< 利未記 15 >

1 耶和華對摩西、亞倫說:
Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se,
2 「你們曉諭以色列人說:人若身患漏症,他因這漏症就不潔淨了。
“Monhyɛ saa mmara yi mma Israelfo: ‘Ɔbarima biara a ne ho bɛsen nsu no, saa nsu no yɛ fi.
3 他患漏症,無論是下流的,是止住的,都是不潔淨。
Sɛ ɛkɔ so sen o, egyae o, agu ne ho fi. Fi a nsu a egu no no de bɛba ni:
4 他所躺的床都為不潔淨,所坐的物也為不潔淨。
“‘Mpa a ɔbɛda so ne biribiara a ɔbɛtena so nso ho gu fi.
5 凡摸那床的,必不潔淨到晚上,並要洗衣服,用水洗澡。
Obiara a ɔde ne ho ka ɔbarima no mpa ho gu fi kosi anwummere, enti ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntama na oguare.
6 那坐患漏症人所坐之物的,必不潔淨到晚上,並要洗衣服,用水洗澡。
Obiara a ɔbɛtena akongua a ɔbarima no atena so so ho gu fi kosi anwummere, enti ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntama na oguare.
7 那摸患漏症人身體的,必不潔淨到晚上,並要洗衣服,用水洗澡。
“‘Saa mmara yi ka obiara a ɔde ne ho bɛka ɔbarima no.
8 若患漏症人吐在潔淨的人身上,那人必不潔淨到晚上,並要洗衣服,用水洗澡。
“‘Obiara a ɔbarima no bɛte ntasu agu ne so no ho ntew kosi anwummere, enti ɛsɛ sɛ onii no horo ne ntama na oguare.
9 患漏症人所騎的鞍子也為不潔淨。
“‘Ɔpɔnkɔ agua biara a ɔbɛtena so no ho agu fi.
10 凡摸了他身下之物的,必不潔淨到晚上;拿了那物的,必不潔淨到晚上,並要洗衣服,用水洗澡。
Obiara a ne ho bɛka biribiara a aka saa onipa no ase no ho ntew kosi anwummere, enti ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntama na oguare.
11 患漏症的人沒有用水涮手,無論摸了誰,誰必不潔淨到晚上,並要洗衣服,用水洗澡。
“‘Sɛ onipa a ne ho ntew no koso obi mu na wanhohoro ne nsa ansa a, ɛsɛ sɛ onipa ko no horo ne ntama, guare, efisɛ ne ho ntew kosi anwummere.
12 患漏症人所摸的瓦器就必打破;所摸的一切木器也必用水涮洗。
“‘Sɛ saa onipa no so asanka biara mu a, ɛsɛ sɛ wɔbɔ no na sɛ ɛyɛ mukaase biribi a wɔde dua na asen de a, ɛsɛ sɛ wɔde nsu hohoro ho.
13 「患漏症的人痊癒了,就要為潔淨自己計算七天,也必洗衣服,用活水洗身,就潔淨了。
“‘Sɛ nʼahosen no twa a, ɛsɛ sɛ ɔde nnanson fi ahodwira ho ahosiesie ase na ɔhoro ne ntama na okoguare wɔ asubɔnten mu.
14 第八天,要取兩隻斑鳩或是兩隻雛鴿,來到會幕門口、耶和華面前,把鳥交給祭司。
Da a ɛto so awotwe no, ɔde nturukuku abien anaa mmorɔnomamma abien bɛba Awurade anim wɔ Ahyiae Ntamadan no ano na ɔde ama ɔsɔfo no.
15 祭司要獻上一隻為贖罪祭,一隻為燔祭;因那人患的漏症,祭司要在耶和華面前為他贖罪。
Ɔsɔfo no de wɔn bɛbɔ afɔre a baako yɛ bɔne ho afɔre na baako no nso yɛ ɔhyew afɔre; na ɛkyerɛ sɛ, ɔsɔfo no bɛyɛ mpata wɔ Awurade anim ama ɔbarima no, esiane nʼahosen no nti.
16 「人若夢遺,他必不潔淨到晚上,並要用水洗全身。
“‘Sɛ ɔbarima biara ho nsu gu a, ɛsɛ sɛ oguare ne ho nyinaa, efisɛ ne ho nso ntew kosi anwummere.
17 無論是衣服是皮子,被精所染,必不潔淨到晚上,並要用水洗。
Ntama anaa mpasotam biara a ho nsu no bi begu mu no, ɛsɛ sɛ wɔhoro, efisɛ ɛho ntew kosi anwummere.
