< 利未記 24 >

1 耶和華曉諭摩西說:
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
2 「要吩咐以色列人,把那為點燈搗成的清橄欖油拿來給你,使燈常常點着。
“Ka kyerɛ Israelfoɔ na wɔmmrɛ wo ngo kronn na fa sɔ kanea a ɛnnum da,
3 在會幕中法櫃的幔子外,亞倫從晚上到早晨必在耶和華面前經理這燈。這要作你們世世代代永遠的定例。
adanseɛ ntwamutam no akyi wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu, Aaron bɛhwɛ nkanea a ɛwɔ Awurade anim no so, firi anwummerɛ kɔsi anɔpa biara. Ɛyɛ daa ahyɛdeɛ ma mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa.
4 他要在耶和華面前常收拾精金燈臺上的燈。」
Ɛsɛ sɛ wɔhwɛ nkanea a ɛsisi sikakɔkɔɔ kaneadua so wɔ Awurade anim no so ɛberɛ biara.
5 「你要取細麵,烤成十二個餅,每餅用麵伊法十分之二。
“Momfa asikyiresiam muhumuhu nto burodo amuamua dumienu. Momfa esiam lita ɛnan ne fa nto burodo mua biara.
6 要把餅擺列兩行,每行六個,在耶和華面前精金的桌子上;
Monhyehyɛ no akyerɛpɛn mmienu, a nsia biara wɔ kyerɛpɛn baako so wɔ sikakɔkɔɔ amapa ɛpono so wɔ Awurade anim.
7 又要把淨乳香放在每行餅上,作為紀念,就是作為火祭獻給耶和華。
Mode aduhwam pa bɛgu kyerɛpɛn biara ho de asi burodo no anan mu ayɛ afɔrebɔdeɛ a wɔhye wɔ ogya so ma Awurade.
8 每安息日要常擺在耶和華面前;這為以色列人作永遠的約。
Ɛsɛ sɛ wɔde saa burodo yi sisi Awurade anim Homeda biara; ɛbɛyɛ apam a ɛnni awieeɛ ama Israelfoɔ.
9 這餅是要給亞倫和他子孫的;他們要在聖處吃,為永遠的定例,因為在獻給耶和華的火祭中是至聖的。」
Burodo yi yɛ Aaron ne ne mmammarima dea, na ɛsɛ sɛ wɔdi wɔ kronkronbea hɔ, ɛfiri sɛ, ɛyɛ kronkron pa ara wɔ wɔn kyɛfa a ɛwɔ afɔrebɔdeɛ a wɔhye ma Awurade no mu.”
10 有一個以色列婦人的兒子,他父親是埃及人,一日閒遊在以色列人中。這以色列婦人的兒子和一個以色列人在營裏爭鬥。
Ɛda bi aberanteɛ bi a ne maame yɛ Israelni na nʼagya nso yɛ Misraimni ne Israelfoɔ no baako nyaa ntɔkwa wɔ wɔn atenaeɛ.
11 這以色列婦人的兒子褻瀆了聖名,並且咒詛,就有人把他送到摩西那裏。(他母親名叫示羅密,是但支派底伯利的女兒。)
Ntɔkwa no mu no, Israelni babarima no domee Onyankopɔn enti wɔde no baa Mose nkyɛn sɛ wɔmmu no atɛn. Na ne maame din de Selomit a ɔyɛ Dibri a ɔfiri Dan abusua mu.
12 他們把那人收在監裏,要得耶和華所指示的話。
Wɔde no too afiase twɛn Awurade akwankyerɛ.
13 耶和華曉諭摩西說:
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
14 「把那咒詛聖名的人帶到營外。叫聽見的人都放手在他頭上;全會眾就要用石頭打死他。
“Fa obusuyɛni no firi atenaeɛ ha kɔ na kɔka kyerɛ wɔn a wɔtee asɛm a ɔkaeɛ no nyinaa na wɔmfa wɔn nsa ngu nʼapampam; afei nnipa no nyinaa nsi no aboɔ nku no.
15 你要曉諭以色列人說:凡咒詛上帝的,必擔當他的罪。
Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Obiara a ɔbɛdome Onyankopɔn no, ɛsɛ sɛ ɔnya ho asotwe:
16 那褻瀆耶和華名的,必被治死;全會眾總要用石頭打死他。不管是寄居的是本地人,他褻瀆耶和華名的時候,必被治死。
obiara a ɔgu Awurade din ho fi no, ɛsɛ sɛ wɔkum no. Ɛsɛ sɛ ɛdɔm no nyinaa si no aboɔ. Ɔhɔhoɔ anaa Israelni biara a ɔbɛgu Awurade din ho fi no, ɛsɛ sɛ wɔkum no.
17 打死人的,必被治死;
“‘Obiara a ɔkum ne yɔnko onipa no, ɛsɛ sɛ wɔkum no.
18 打死牲畜的,必賠上牲畜,以命償命。
Obiara a ɔkum aboa bi a ɛnyɛ ne dea no, ɛsɛ sɛ ɔhyɛ ananmu.
19 人若使他鄰舍的身體有殘疾,他怎樣行,也要照樣向他行:
Sɛ obi pira ne yɔnko a, ɔyɔnko no nso bɛpira no bi saa ara.
20 以傷還傷,以眼還眼,以牙還牙。他怎樣叫人的身體有殘疾,也要照樣向他行。
Dompe mu bu nsi dompe mu bu ananmu; ani nsi ani ananmu; ɛse nsi ɛse ananmu. Sɛdeɛ obi pira ɔfoforɔ no, saa ara na wɔmpira ɔno nso.
21 打死牲畜的,必賠上牲畜;打死人的,必被治死。
Obiara a ɔbɛkum aboa bi no, ɛsɛ sɛ ɔhyɛ anan mu; nanso sɛ obi kum onipa a, ɛsɛ sɛ wɔkum no bi.
22 不管是寄居的是本地人,同歸一例。我是耶和華-你們的上帝。」
Mmara korɔ no ara wɔ hɔ ma ɔhɔhoɔ ne kuromani. Mene Awurade, mo Onyankopɔn.’”
23 於是,摩西曉諭以色列人,他們就把那咒詛聖名的人帶到營外,用石頭打死。以色列人就照耶和華所吩咐摩西的行了。
Enti Mose kasa kyerɛɛ Israelfoɔ no, na wɔyii obusuyɛni no firii atenaeɛ hɔ kɔsii no aboɔ. Israelfoɔ no yɛɛ sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no.

< 利未記 24 >