< 雅歌 1 >

1 所羅門的歌,是歌中的雅歌。
Salomo nnwom mu dwom.
2 願他用口與我親嘴; 因你的愛情比酒更美。
Ma ɔmfa nʼano mfeano no mfe mʼano, ɛfiri sɛ wo dɔ no yɛ ahomeka sene bobesa.
3 你的膏油馨香; 你的名如同倒出來的香膏, 所以眾童女都愛你。
Wʼaduhwam yi hwa a ɛyɛ ahomeka wo din te sɛ aduhwam a wɔahwie. Na ɛnyɛ nwanwa sɛ mmabaawa no dɔ woɔ!
4 願你吸引我,我們就快跑跟隨你。 王帶我進了內室, 我們必因你歡喜快樂。 我們要稱讚你的愛情, 勝似稱讚美酒。 他們愛你是理所當然的。
Fa me kɔ, ma yɛnyɛ ntɛm! Ma ɔhene mfa me nkɔ ne piam. Nnamfonom Yɛbɛdi ahurisie na yɛn ani agye wo ho. Yɛbɛkamfo wo dɔ asene bobesa. Ababaawa: Sɛ wɔkamfo wo a, na ne kwan so ara ne no!
5 耶路撒冷的眾女子啊, 我雖然黑,卻是秀美, 如同基達的帳棚, 好像所羅門的幔子。
Mebiri deɛ, nanso me ho yɛ fɛ, Ao, Yerusalem mmammaa, mobiri te sɛ Kedar ntomadan, te sɛ, Salomo ntomadan mu ntwamutam!
6 不要因日頭把我曬黑了就輕看我。 我同母的弟兄向我發怒, 他們使我看守葡萄園; 我自己的葡萄園卻沒有看守。
Nhwɛ me haa sɛ mebirie enti, ɛfiri sɛ awia na ayɛ me saa. Memaa mmammarima bo fuu me enti wɔmaa me kɔhwɛɛ bobe nturo so; na amma manhwɛ mʼankasa me bobe turo.
7 我心所愛的啊,求你告訴我, 你在何處牧羊? 晌午在何處使羊歇臥? 我何必在你同伴的羊群旁邊 好像蒙着臉的人呢?
Kyerɛ me me dɔfoɔ, faako a wode wo nnwankuo kɔ adidi na owigyinaeɛ nso faako a woma wo nnwan home. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ meyɛ sɛ ɔbaa a wakata nʼanim wɔ wo nnamfonom nnwankuo ho?
8 你這女子中極美麗的, 你若不知道, 只管跟隨羊群的腳蹤去, 把你的山羊羔牧放在牧人帳棚的旁邊。
Sɛ wonnim a, mmaa ahoɔfɛfoɔ pa ara no, fa ɛkwan a nnwan fa soɔ so na fa wo mpapo mma kɔ adidi wɔ nnwanhwɛfoɔ no ntomadan ho.
9 我的佳偶, 我將你比法老車上套的駿馬。
Me dɔfoɔ, mede wo toto pɔnkɔ bereɛ a wɔde ahoma asa no wɔ Farao nteaseɛnam baako ho.
10 你的兩腮因髮辮而秀美; 你的頸項因珠串而華麗。
Nsomuadeɛ ama wʼafono ho ayɛ fɛ, na abohemaa a woasina agu wo kɔn mu no fata wo.
11 我們要為你編上金辮,鑲上銀釘。
Yɛbɛyɛ sikakɔkɔɔ nsomuadeɛ a wɔde dwetɛ asisi mu ama wo.
12 王正坐席的時候, 我的哪噠香膏發出香味。
Ɛberɛ a ɔhene te nʼadidi ɛpono ho no, nʼaduhwam hwa no gyee hɔ.
13 我以我的良人為一袋沒藥, 常在我懷中。
Me dɔfoɔ ayɛ me sɛ kurobo toa a ɛda me nufu ntam.
14 我以我的良人為一棵鳳仙花, 在隱‧基底葡萄園中。
Me dɔfoɔ ayɛ me sɛ nhwiren boa a ayɛ frɔmm wɔ En-Gedi bobe turo mu.
15 我的佳偶,你甚美麗!你甚美麗! 你的眼好像鴿子眼。
Me dɔfoɔ, wo ho yɛ fɛ! Ao, ahoɔfɛ nie wʼaniwa aba te sɛ aborɔnoma.
16 我的良人哪,你甚美麗可愛! 我們以青草為床榻,
Me dɔfoɔ, wo ho yɛ fɛ! Ao, ahoɔfɛ nie yɛn mpa so yɛ akɔnɔakɔnɔ.
17 以香柏樹為房屋的棟樑, 以松樹為椽子。
Yɛn fie mpunan yɛ ntweneduro; yɛn nsamsoɔ yɛ pepeaa.

< 雅歌 1 >