< Efeserne 2 >

1 Også eder, da I vare døde ved eders Overtrædelser og Synder,
Mo deɛ, na moawuwu wɔ mo amumuyɛ ne mo bɔne a
2 hvori I fordum vandrede efter denne Verdens Tidsånd, efter hans Vis, som hersker over Luftens Magt, over den Ånd, der nu er virksom i Genstridighedens Børn, (aiōn g165)
na anka mote mu, ɛberɛ a na modi ewiase ne ewiem sodifoɔ ahennie akyi no ne honhom a seesei ɛreyɛ adwuma wɔ wɔn a wɔyɛ asoɔden mu no. (aiōn g165)
3 iblandt hvilke også vi fordum alle vandrede i vort Køds Begæringer og gjorde Kødets og Tankernes Villie og vare af Natur Vredes Børn ligesom også de andre,
Ɛberɛ bi, yɛn nyinaa ne wɔn tena dii honam akɔnnɔ akyi yɛɛ ɔhonam apɛdeɛ ne ne nsusuiɛ. Yɛn nso na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abufuo ba yɛn so.
4 men Gud, som er rig på Barmhjertighed, har for sin store Kærligheds Skyld, hvormed han elskede os,
Nanso, ɛsiane nʼadɔyɛ a ɛdɔɔso ma yɛn enti, Onyankopɔn a nʼahummɔborɔ dɔɔso no
5 også da vi vare døde ved vore Overtrædelser, levendegjort os med Kristus - af Nåde ere I frelste!
maa yɛn nkwa wɔ Kristo mu, wɔ ɛberɛ a anka yɛawuwu wɔ amumuyɛ mu mpo; adom enti na wɔagye mo nkwa.
6 og medoprejst os og sat os med ham i det himmelske i Kristus Jesus,
Onyankopɔn nyanee yɛn ne Kristo, na ɔde yɛn ne Kristo atena ɔsoro ahemman mu
7 for at han i de tilkommende Tider kunde vise sin Nådes overvættes Rigdom ved Godhed imod os i Kristus Jesus. (aiōn g165)
sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nna a ɛreba no mu, ɔbɛda nʼadom ahonya a ɛboro so no adi; nʼadɔeɛ a ɔnam Kristo Yesu so yɛɛ yɛn no. (aiōn g165)
8 Thi af Nåden ere I frelste ved Tro, og det ikke af eder selv, Guds er Gaven;
Ɛyɛ adom no enti na wɔnam gyidie so agye mo nkwa. Ɛmfiri mo ankasa, ɛyɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ.
9 ikke af Gerninger, for at ikke nogen skal rose sig.
Ɛmfiri nnwuma mu, na obi de ahoahoa ne ho.
10 Thi vi ere hans Værk, skabte i Kristus Jesus til gode Gerninger, som Gud forud beredte, for at vi skulde vandre i dem.
Onyankopɔn na wayɛ yɛn sɛdeɛ yɛteɛ yi. Ɔnam Kristo so bɔɔ yɛn sɛ yɛmmɛyɛ nnwuma pa a wasiesie ato hɔ no.
11 Derfor kommer i Hu, at fordum I Hedninger i Kødet, I, som bleve kaldte Forhud af den såkaldte Omskærelse, der sker i Kødet med Hånden,
Afei, monkae sɛ mo a na anka kane no wɔwoo mo amanamanmufoɔ, na wɔn a wɔfrɛ wɔn ho twetiatwafoɔ, (deɛ wɔde nsa ayɛ wɔ honam mu) frɛ mo momonotofoɔ,
12 at I på den Tid, uden for Kristus, vare udelukkede fra Israels Borgerret og fremmede for Forjættelsens Pagter, uden Håb og uden Gud i Verden.
monkae sɛ saa ɛberɛ no, na moate mo ho afiri Kristo ho, na wɔnnkane mo mfra Israelfoɔ, na moyɛ ahɔhoɔ a monka bɔhyɛ apam no ho, na monni anidasoɔ ɛna monni Onyankopɔn nso wɔ ewiase.
13 Nu derimod, i Kristus Jesus, ere I, som fordum vare langt borte, komne nær til ved Kristi Blod.
Nanso, afei mo a na anka mowɔ akyirikyiri no, wɔnam Kristo mogya no so atwe mo abɛn Onyankopɔn.
14 Thi han er vor Fred, han, som gjorde begge til eet og nedbrød Gærdets Skillevæg,
Ɛfiri sɛ, Kristo no ankasa nam baako a wama Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ ayɛ no so de asomdwoeɛ aba. Ɔnam ɔno ankasa ne honam so bubuu ɔfasuo a na ɛtwa wɔn ntam ma wɔyɛ atamfoɔ no.
15 Fjendskabet, da han i sit Kød afskaffede Budenes Lov med dens Befalinger, for at han i sig kunde skabe de to til eet nyt Menneske ved at stifte Fred
Ɔnam ne onipadua so asɛe Mose Mmara ne nʼahyɛdeɛ tumi no. Ne botaeɛ ne sɛ ɔbɛma Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ ayɛ baako na ɔde asomdwoeɛ aba.
16 og for at forlige dem begge i eet Legeme med Gud ved Korset, idet han ved dette dræbte Fjendskabet.
Ɔnam asɛnnua a ɔde sɛee nitan a ɛwɔ wɔn ntam no so aka wɔn abom ayɛ onipadua baako na wapata wɔne Onyankopɔn ntam.
17 Og han kom og forkyndte Fred for eder, som vare langt borte, og Fred for dem, som vare nær.
Enti, Kristo ba bɛkaa Asɛmpa a ɛyɛ asomdwoesɛm no kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ akyirikyiri ne wɔn a wɔbɛn nyinaa.
18 Thi ved ham have vi begge i een Ånd Adgang til Faderen.
Ɔno enti yɛwɔ Honhom baako a yɛnam no so kɔ Agya no nkyɛn.
19 Så ere I da ikke mere fremmede og Udlændinge, men I ere de helliges Medborgere og Guds Husfolk,
Enti seesei, monnyɛ ahɔhoɔ ne amanfrafoɔ bio, na mmom mo ne Onyankopɔn nkurɔfoɔ no yɛ nnipa korɔ na mofra Onyankopɔn abusuafoɔ no mu,
20 opbyggede på Apostlenes og Profeternes Grundvold, idet Hovedhjørnestenen er Kristus Jesus selv,
na wɔato mo asi asomafoɔ no ne adiyifoɔ no fapem a Kristo Yesu no ankasa yɛ ne tweatiboɔ no so.
21 i hvem enhver Bygning sammenføjes og vokser til et helligt Tempel i Herren,
Ɔno na ɔma ɛdan mu no nyinaa yɛ baako na ɛbɛyɛ asɔredan kronkron wɔ Awurade mu.
22 i hvem også I blive medopbyggede til en Guds Bolig i Ånden.
Ne mu na wɔresiesie mo na mo abɔ mu abɛyɛ efie a Onyankopɔn nam ne Honhom so tena mu.

< Efeserne 2 >