< 1 Korintským 3 >

1 A já, bratří, nemohl jsem vám mluviti jako duchovním, ale jako tělesným, jako maličkým v Kristu.
Nokware, anuanom, mantumi ankasa ankyerɛ mo sɛ nnipa a wɔwɔ Honhom no. Na ɛsɛ sɛ mekasa kyerɛ mo sɛ wiasefo a wɔte sɛ mmofra a wɔwɔ Kristo mu gyidi.
2 Mlékem jsem vás živil, a ne pokrmem; nebo jste ještě nemohli, ano i nyní ještě nemůžete.
Memaa mo nufusu. Mamma mo aduan a ɛyɛ den, efisɛ na enye mma mo. Na mprempren ara mpo enye mma mo,
3 Ještě zajisté tělesní jste. Nebo poněvadž jest mezi vámi nenávist, svárové a různice, zdaž ještě tělesní nejste, a podlé člověka nechodíte?
efisɛ moda so te hɔ sɛ wiasefo. Sɛ anibere wɔ mo mu na mutwa mo ho ne mo ho mo ho nya akasakasa a, so ɛnna no adi sɛ moyɛ wiasefo a mote hɔ ma wiase?
4 Nebo když někdo říká: Já jsem Pavlův, jiný pak: Já Apollův, zdaliž nejste tělesní?
Sɛ obi ka se, “Me de, midi Paulo akyi” na ɔfoforo nso ka se, “Me nso mewɔ Apolo afa” a, ɛnkyerɛ sɛ moyɛ wiasefo ana?
5 Kdo tedy jest Pavel, kdo Apollo, než služebníci, skrze něž jste uvěřili, a jakž jednomu každému dal Pán?
Mibisa se Apolo yɛ hena? Na Paulo nso yɛ hena? Yɛyɛ Onyankopɔn asomfo kwa a ɛnam yɛn so na munya gyidi. Adwuma a Onyankopɔn de ama yɛn mu biara sɛ yɛnyɛ no na yɛyɛ.
6 Jáť jsem štípil, Apollo zaléval, ale Bůh dal zrůst.
Miduaa aba no na Apolo guguu so nsu, nanso Onyankopɔn na ɔmaa afifide no nyinii.
7 A protož aniž ten, kdož štěpuje, jest něco, ani ten, kdož zalévá, ale Bůh, kterýž zrůst dává.
Obi a oduae ne obi a oguguu so nsu no ho nhia. Onyankopɔn na ne ho hia, efisɛ ɔno na ɔmaa afifide no nyinii.
8 Ten pak, kdož štěpuje, a ten, kdož zalévá, jedno jsou, a však jeden každý svou vlastní odplatu vezme podlé své práce.
Nsonoe biara nni onipa a odua ne nea ogugu so nsu no ntam. Onyankopɔn bɛhwɛ dwuma a wɔn mu biara dii so na wama wɔn so ade.
9 Božíť jsme zajisté pomocníci, Boží rolí, Boží vzdělání jste.
Yɛn de, yɛyɛ aboafo a yɛne Onyankopɔn reyɛ adwuma na mo nso moyɛ Onyankopɔn afuw. Bio, moyɛ Onyankopɔn dan.
10 Podlé milosti Boží sobě dané, jako moudrý stavitel, základ jsem založil, jiný pak na něm staví. Ale jeden každý viz, jak na něm staví.
Menam adom a Onyankopɔn de maa me no so yɛɛ ɔdanseni pa adwuma. Metoo fapem na onipa foforo nso resi atoa so. Nanso ɛsɛ sɛ wɔn mu biara fa ɔkwan pa so si.
11 Nebo základu jiného žádný položiti nemůž, mimo ten, kterýž položen jest, jenž jest Ježíš Kristus.
Efisɛ Onyankopɔn ayɛ Yesu Kristo nko ɔdan no fapem enti wɔrentumi nto fapem foforo biara bio.
12 Staví-liť pak kdo na ten základ zlato, stříbro, kamení drahé, dříví, seno, strniště,
Ebinom de sikakɔkɔɔ, anaa dwetɛ anaa aboɔden abo na ebesi wɔn dan wɔ fapem no so; afoforo nso de nnua anaa sare anaa baamu.
13 Jednohoť každého dílo zjeveno bude. Den zajisté to okáže; nebo v ohni zjeví se, a jednoho každého dílo, jaké by bylo, oheň zprubuje.
Obiara dwuma a odii no bɛda adi da no; da no gya no bɛda obiara adwuma adi. Ogya no bɛsɔ ahwɛ, ahu dwuma ko no ye a eye.
14 Zůstane-liť čí dílo, kteréž na něm stavěl, vezme odplatu.
Sɛ nea onipa ko no de sii fapem no so no tumi gyina ogya no ano a, ebenya akatua.
15 Pakliť čí dílo shoří, vezme škodu, ale sám spasen bude, a však tak, jako skrze oheň.
Na sɛ obi adwuma hyew wɔ ogya no ano a, akatua no bɛbɔ no, nanso ɔno de, obenya nkwa sɛ obi a waguan afi gyaframa mu.
16 Zdaliž nevíte, že chrám Boží jste, a Duch Boží v vás přebývá?
Munnim sɛ moyɛ Onyankopɔn asɔredan na Onyankopɔn Honhom no te mo mu ana?
17 Jestližeť kdo chrámu Božího poškvrňuje, tohoť zatratí Bůh; nebo chrám Boží svatý jest, jenž jste vy.
Enti obiara a ɔbɛsɛe Onyankopɔn asɔredan no, Onyankopɔn bɛsɛe no. Efisɛ Onyankopɔn asɔredan yɛ kronkron, na mo na moyɛ nʼasɔredan no.
18 Žádný sám sebe nesvoď. Zdá-li se komu z vás, že jest moudrý na tomto světě, budiž bláznem, aby byl učiněn moudrým. (aiōn g165)
Ɛnsɛ sɛ obiara daadaa ne ho. Sɛ obi a ɔka mo ho fa ne ho sɛ ɔyɛ wiase yi mu onyansafo a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔkwasea ansa na wabɛyɛ onyansafo. (aiōn g165)
19 Moudrost zajisté světa tohoto bláznovství jest u Boha. Nebo psáno jest: Kterýž lapá moudré v chytrosti jejich.
Efisɛ nea wiase bu no nyansa no yɛ asɛm a aba nni mu wɔ Onyankopɔn ani so. Kyerɛwsɛm no ka se, “Ɔkyere anyansafo wɔ wɔn anitew mu.”
20 A opět: Znáť Pán přemyšlování moudrých, že jsou marná.
Bio, Kyerɛwsɛm no ka se, “Awurade nim onipa nsusuwii. Onim sɛ enkosi hwee.”
21 A tak nechlub se žádný lidmi; nebo všecky věci vaše jsou.
Enti ɛnsɛ sɛ obiara de nea onipa tumi yɛ hoahoa ne ho na biribiara yɛ mo dea.
22 Buď Pavel, buď Apollo, buď Petr, buď svět, buď život, buď smrt, buď přítomné věci, buďto budoucí, všecko jest vaše,
Paulo, Apolo ne Petro, saa wiase yi, nkwa ne owu, nnɛ ne daakye nyinaa yɛ mo dea,
23 Vy pak Kristovi, a Kristus Boží.
na moyɛ Kristo dea na Kristo nso yɛ Onyankopɔn dea.

< 1 Korintským 3 >