< 2 Johannes 1 >

1 Den Ældste til den udvalgte Frue og hendes Børn, som jeg elsker i Sandhed, og ikke jeg alene, men også alle, som have erkendt Sandheden,
Me, Asɔre Panin, Meretwerɛ akɔma Awuraa a wɔayi no ne ne mma a medɔ wɔn, nokorɛ no enti. Ɛnyɛ me nko, na mmom, wɔn a wɔnim nokorɛ no nyinaa dɔ mo,
2 for den Sandheds Skyld, som bliver i os og skal være med os til evig Tid. (aiōn g165)
ɛfiri sɛ, nokorɛ no te yɛn mu na ɛbɛtena yɛn mu akɔsi daa: (aiōn g165)
3 Nåde, Barmhjertighed og Fred være med os fra Gud Fader og fra Jesus Kristus, Faderens Søn, i Sandhed og Kærlighed!
Adom, mmɔborɔhunu ne asomdwoeɛ mfiri Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo, Agya no Ba no nkyɛn, mmra yɛn so nokorɛ ne ɔdɔ mu.
4 Jeg har glædet mig meget over, at jeg har fundet Børn af dig, som vandre i Sandhed, efter det Bud, vi fik af Faderen.
Mʼani gyee sɛ mehunuu sɛ mo mma no bi te nokorɛ mu sɛdeɛ Agya no hyɛɛ yɛn no.
5 Og nu beder jeg dig, Frue! ikke som om jeg skrev til dig et nyt
Enti, mereka akyerɛ wo, Awuraa sɛ, momma yɛnnodɔ yɛn ho. Yei nyɛ mmara foforɔ a merehyɛ ama wo. Ɛyɛ mmara a wɔahyɛ ama yɛn firi ahyɛaseɛ.
6 Og dette er Kærligheden, at vi vandre efter hans Bud. Dette er Budet, således som I have hørt fra Begyndelsen, at I skulle vandre deri.
Saa ɔdɔ a mereka ho asɛm yi kyerɛ sɛ, momma yɛntena ase na yɛnyɛ ɔsetie mma Onyankopɔn. Mmara a mote firii ahyɛaseɛ no kyerɛ sɛ mo nyinaa, montena ase ɔdɔ mu.
7 Thi mange Forførere ere udgåede i Verden, som ikke bekende Jesus som Kristus kommen i Kød. En sådan er Forføreren og Antikrist.
Adaadaafoɔ a wɔnnnye nntom sɛ Yesu Kristo baa ɔhonam mu no abɔ apete ewiase. Saa adaadaafoɔ yi yɛ atorofoɔ ne Kristo atamfoɔ.
8 Giver Agt på eder selv, at I ikke skulle tabe, hvad vi have arbejdet, men at I må få fuld Løn.
Monhwɛ mo ho so yie na moanhwere deɛ moayɛ ho adwuma na moanya mo akatua wɔ mu no.
9 Hver den, som viger ud og ikke bliver i Kristi Lære, har ikke Gud. Den, som bliver i Læren, han har både Faderen og Sønnen.
Obiara a ɔntena Kristo nkyerɛkyerɛ mu no, ɔnni Onyankopɔn. Na deɛ ɔtena nkyerɛkyerɛ no mu no wɔ Agya no ne Ɔba no.
10 Dersom nogen kommer til eder og ikke fører denne Lære, ham skulle I ikke tage til Huse og ikke byde velkommen.
Sɛ obi ba mo nkyɛn na wamfa saa nkyerɛkyerɛ yi ammrɛ mo a, monnnye no wɔ mo efie, na monnnye nʼani nso.
11 Thi den, som byder ham velkommen, bliver delagtig i hans onde Gerninger.
Ɛfiri sɛ, obiara a ɔgye saa onipa no ka bɔne a ɔyɛ no ho.
12 Endskønt jeg havde meget at skrive til eder, har jeg ikke villet det med Papir og Blæk; men jeg håber at komme til eder og tale mundtligt med eder, for at vor Glæde må være fuldkommen.
Mewɔ nsɛm pii ka kyerɛ mo, nanso meremfa krataa ne twerɛduro so nka. Na mmom, mɛba onipadua so abɛkasa akyerɛ mo, na mo ani agye.
13 Din Søsters, den udvalgtes, Børn hilse dig.
Wo nuabaa a wɔayi no no mma no kyea wo.

< 2 Johannes 1 >