< 詩篇 3 >

1 大衛逃避他兒子押沙龍的時候作的詩。 耶和華啊,我的敵人何其加增; 有許多人起來攻擊我。
Dawid dwom a ɔtoeɛ ɛberɛ a ɔredwane afiri ne babarima Absalom anim. Ao Awurade, hwɛ sɛdeɛ mʼatamfoɔ dɔɔso fa! Dodoɔ no ara na wɔsɔre tia me!
2 有許多人議論我說: 他得不着上帝的幫助。 (細拉)
Bebree no ara ka fa me ho sɛ, “Onyankopɔn rennye no”.
3 但你-耶和華是我四圍的盾牌, 是我的榮耀,又是叫我抬起頭來的。
Nanso, Ao Awurade, woyɛ akokyɛm a atwa me ho ahyia wohyɛ me animuonyam na wopagya me ti.
4 我用我的聲音求告耶和華, 他就從他的聖山上應允我。 (細拉)
Meteam su frɛ Awurade, na ɔgye me so firi ne bepɔ kronkron no so.
5 我躺下睡覺,我醒着, 耶和華都保佑我。
Metɔ hɔ na meda a, menyane bio, ɛfiri sɛ Awurade kora me so.
6 雖有成萬的百姓來周圍攻擊我, 我也不怕。
Merensuro atamfoɔ mpem mpem a wɔatwa me ho ahyia no.
7 耶和華啊,求你起來! 我的上帝啊,求你救我! 因為你打了我一切仇敵的腮骨, 敲碎了惡人的牙齒。
Sɔre, Ao Awurade! Gye me, Ao me Onyankopɔn! Bobɔ mʼatamfoɔ nyinaa apantan; na tutu amumuyɛfoɔ se.
8 救恩屬乎耶和華; 願你賜福給你的百姓。 (細拉)
Awurade hɔ na ɔgyeɛ firi ba. Ma wo nhyira mmra wo nkurɔfoɔ so.

< 詩篇 3 >