< Psalmi 92 >

1 Psalam. Pjesma. Za dan subotnji. Dobro je slaviti Jahvu, pjevati imenu tvome, Svevišnji;
Dwom a wɔto no Homeda. Eye sɛ wɔkamfo wo Awurade na wɔto dwom de hyɛ wo anuonyam, Ɔsorosoroni,
2 naviještati jutrom ljubav tvoju i noću vjernost tvoju,
na wɔpae mu ka wʼadɔe anɔpa ne wo nokware anadwo,
3 uz harfu od deset žica i liru, s pjesmom uz citaru.
wɔ hama du sanku so ne sankuten nnwom mu.
4 Obradovao si me djelima svojim, o Jahve, kličem zbog djela ruku tvojih.
Awurade, wo nneyɛe ma mʼani gye; mede anigye to nnwom, wo nsa ano nnwuma nti.
5 Kako su silna djela tvoja, o Jahve, i duboki naumi tvoji!
Awurade, wo nnwuma yɛ akɛse, na wo nyansa mu dɔ!
6 Bezuman čovjek ne spoznaje, luđak ne shvaća.
Agyimifo nnim na nkwaseafo nte ase,
7 Sve ako bi bezbošci nicali k'o trava i cvali svi što zlo čine, određeni su za vječnu propast;
amumɔyɛfo benyin sɛ sare na abɔnefo bɛyɛ frɔmfrɔm de, nanso wɔbɛsɛe wɔn pasaa.
8 a ti, Jahve, dovijeka uzvišen ostaješ.
Na wo Awurade, wɔayɛ wo ɔkɛse afebɔɔ.
9 Doista, dušmani tvoji, o Jahve, tvoji će dušmani propasti; raspršit će se svi što čine zlo.
Awurade, ampa ara, wʼatamfo bɛyera; na wɔbɛhwete abɔnefo nyinaa.
10 Rog si mi digao k'o u bivola, pomazao me uljem prečistim;
Woama me ahoɔden te sɛ ɛko; woahwie ngohuam papa agu me so.
11 i oko mi s visoka gleda dušmane i uho mirno sluša o onima što na me ustaju.
Mahu mʼatamfo nkogu a wɔadi, mate sɛnea mʼatamfo atirimɔdenfo aguan afi akono.
12 K'o palma cvate pravednik i raste k'o cedar libanonski.
Atreneefo bɛyɛ frɔmfrɔm te sɛ abedua, wobenyin sɛ Lebanon sida;
13 Zasađeni u Domu Jahvinu, cvatu u dvorima Boga našega.
nea wɔadua wɔ Awurade fi, wobenyin frɔmfrɔm wɔ yɛn Nyankopɔn adiwo hɔ.
14 Rod donose i u starosti, sočni i puni svježine:
Wɔbɛkɔ so asow aba, onyinkyɛ mu mpo, wɔbɛyɛ frɔmfrɔm sɛ ahabammono,
15 da navijeste kako je pravedan Jahve, Hrid moja, onaj na kome nema nepravde.
de akyerɛ sɛ, “Awurade yɛ ɔtreneeni; ɔyɛ me botan, na atirimɔdensɛm biara nni ne mu.”

< Psalmi 92 >