< 詩篇 8 >

1 大衛的詩,交與伶長。用迦特樂器。 耶和華-我們的主啊, 你的名在全地何其美! 你將你的榮耀彰顯於天。
Wɔde ma dwonkyerɛfo se wɔnto no “gittit” sanku nne so. Dawid dwom. Awurade, yɛn Awurade, wo din kɛseyɛ ada adi wiase mmaa nyinaa. Wode wʼanuonyam atimtim ɔsoro nohɔ,
2 你因敵人的緣故, 從嬰孩和吃奶的口中, 建立了能力, 使仇敵和報仇的閉口無言。
mmofra ne nkokoaa mpo de wɔn ano kamfo wo, wʼatamfo nti; na wode bɔ atamfo ne aweretɔfo ano.
3 我觀看你指頭所造的天, 並你所陳設的月亮星宿,
Sɛ mehwɛ wo ɔsorosoro, wo nsateaa ano adwuma; ɔsram ne nsoromma a wode obiara asi nʼafa a,
4 便說:人算甚麼,你竟顧念他! 世人算甚麼,你竟眷顧他!
onipa ne hena a wokae no, na onipa ba nso ne hena a wʼani ku ne ho?
5 你叫他比天使微小一點, 並賜他榮耀尊貴為冠冕。
Wobɔɔ no ma ɔyɛɛ akumaa kakra sen abɔfo na wode wʼanuonyam ne nidi abɔ no abotiri.
6 你派他管理你手所造的, 使萬物,就是一切的牛羊、 田野的獸、空中的鳥、海裏的魚, 凡經行海道的,都服在他的腳下。
Woyɛɛ no ɔsodifo maa wo nsa ano nnwuma wode nneɛma nyinaa ahyɛ nʼanan ase:
7
nguankuw ne anantwikuw nyinaa ne wuram mmoa nso,
8
wim nnomaa ne po mu mpataa, nea ɛnenam po mu akwan so nyinaa.
9 耶和華-我們的主啊, 你的名在全地何其美!
Awurade, yɛn Awurade, wo din yɛ kɛse wɔ asase nyinaa so!

< 詩篇 8 >