< Efezským 2 >

1 I vás obživil mrtvé v vinách a hříších,
Mo de, na moawuwu wɔ mo amumɔyɛ ne mo bɔne a
2 V nichž jste někdy chodili podlé obyčeje světa tohoto, a podlé knížete mocného v povětří, ducha toho, kterýž nyní dělá v synech zpoury. (aiōn g165)
na anka mote mu, bere a na mudi wiase ne wim sodifo ahenni akyi no ne honhom a mprempren ɛreyɛ adwuma wɔ wɔn a wɔyɛ asoɔden mu no mu. (aiōn g165)
3 Mezi nimiž i my všickni obcovali jsme někdy v žádostech těla svého, činivše to, což se líbilo tělu a mysli, a byli jsme z přirození synové hněvu jako i jiní.
Bere bi, yɛn nyinaa ne wɔn tena dii ɔhonam akɔnnɔ akyi yɛɛ ɔhonam apɛde ne ne nsusuwii. Yɛn nso, na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abufuw ba yɛn so.
4 Ale Bůh, bohatý jsa v milosrdenství pro velikou lásku svou, kterouž zamiloval nás,
Nanso esiane nʼadɔeyɛ a ɛdɔɔso ma yɛn nti, Onyankopɔn a nʼahummɔbɔ dɔɔso no
5 Také i nás, když jsme mrtví byli v hříších, obživil spolu s Kristem, (milostí spaseni jste, )
maa yɛn nkwa wɔ Kristo mu, wɔ bere a anka yɛawuwu wɔ amumɔyɛ mu mpo; adom nti na wɔagye mo nkwa.
6 A spolu s ním vzkřísil, i posadil na nebesích v Kristu Ježíši,
Onyankopɔn nyan yɛn ne Kristo, na ɔde yɛn ne Kristo atena ɔsoro ahemman mu
7 Aby ukázal v věku budoucím nepřevýšené bohatství milosti své, z dobroty své k nám v Kristu Ježíši. (aiōn g165)
sɛnea ɛbɛyɛ a nna a ɛreba no mu no, ɔbɛda nʼadom ahonya a ɛso nni no adi; nʼadɔe a ɔnam Kristo Yesu so yɛɛ yɛn no. (aiōn g165)
8 Nebo milostí spaseni jste skrze víru, (a to ne sami z sebe, darť jest to Boží, )
Ɛyɛ adom no nti na wɔnam gyidi so agye mo nkwa. Emfi mo ankasa, ɛyɛ Onyankopɔn akyɛde.
9 Ne z skutků, aby se někdo nechlubil.
Emfi nnwuma mu, na obi de ahoahoa ne ho.
10 Jsme zajisté jeho dílo, jsouce stvořeni v Kristu Ježíši k skutkům dobrým, kteréž Bůh připravil, abychom v nich chodili.
Onyankopɔn na wayɛ yɛn sɛnea yɛte yi. Ɔnam Kristo so bɔɔ yɛn sɛ yɛmmɛyɛ nnwuma pa a wasiesie ato hɔ no.
11 Protož pamatujte, že vy někdy pohané podlé těla, kteříž jste slouli neobřízka od těch, kteříž slouli obřízka na těle, kteráž se působí rukama,
Afei monkae sɛ mo a na anka kan no wɔwoo mo sɛ amanamanmufo, na wɔn a wɔfrɛ wɔn ho twetiatwafo no (nea wɔde nsa ayɛ wɔ honam mu) frɛ mo momonotofo,
12 Vy jste byli onoho času bez Krista, odcizení od společnosti Izraele, a cizí od úmluv zaslíbení, naděje nemající, a bez Boha na světě.
monkae sɛ saa bere no na moatew mo ho afi Kristo ho, na wɔnkan mo mfra Israelfo, na moyɛ ahɔho a monka bɔhyɛ apam no ho, na munni anidaso na munni Onyankopɔn nso wɔ wiase.
13 Ale nyní v Kristu Ježíši vy, kteříž jste někdy byli dalecí, blízcí učiněni jste skrze krev Kristovu.
Nanso afei mo a na anka mowɔ akyirikyiri no, wɔnam Kristo mogya no so atwe mo abɛn Onyankopɔn.
14 Nebo onť jest pokoj náš, kterýž učinil oboje jedno, zbořiv hradbu dělící na různo,
Efisɛ Kristo no ankasa nam baako a wama Yudafo ne amanamanmufo ayɛ no so de asomdwoe aba. Ɔnam ɔno ankasa ne honam so bubuu fasu a na etwa wɔn ntam ma wɔyɛ atamfo no.
15 A nepřátelství, totiž zákon přikázaní v ustanoveních, vyprázdniv skrze tělo své, aby ty oboje vzdělal v samém sobě v jednoho nového člověka, tak čině pokoj,
Ɔnam ne nipadua so asɛe Mose mmara ne nʼahyɛde tumi no. Ne botae ne sɛ ɔbɛma Yudafo ne amanamanmufo ayɛ baako na ɔde asomdwoe aba;
16 A v mír uvodě oboje v jenom těle Bohu skrze kříž, vyhladiv nepřátelství skrze něj.
ɔnam asennua a ɔde sɛee nitan a ɛwɔ wɔn ntam no so aka wɔn abɔ mu ayɛ wɔn nipadua baako na wapata wɔne Onyankopɔn ntam.
17 A přišed, zvěstoval pokoj vám, dalekým i blízkým.
Enti Kristo ba bɛkaa Asɛmpa a ɛyɛ asomdwoesɛm no kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ akyirikyiri ne wɔn a wɔbɛn nyinaa.
18 Neboť skrze něho obojí máme přístup v jednom Duchu k Otci.
Ɔno nti yɛwɔ Honhom baako a yɛnam no so kɔ Agya no nkyɛn.
19 Aj, již tedy nejste hosté a příchozí, ale spoluměšťané svatých a domácí Boží,
Enti mprempren, monnyɛ ahɔho ne amamfrafo bio, na mmom mo ne Onyankopɔn nkurɔfo no yɛ nnipa koro na mofra Onyankopɔn abusua no mu,
20 Vzdělaní na základ apoštolský a prorocký, kdež jest gruntovní úhelný kámen sám Ježíš Kristus,
na wɔato mo asi asomafo no ne adiyifo no fapem a Kristo Yesu no ankasa yɛ ne tweatibo no so.
21 Na němž všecko stavení příslušně vzdělané roste v chrám svatý v Pánu.
Ɔno na ɔma ɔdan mu no nyinaa yɛ baako na ɛbɛyɛ asɔredan kronkron wɔ Awurade mu.
22 Na kterémž i vy spolu vzděláváte se v příbytek Boží, v Duchu svatém.
Ne mu na wɔresiesie mo na moabɔ mu abɛyɛ ofi a Onyankopɔn nam ne Honhom so tena mu.

< Efezským 2 >