< Amos 6 >

1 Ve Zions sorgløse mænd og de trygge på Samarias bjerg, I ædle blandt førstegrødefolket, hvem Israels Hus søger til;
Nnome nka mo a mogye mo ho die wɔ Sion, ne mo a mo asom adwo mo wɔ Samaria bepɔ so, mo atitire a mowɔ ɔman dikanfoɔ mu, a Israelfoɔ ba mo nkyɛn!
2 (drag over til Kalne og se, derfra over til det store Hamat og ned til Filisternes Gat: Er de bedre end disse Riger, deres Område større end eders?)
Monkɔ Kalne, nkɔhwɛ hɔ. Na momfiri hɔ nkɔ Hamat kɛseɛ mu, monsiane nkɔ Gat a ɛwɔ Filistia. Wɔyɛ sene mo ahemman mmienu no? Wɔn asase no so sene mo deɛ no anaa?
3 I, som afviser Ulykkesdagen og bringer Urettens Sæde nær.
Motu ɛda bɔne hyɛ ɛda na motwe Atemmuo da bɛn.
4 De ligger på Elfenbenslejer, henslængt på deres Bænke; af Hjorden æder de Lam og Kalve fra Fedesti;
Modeda asonse mpa so mogye mo ahome wɔ mo nnaeɛ mu, na mowe nnwammaa ne anantwie mma a wɔadɔre sradeɛ nam.
5 de kvidrer til Harpeklang og opfinder Strengeleg som David;
Mode mo sankuten to ahuhudwom, na mobɔ mo tirim yɛ nnwom wɔ mo nnwontodeɛ so te sɛ Dawid.
6 de drikker Vinen af Kander og salver sig med ypperste Olie, men sørger ej over Josefs Skade.
Monom nsã nkorama mu na mode sradehwam papa yɛ mo ho, na monni awerɛhoɔ wɔ Yosef sɛeɛ ho.
7 Derfor skal de nu føres bort forrest i landflygtiges Flok. Dagdrivernes Skrål får Ende, lyder det fra HERREN, Hærskarers Gud.
Ɛno enti, mobɛka atukɔfoɔ a wɔdi ɛkan no ho; na mo apontoɔ ne mo ahomegyeɛ to bɛtwa.
8 Den Herre HERREN svor ved sig selv: Afsky har jeg for Jakobs Hovmod, hans Borge vækker mit Had; jeg prisgiver Byen og dens fylde.
Otumfoɔ Awurade aka ne ho ntam na deɛ Asafo Awurade Onyankopɔn seɛ nie: “Mekyiri Yakob ahomasoɔ na memmpɛ nʼaban; mede kuropɔn no bɛma ɛne deɛ ɛwɔ mu nyinaa.”
9 Og er der end hele ti Mænd i eet Hus de skal dog dø.
Sɛ wogya nnipa edu wɔ efie baako mu a, wɔn nso bɛwuwu.
10 Og levnes der een, så trækkes han frem af sin Slægtning og den, som røer når Ligene hentes af Huse. Og han siger til ham inderst i Huset: "Er der flere hos dig?" Hin svarer: "Ingen!" Da siger han: "Tys!" Thi HERRENs Navn tør de ikke nævne.
Na sɛ obusuani a ɔrebɛhye awufoɔ no ba sɛ ɔrebɛfa wɔn afiri efie hɔ na ɔbisa obi a wakɔtɛ sɛ, “Obi ka wo ho anaa?” Na ɔbuaa sɛ, “Dabi” a, afei ɔbɛka sɛ, “Mua wʼano!” Ɛnsɛ sɛ wɔbɔ Awurade din.
11 Thi HERREN, se, han byder og slår det store Hus i Stykker, det lille Hus i Splinter.
Na Awurade ahyɛ mmara na ɔbɛbubu afie akɛseɛ no mu asinasini ne afie nketewa no nso mu nketenkete.
12 Løber mon Heste på Klipper, pløjes mon Havet med Okser? Men I vender Retten til Gift og Retfærds Frugt til Malurt;
Apɔnkɔ tu mmirika wɔ abotan a apaapae so anaa? Na obi de nantwie funtum hɔ anaa? Nanso, moadane atɛntenenee ayɛ no awuduro. Na tenenee nso ayɛ nwononwono.
13 I glæder jer over Lodebar og siger: "Mon ikke det var ved vor Styrke, vi tog Karnajim?
Mo a moani gye Lo-debar nkoguo ho, na mobisa sɛ, “Ɛnyɛ yɛn ahoɔden na yɛde dii Karnaim so anaa?”
14 Thi se, jeg rejser et Folk imod eder, Israels Hus, lyder det fra HERREN, Hærskarers Gud; Trængsel bringer det eder fra Egnen ved Hamat til Arababækken.
Deɛ Asafo Awurade Onyankopɔn seɛ nie: “Mɛhwanyan ɔman bi abɛtia mo, Ao Israelfoɔ, deɛ ɔbɛhyɛ mo so firi Lebo Hamat akɔsi Araba bɔnhwa mu.”

< Amos 6 >