< 約書亞記 8 >

1 耶和華對約書亞說:「不要懼怕,也不要驚惶。你起來,率領一切兵丁上艾城去,我已經把艾城的王和他的民、他的城,並他的地,都交在你手裏。
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Yosua se, “Nsuro anaasɛ mma wo koma ntu. Fa wʼasraafo no nyinaa na kɔtow hyɛ Ai so, efisɛ mede Aihene, ne nkurɔfo, ne kuropɔn ne nʼasase ama wo.
2 你怎樣待耶利哥和耶利哥的王,也當照樣待艾城和艾城的王。只是城內所奪的財物和牲畜,你們可以取為自己的掠物。你要在城後設下伏兵。」
Wobɛsɛe wɔn sɛnea wosɛe Yeriko ne ne hene no. Nanso, saa bere yi de, mutumi fa asade ne anantwi no. Ma wʼasraafo no nkɔtɛw kuropɔn no akyi.”
3 於是,約書亞和一切兵丁都起來,要上艾城去。約書亞選了三萬大能的勇士,夜間打發他們前往,
Na Yosua ne Israel nsraadɔm no sii mu sɛ wɔrekɔtow ahyɛ Ai so. Yosua yii asraafo mpem aduasa, somaa wɔn anadwo,
4 吩咐他們說:「你們要在城後埋伏,不可離城太遠,都要各自準備。
hyɛɛ wɔn se, “Monkɔtɛw wɔ ahintawee a ɛwɔ kuropɔn no akyi na monyɛ krado mma ɔko.
5 我與我所帶領的眾民要向城前往。城裏的人像初次出來攻擊我們的時候,我們就在他們面前逃跑,
Sɛ yɛn asraafo no tow hyɛ Ai so a, Ai mmarima befi adi abɛko, sɛnea wɔyɛɛ kan no, na yebeguan.
6 他們必出來追趕我們,直到我們引誘他們離開城;因為他們必說:『這些人像初次在我們面前逃跑。』所以我們要在他們面前逃跑,
Yɛbɛma wɔataa yɛn ara kosi sɛ wɔn nyinaa befi kuropɔn no mu. Na wɔbɛka se ‘Israelfo no reguan sɛnea wɔyɛɛ kan no.’
7 你們就從埋伏的地方起來,奪取那城,因為耶和華-你們的上帝必把城交在你們手裏。
Afei mubefi mo ahintawee hɔ ntɛm so akɔfa kuropɔn no, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn de bɛma mo.
8 你們奪了城以後,就放火燒城,要照耶和華的話行。這是我吩咐你們的。」
Monto kuropɔn no mu gya sɛnea Awurade ahyɛ no. Munim nea ɛsɛ sɛ moyɛ.”
9 約書亞打發他們前往,他們就上埋伏的地方去,住在伯特利和艾城的中間,就是在艾城的西邊。這夜約書亞卻在民中住宿。
Enti wofii hɔ anadwo no kɔtɛw Bet-El ne Ai atɔe fam ntam. Nanso, Yosua de, ɔkaa nnipa no mu wɔ wɔn atenae hɔ anadwo no.
10 約書亞清早起來,點齊百姓,他和以色列的長老在百姓前面上艾城去。
Ade kyee anɔpahema no, Yosua nyan nʼakofo ma wɔde wɔn ani kyerɛɛ Ai a Israel ntuanofo ka wɔn ho.
11 眾民,就是他所帶領的兵丁,都上去,向前直往,來到城前,在艾城北邊安營。在約書亞和艾城中間有一山谷。
Wɔkɔbɔɔ atenae wɔ Ai atifi fam a obon da wɔne kuropɔn no ntam.
12 他挑了約有五千人,使他們埋伏在伯特利和艾城的中間,就是在艾城的西邊,
Anadwo no, Yosua somaa asraafo mpem anum sɛ wɔnkɔtɛw Bet-El ne Ai ntam wɔ kuropɔn no atɔe fam.
13 於是安置了百姓,就是城北的全軍和城西的伏兵。這夜約書亞進入山谷之中。
Enti ɔmaa asraafo no mu fa kɛse gyinaa kuropɔn no atifi fam a na atɛwfo no bi nso wɔ kuropɔn no atɔe fam. Yosua ankasa de, ɔtenaa obon no mu anadwo no.
14 艾城的王看見這景況,就和全城的人,清早急忙起來,按所定的時候,出到亞拉巴前,要與以色列人交戰;王卻不知道在城後有伏兵。
Aihene huu sɛ Israelfo no wɔ obon no fa nohɔ no, ntɛm so, ɔne nʼakofo nyinaa sɔree anɔpahema kɔtoaa Israelfo no, tow hyɛɛ wɔn so wɔ Araba. Nanso, na onnim sɛ atɛwfo bi wɔ kuropɔn no akyi.
