< 詩篇 58 >

1 大衛的金詩,交與伶長。調用休要毀壞。 世人哪,你們默然不語,真合公義嗎? 施行審判,豈按正直嗎?
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Mma Wɔnsɛe No” sankuo nne so. Dawid “miktam” dwom. Mo sodifoɔ, ampa ara, moka asɛm a ɛtene anaa? Mobu atɛntenenee wɔ nnipa mu anaa?
2 不然!你們是心中作惡; 你們在地上秤出你們手所行的強暴。
Dabi! Modwene ntɛnkyea wɔ mʼakomam na mo nsa de akakabensɛm ba asase so.
3 惡人一出母胎就與上帝疏遠, 一離母腹便走錯路,說謊話。
Amumuyɛfoɔ fom kwan firi awoɔ mu; wɔyɛ mmaratofoɔ firi awotwaa mu na wɔdi atorɔ.
4 他們的毒氣好像蛇的毒氣; 他們好像塞耳的聾虺,
Wɔn ano ɛborɔ te sɛ ɔwɔ deɛ. Ɛte sɛ ɔprammire a watɛn nʼaso,
5 不聽行法術的聲音, 雖用極靈的咒語也是不聽。
a ɔnte ntafowayifoɔ dwom, na ne dwom dɛɛdɛ no mpo mfa ne ho.
6 上帝啊,求你敲碎他們口中的牙! 耶和華啊,求你敲掉少壯獅子的大牙!
Ao Onyankopɔn, bubu ɛse a ɛgu wɔn anom, Ao Awurade, tutu agyata no sebɔmmɔfoɔ no gu!
7 願他們消滅,如急流的水一般; 他們瞅準射箭的時候,願箭頭彷彿砍斷。
Ma wɔntwa mu nkɔ sɛ nsunsuan; sɛ wɔtwe wɔn agyan a, ma wɔn bɛmma no ano nwu.
8 願他們像蝸牛消化過去, 又像婦人墜落未見天日的胎。
Ma wɔnyɛ sɛ nwa pɛkyɛpɛkyɛ bi a ɔretene kɔ. Ma wɔnyɛ sɛ ɔba a ɔwu wɔ awoeɛ na ɔnhunu owia.
9 你們用荊棘燒火,鍋還未熱, 他要用旋風把青的和燒着的一齊颳去。
Ansa na mo nkukuo bɛte nkasɛɛ ano yea, sɛ ɛyɛ mono anaa deɛ awo no, wɔbɛpra amumuyɛfoɔ akɔ.
10 義人見仇敵遭報就歡喜, 要在惡人的血中洗腳。
Sɛ wɔtua amumuyɛfoɔ ka a, ateneneefoɔ ani bɛgye, na wɔbɛhohoro wɔn nan ho wɔ amumuyɛfoɔ mogya mu.
11 因此,人必說:義人誠然有善報; 在地上果有施行判斷的上帝!
Afei nnipa bɛka sɛ, “Ampa ara, ateneneefoɔ kɔ so nya wɔn akatua; na ampa ara Onyankopɔn bi wɔ hɔ a ɔbu ewiase atɛn.”

< 詩篇 58 >