< Job 27 >

1 Job vedblev at fremsætte sit Tankesprog:
Hiob toaa nʼasɛm so se,
2 "Så sandt Gud lever, som satte min Ret til Side, den Almægtige, som gjorde mig mod i Hu:
“Sɛ Onyankopɔn te ase yi, nea wammu me atɛntrenee no, Otumfo a wama madi me kra mu awerɛhow,
3 Så længe jeg drager Ånde og har Guds Ånde i Næsen,
mmere dodow a nkwa wɔ me mu, na Onyankopɔn home wɔ me mu yi,
4 skal mine Læber ej tale Uret, min Tunge ej fare med Svig!
mʼano renka amumɔyɛsɛm, na me tɛkrɛma rentwa nkontompo.
5 Langt være det fra mig at give jer Ret; til jeg udånder, opgiver jeg ikke min Uskyld.
Merennye nto mu da sɛ nea woka no yɛ nokware; merenka me mudi nhyɛ, kosi sɛ mewu.
6 Jeg hævder min Ret, jeg slipper den ikke, ingen af mine Dage piner mit Sind.
Mekura me trenee mu, merennyaa mu; sɛ mete ase yi, me tiboa remmu me fɔ.
7 Som den gudløse gå det min Fjende, min Modstander som den lovløse!
“Ma mʼatamfo nyɛ sɛ amumɔyɛfo, na wɔn a wokyi me nyɛ sɛ atorofo.
8 Thi hvad er den vanhelliges Håb, når Gud bortskærer og kræver hans Sjæl?
Anidaso bɛn na wɔn a wonni nyamesu no wɔ wɔ wɔn wu akyi, bere a Onyankopɔn agye wɔn nkwa afi wɔn nsam no?
9 Hører mon Gud hans Skrig, når Angst kommer over ham?
So Onyankopɔn tie wɔn sufrɛ bere a amanehunu aba wɔn so no ana?
10 Mon han kan fryde sig over den Almægtige, føjer han ham, når han påkalder ham?
So wɔn ani begye wɔ Otumfo no mu? Wobesu afrɛ Onyankopɔn bere biara ana?
11 Jeg vil lære jer om Guds Hånd, den Almægtiges Tanker dølger jeg ikke;
“Mɛma mo Onyankopɔn tumi ho nkyerɛkyerɛ; meremfa Otumfo no akwan nhintaw.
12 se, selv har I alle set det, hvi har I så tomme Tanker?
Mo ankasa moahu eyinom nyinaa. Afei nsɛnhunu yi ase ne dɛn?
13 Det er den gudløses Lod fra Gud, Arven, som Voldsmænd får fra den Almægtige:
“Eyi ne nea Onyankopɔn ahyɛ ato hɔ ama omumɔyɛfo, agyapade a otirimɔdenfo nya fi Otumfo no nkyɛn:
14 Vokser hans Sønner, er det for Sværdet, hans Afkom mættes ikke med Brød;
Sɛ ɔwɔ mma dodow dɛn ara, wɔn nkrabea ne afoa; na nʼasefo rennidi mmee da.
15 de øvrige bringer Pesten i Graven, deres Enker kan ej holde Klage over dem.
Ɔyaredɔm besie wɔn a wɔbɛka wɔ nʼakyi, na wɔn akunafo rensu wɔn.
16 Opdynger han Sølv som Støv og samler sig Klæder som Ler
Ɛwɔ mu sɛ ɔhɔre dwetɛ te sɛ mfutuma na ɔboa ntama ano sɛ dɔte,
17 han samler, men den retfærdige klæder sig i dem, og Sølvet arver den skyldfri;
nea ɔpɛ gu hɔ no, atreneefo na wobefura na pɛpɛyɛfo no nso akyekyɛ dwetɛ no.
18 han bygger sit Hus som en Edderkops, som Hytten, en Vogter gør sig;
Ofi a osi no te sɛ ananse abubummaba, ɛte sɛ pata bi a ɔwɛmfo abɔ.
19 han lægger sig rig, men for sidste ang, han slår Øjnene op, og er det ej mer;
Ɔda hɔ te sɛ ɔdefo, nanso ɔrenna saa bio; ɔbɛtew nʼani no na ne nyinaa atu ayera.
20 Rædsler når ham som Vande, ved Nat river Stormen ham bort;
Ahunahuna ba ne so sɛ nsuyiri; ahum hwim no kɔ anadwo.
21 løftet af Østenstorm farer han bort, den fejer ham væk fra hans Sted.
Apuei mframa soa no kɔ, na onni hɔ bio; ɛtwe no fi ne tenabea.
22 Skånselsløst skyder han på ham, i Hast må han fly fra hans Hånd;
Ɛbɔ no a ahummɔbɔ nni mu bere a ɔreguan afi ne tumi ase.
23 man klapper i Hænderne mod ham og piber ham bort fra hans Sted!
Ɔde fɛw bɔ ne nsam na ɔpam no fi ne tenabea.”

< Job 27 >