< 2 Korinterne 7 >

1 Derfor, efterdi vi have disse Forjættelser, I elskede! så lader os rense os selv fra al Kødets og Åndens Besmittelse, så vi gennemføre Hellighed i Guds Frygt!
Me nnamfo pa, wɔahyɛ yɛn saa bɔ yi nyinaa. Enti, momma yɛnte yɛn ho mfiri biribiara a ɛgu honam anaa ɔkra no ho fi ho na yɛntena ase Onyankopɔn mu mfa nte yɛn ho kronn.
2 Giver os Rum; ingen have vi gjort Uret, ingen ødelagt, ingen bedraget.
Mommue mo akoma mu mma yɛn. Yɛnyɛɛ obiara bɔne. Yɛnsisii obiara na yɛmmuu obiara kwasea nso.
3 Jeg siger det ikke for at fælde Dom; jeg har jo sagt tilforn, at I ere i vore Hjerter, så at vi dø sammen og leve sammen.
Merenka saa asɛm yi mfa ngu mo anim ase. Sɛdeɛ madi ɛkan aka no, yɛdɔ mo enti, daa sɛ yɛwu o, yɛte ase o, mowɔ yɛn akoma mu.
4 Jeg har stor Frimodighed over for eder; jeg roser mig meget af eder, jeg er fuld af Trøst, jeg strømmer over af Glæde under al vor Trængsel.
Megye mo di enti mede mo hoahoa me ho. Yɛn haw nyinaa mu no, mempaa aba. Mede ahosɛpɛ retu mmirika no.
5 Thi også da vi kom til Makedonien, havde vort Kød ingen Ro, men vi trængtes på alle Måder: udadtil Kampe, indadtil Angster.
Mpo yɛduruu Makedonia no, yɛanhome. Na ɔhaw wɔ hɔ baabiara. Na akasakasa wɔ wɔn ntam. Afei, na ehu wɔ yɛn akoma mu.
6 Men han, som trøster de nedbøjede, Gud, han trøstede os ved Titus's Komme;
Onyankopɔn a ɔhyɛ wɔn a wɔpa aba den no nam Tito ba a ɔbaeɛ no so hyɛɛ yɛn den.
7 dog ikke alene ved hans Komme, men også ved den Trøst, hvormed han var bleven trøstet over eder, idet han fortalte os om eders Længsel, eders Gråd, eders Nidkærhed for mig, så at jeg glædede mig end mere.
Ɛnyɛ ne ba a ɔbaeɛ no nko, na mmom, ka a ɔbɛkaa sɛ mohyɛɛ no nkuran no. Ɔkaa sɛdeɛ mopɛ sɛ mohunu me no kyerɛɛ me. Ɔkaa sɛdeɛ modii yea ne sɛdeɛ na moasiesie mo ho sɛ mobɛbɔ me ho ban no enti seesei, ama mʼani agye sene kane no.
8 Thi om jeg end har bedrøvet eder ved Brevet, fortryder jeg det ikke. Om jeg også har fortrudt det, - jeg ser jo, at hint Brev, ihvorvel kun til en Tid, har bedrøvet eder, -
Sɛ me krataa a metwerɛɛ mo no hyɛɛ mo awerɛhoɔ a, ɛnyɛ me ya sɛ metwerɛeɛ. Ahyɛaseɛ no ɛhaa me nanso seesei deɛ ɛnha me. Menim sɛ krataa no mu nsɛm hoo mo werɛ ɛberɛ tiawa bi.
9 så glæder jeg mig nu, ikke over, at I bleve bedrøvede, men over, at I bleve bedrøvede til Omvendelse; thi I bleve bedrøvede efter Guds Sind, for at I ikke i nogen Måde skulde lide Skade af os.
Nanso, seesei deɛ, mʼani agye, ɛnyɛ sɛ memaa mo werɛ hoeɛ no enti, na mmom, sɛ mo awerɛhoɔ no ama moasesa mo akwan. Onyankopɔn na ɔmaa mo werɛ hoeɛ enti yɛn deɛ, yɛanha mo.
10 Thi den Bedrøvelse, der er efter Guds Sind, virker Omvendelse til Frelse, som ikke fortrydes; men Verdens Bedrøvelse virker Død.
Awerɛhoɔ a Onyankopɔn de baa mo so no enti, moanya ahonuo bi a ɛnam so de mo bɛkɔ nkwagyeɛ mu; enti ɛnsɛ sɛ ɛyɛ mo ya. Nanso, awerɛhoɔ a ewiase de brɛ yɛn no deɛ, ɛde owuo na ɛba.
11 Thi se, just dette, at I bleve bedrøvede efter Guds Sind, hvor stor en Iver virkede det ikke hos eder, ja Forsvar, ja Harme, ja Frygt, ja Længsel, ja Nidkærhed, ja Straf! På enhver Måde beviste I, at I selv vare rene i den Sag.
Monhwɛ deɛ Onyankopɔn nam ho a ɔmaa mo werɛ hooɛ so ayɛ. Mopɛ sɛ mofiri mo akoma mu kyerɛ sɛ monni fɔ. Mo bo afu. Mo ho adwiri mo. Mo ho pere mo, pɛ sɛ mohunu sɛ atɛntenenee ayɛ adwuma. Moakyerɛ sɛ modi bem wɔ asɛm yi ho.
12 Altså, når jeg skrev til eder, var det ikke for hans Skyld, som gjorde Uret, ikke heller for hans Skyld, som led Uret, men for at eders Iver for os skulde blive åbenbar hos eder for Guds Åsyn.
Ɛwom sɛ metwerɛɛ saa krataa no deɛ, nanso ɛnyɛ obi a ɔyɛ bɔne anaa obi a wɔyɛ no bɔne enti na metwerɛeɛ. Metwerɛ bɛkyerɛɛ mo mu sɛdeɛ Onyankopɔn anim, mode mo ho nyinaa ama yɛn no.
13 Derfor ere vi blevne trøstede. Men til vor Trøst kom end yderligere Glæden over Titus's Glæde, fordi hans Ånd har fået Vederkvægelse fra eder alle.
Ɛno na ɛhyɛ yɛn nkuran no. Ɛnyɛ nkuranhyɛ a ɛhyɛɛ yɛn no nko. Tito nso nam gye a mogyee no maa nʼani gyeeɛ no so maa yɛn nso ani gyeeɛ.
14 Thi i hvad jeg end har rost mig af eder for ham, er jeg ikke bleven til Skamme; men ligesom vi i alle Ting have talt Sandhed til eder, således er også vor Ros for Titus bleven Sandhed.
Mede mo ahoahoa me ho akyerɛ no na moanni me hwammɔ. Daa yɛka nokorɛ kyerɛ mo na hoa a mede mo hoahoa me ho kyerɛ Tito no nso aba mu.
15 Og hans Hjerte drages inderligere til eder, når han mindes Lydigheden hos eder alle, hvorledes I modtoge ham med Frygt og Bæven.
Enti, sɛ ɔkae sɛdeɛ mo nyinaa pɛɛ sɛ moyɛ ɔsetie ma no na mode obuo ne anidie gyee no fɛ so no a, ɛma ɔdɔ a ɔdɔ mo no mu den ara na ɛreyɛ.
16 Jeg glæder mig over, at jeg i alt kan lide på eder.
Ɛyɛ me anigye sɛ mɛtumi de me ho nyinaa ato mo so.

< 2 Korinterne 7 >