sɛnea ɛbɛyɛ a me ne Lewi apam no bɛkɔ so atena hɔ. Sɛnea Asafo Awurade se ni.
5 Min Pagt med ham var, at jeg skulde give ham Liv og Fred, og han skulde frygte mig og bæve for mit Navn;
Me ne no yɛɛ apam, nkwa ne asomdwoe apam. Na ehia ma nidi, enti ɔde nidi maa me na ɔde fɛre maa me din.
6 Sandheds Lære var i hans Mund, Svig fandtes ikke på hans Læber; i Fred og Sanddruhbed vandrede han med mig, og mange holdt han fra Brøde.
Nokware nkyerɛkyerɛ fii nʼanom, na wanka nkontomposɛm biara. Ɔne me nantew asomdwoe ne nokwaredi mu, na ɔmaa bebree dan wɔn ho fii bɔne ho.
7 Thi Præstens Læber vogter på Kundskab, og Vejledning søger man af hans Mund; thi han er Hærskarers HERREs Sendebud.
“Ɛsɛ sɛ, ɔsɔfo ano kora nimdeɛ. Nnipa hwehwɛ nkyerɛkyerɛ fi ne nkyɛn, efisɛ ɔyɛ Asafo Awurade no somafo.
8 Men I veg bort fra Vejen; mange har I bragt til Fald ved eders Vejledning, Levis Pagt har I ødelagt, siger Hærskarers HERRE.
Nanso moaman afi ɔkwan no so, na mo nkyerɛkyerɛ ama bebree ahintihintiw; moabu me ne Lewi apam no so.” Sɛnea Asafo Awurade se ni.
9 Derfor har jeg også gjort eder ringeagtede og oversete af alt Folket, fordi I ikke tager Vare på mine Veje eller bryder eder om Loven.
“Enti mama mo anim agu ase na mabrɛ mo ase wɔ nnipa anim, efisɛ moannantew mʼakwan so na mmom mode animhwɛ abu mmara so.”
10 Har vi ikke alle en og samme Fader, er det ikke en og samme Gud, som bar skabt os? Hvorfor er vi da troløse mod hverandre, så vi vanhelliger vore Fædres Pagt?
Yɛn nyinaa mfi Agya baako? Ɛnyɛ Onyankopɔn baako na ɔbɔɔ yɛn? Na, afei, adɛn nti na yenni yɛn ho yɛn ho nokware, na yɛde bu yɛn agyanom apam no so?
11 Juda er troløst, og Vederstyggelighed øves i Israel og Jerusalem; thi Juda vanhelliger den Helligdom, HERREN elsker, og tager en fremmed Guds Datter til Ægte.
Yuda anni nokware. Akyiwadeyɛ bi asi wɔ Israel ne Yerusalem mu: Yuda agu hyiadan a Awurade dɔ no ho fi, efisɛ waware ɔbea a ɔsom ananafo nyame.
12 HERREN unddrage den Mand. som gør sligt, en til at våge og svare i Jakobs Telte og en til at frembære Offergave for Hærskarers HERRE!
Ɔbarima a ɔyɛ eyi de, sɛnea ɔte biara, Awurade mpam no mfi Yakob ntamadan mu, mpo sɛ ɔde afɔrebɔde brɛ Asafo Awurade no koraa a.
13 Og for det andet gør l dette: I hyller HERRENs Alter i Tårer, Gråd og Klage, så han ikke mere vender sig til Offergaven eller med Glæde modtager Gaver af eders Hånd.
Ade a moyɛ bio ne sɛ: mode nusu fɔw Awurade afɔremuka no. Mote nusu na mutwa adwo efisɛ ɔnhwɛ mo afɔrebɔde no bio, na ɔmmfa anigye nnye mfi mo nkyɛn.
14 Og I spørger: "Hvorfor?" Fordi HERREN var Vidne mellem dig og din Ungdomshustru, mod hvem du har været troløs, skønt hun hører til dit Folk og deler din Tro.
Mubisa se, “Adɛn nti?” Efisɛ Awurade te sɛ ɔdanseni a ɔda wo ne wo mmerantebere mu yere ntam, nanso woanni no nokware, ɛwɔ mu sɛ ɔyɛ wo yere wɔ aware nhyehyɛe mu de.
15 Således gør ingen, så længe der er Ånd i ham. Hvorledes har det sig med ham? Han ønsker Afkom for Gud. Så tag Vare på eders Ånd, og ingen være troløs imod sin Ungdomshustru!
Ɛnyɛ Awurade koro no ara na ɔbɔɔ mo? Ɔhonam fam ne honhom fam no, moyɛ ne dea. Dɛn na Onyankopɔn hwehwɛ? Ɔrehwehwɛ mma a onyamesuro wɔ wɔn mu. Enti da wo ho so wɔ honhom mu, na di wo mmerantebere mu yere nokware.
16 Thi jeg hader Skilsmisse, siger HERREN, Israels Gud, og at man hyller sin Klædning i Uret, siger Hærskarers HERRE. Så tag eder i Vare for eders Ånds Skyld og vær ikke troløse!
“Mikyi awaregyae!” Sɛnea Awurade Israel Nyankopɔn se ni. “Na metan ɔbarima a ɔde abufuwhyew hyɛ ne yere so na ɔsan de ne ntama kata no so,” sɛnea Asafo Awurade se ni. Enti da wo ho so wɔ honhom mu, na di nokware.
17 I trætter HERREN med eders Ord. Og I spørger: "Hvorved trætter vi?" Ved at sige: "Enhver som gør ondt, er god i HERRENs Øjne; i dem har han Behag; hvor er ellers Dommens Gud?"
Mode mo nsɛm tuatua Awurade aso. Mubisa se, “Ɔkwan bɛn so na moatuatua nʼaso?” Moka se, “Wɔn a wɔyɛ bɔne nyinaa sen wɔ Awurade anim, na wɔsɔ nʼani,” anaa “Onyankopɔn temmufo nokwafo no wɔ he?”

< Malakias 2 >