18 若男女交合,兩個人必不潔淨到晚上,並要用水洗澡。
Sɛ ɔbarima fa ɔbea a, wɔn nna no akyi, ɛsɛ sɛ ɔbea no ne ɔbarima no nyinaa guare, efisɛ wɔn ho ntew kosi anwummere.
19 「女人行經,必污穢七天;凡摸她的,必不潔淨到晚上。
“‘Sɛ ɔbea kɔ afikyiri a, ne ho ntew nnanson mu. Saa bere no mu, obiara a ɔde ne ho bɛka no no nso ho ntew kosi anwummere.
20 女人在污穢之中,凡她所躺的物件都為不潔淨,所坐的物件也都不潔淨。
“‘Biribiara a ɔbɛda so anaa ɔbɛtena so saa bere no mu no nso ho agu fi.
21 凡摸她床的,必不潔淨到晚上,並要洗衣服,用水洗澡。
Obiara a ɔde ne nsa bɛka ne mpa anaa biribiara a ɔtena so no bɛhoro ne ntama, aguare, efisɛ onipa no ho agu fi kosi anwummere.
22 凡摸她所坐甚麼物件的,必不潔淨到晚上,並要洗衣服,用水洗澡。
Sɛ obi so biribi a watena so mu nso a, ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntama na oguare, efisɛ ne ho agu fi kosi anwummere.
23 在女人的床上,或在她坐的物上,若有別的物件,人一摸了,必不潔淨到晚上。
Sɛ ɛyɛ ne mpasotam anaa nʼakongua, obiara a ne ho bɛka no ho begu fi akosi anwummere.
24 男人若與那女人同房,染了她的污穢,就要七天不潔淨;所躺的床也為不潔淨。
“‘Sɛ ɔbarima ne no da saa bere yi mu a, ɔbarima no ho gu fi nnanson; na mpa biara a ɔbarima no bɛda so no nso ho gu fi.
25 「女人若在經期以外患多日的血漏,或是經期過長,有了漏症,她就因這漏症不潔淨,與她在經期不潔淨一樣。
“‘Sɛ bere du sɛ ofi nanso mogya da so ba anaasɛ mogya ba bere a ɛnsɛ mu wɔ ɔsram no mu a, mmara koro no ara na wɔde ka ho asɛm,
26 她在患漏症的日子所躺的床、所坐的物都要看為不潔淨,與她月經的時候一樣。
na ɛkyerɛ sɛ, biribiara a ɔbɛda so saa bere no ho agu fi te sɛ nea nʼafikyikɔ bere mu ɔtena biribi so a, ɛho gu fi no ara pɛ.
27 凡摸這些物件的,就為不潔淨,必不潔淨到晚上,並要洗衣服,用水洗澡。
Obiara a ɔde ne nsa bɛka ne mpa anaa biribiara a ɔtena so no ho agu fi a ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntama, san guare, efisɛ ne ho ntew kosi anwummere.
28 女人的漏症若好了,就要計算七天,然後才為潔淨。
“‘Nnanson akyi, sɛ afikyikɔ no twa a, na onni efi mu bio.
29 第八天,要取兩隻斑鳩或是兩隻雛鴿,帶到會幕門口給祭司。
Da a ɛto so awotwe no, ɔde nturukuku abien anaa mmorɔnomamma abien bɛkɔ akɔma ɔsɔfo no wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano.
30 祭司要獻一隻為贖罪祭,一隻為燔祭;因那人血漏不潔,祭司要在耶和華面前為她贖罪。
Ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no de baako bɔ bɔne ho afɔre na ɔde baako bɔ ɔhyew afɔre na ayɛ mpata ama ɔbea no wɔ Awurade anim wɔ nʼafikyikɔ mu no ho.
31 「你們要這樣使以色列人與他們的污穢隔絕,免得他們玷污我的帳幕,就因自己的污穢死亡。」
“‘Saa ɔkwan yi so na sɛ Israelfo no bi ho gu fi a, mobɛfa de atew wɔn ho; anyɛ saa a, esiane sɛ wɔagu mʼAhyiae Ntamadan a esi wɔn mu no ho fi nti, wobewuwu.’”
32 這是患漏症和夢遺而不潔淨的,
Eyinom ne mmara a ɛwɔ hɔ ma ɔbarima a ne ho sen
33 並有月經病的和患漏症的,無論男女,並人與不潔淨女人同房的條例。
ne ɔbea a wakɔ afikyiri ne obiara a ɔde ne ho ka ɔsakyimafo wɔ bere a ne ho ntew no mu no.

< 利未記 15 >