15 約書亞和以色列眾人在他們面前裝敗,往那通曠野的路逃跑。
Yosua ne ne Israel nsraadɔm no guan kɔɔ sare no so yɛɛ sɛnea Aifo no adi wɔn so,
16 城內的眾民都被招聚,追趕他們;艾城人追趕的時候,就被引誘離開城。
enti Aifo no frɛɛ mmarima a wɔwɔ kuropɔn no mu no nyinaa ma wɔbɛtaa Israelfo no. Ɛyɛɛ saa maa wɔn nyinaa fii kuropɔn no mu.
17 艾城和伯特利城沒有一人不出來追趕以色列人的,撇了敞開的城門,去追趕以色列人。
Anka obiara wɔ Ai anaa Bet-el a wankɔtaa Israelfo, na wogyaw kurow no maa ano daa hɔ.
18 耶和華吩咐約書亞說:「你向艾城伸出手裏的短槍,因為我要將城交在你手裏。」約書亞就向城伸出手裏的短槍。
Awurade ka kyerɛɛ Yosua se, “Fa wo peaw no kyerɛ Ai so, na mede kuropɔn no bɛma wo.” Enti, Yosua yɛɛ sɛnea wɔhyɛɛ no no.
19 他一伸手,伏兵就從埋伏的地方急忙起來,奪了城,跑進城去,放火焚燒。
Yosua nyamaa atɛwfo no ara pɛ, wɔsɔree pankran bɔ wuraa kuropɔn no mu. Wɔfaa kuropɔn no na wɔtoo mu gya.
20 艾城的人回頭一看,不料,城中煙氣沖天,他們就無力向左向右逃跑。那往曠野逃跑的百姓便轉身攻擊追趕他們的人。
Aifo no hwɛɛ wɔn akyi huu sɛ wusiw kumɔnn aduru soro, na wɔannya baabi ankɔ, efisɛ Israelfo no a woguan kɔɔ sare so no dan wɔn ani taa wɔn.
21 約書亞和以色列眾人見伏兵已經奪了城,城中煙氣飛騰,就轉身回去,擊殺艾城的人。
Bere a Yosua ne Israelfo a wɔaka no huu sɛ atɛwfo no afa kuropɔn no, na wusiw ayɛ kumɔnn wɔ wim no, wɔdan wɔn ho bɛtow hyɛɛ Aifo no so.
22 伏兵也出城迎擊艾城人,艾城人就困在以色列人中間,前後都是以色列人。於是以色列人擊殺他們,沒有留下一個,也沒有一個逃脫的,
Israelfo a na wɔwɔ kuropɔn no mu fii akyi hyɛɛ ase kunkum atamfo no. Enti Ai mmarima no dii nsensɛnmu na wɔn nyinaa wuwui. Anka obi biara.
23 生擒了艾城的王,將他解到約書亞那裏。
Ai hene nko ara na wɔkyeree no anikann de no brɛɛ Yosua.
24 以色列人在田間和曠野殺盡所追趕一切艾城的居民。艾城人倒在刀下,直到滅盡;以色列眾人就回到艾城,用刀殺了城中的人。
Bere a Israelfo nsraadɔm kunkum Ai mmarima a wopue fii kuropɔn no mu wiee no, wɔsan kɔɔ kuropɔn no mu kokunkum wɔn a wɔaka wɔ mu nyinaa.
25 當日殺斃的人,連男帶女共有一萬二千,就是艾城所有的人。
Enti da no wokunkum nnipa a wɔwɔ Ai nyinaa; na wɔn ano si mpem dumien.
26 約書亞沒有收回手裏所伸出來的短槍,直到把艾城的一切居民盡行殺滅。
Yosua soo ne peaw no mu saa ara kosii sɛ wɔsɛee obiara a ɔte Ai no pasaa.
27 惟獨城中的牲畜和財物,以色列人都取為自己的掠物,是照耶和華所吩咐約書亞的話。
Anantwi ne agyapade a ɛwɔ kuropɔn no mu nko ara na wɔansɛe no; Israelfo no ankasa fae, sɛnea Awurade hyɛɛ Yosua no.
28 約書亞將艾城焚燒,使城永為高堆、荒場,直到今日;
Enti, Yosua hyew Ai ma bɛdanee mmubui siw ne amamfo de besi nnɛ.
29 又將艾城王掛在樹上,直到晚上。日落的時候,約書亞吩咐人把屍首從樹上取下來,丟在城門口,在屍首上堆成一大堆石頭,直存到今日。
Yosua sɛn Ai hene wɔ dua bi so gyaw no wɔ dua no so kosii anwummere. Owia kɔtɔe no, Israelfo no yii amu no de no kɔtoo kuropɔn no pon ano. Wɔhyɛɛ abo siw wɔ ne so a ɛda so wɔ hɔ besi nnɛ.
30 那時,約書亞在以巴路山上為耶和華-以色列的上帝築一座壇,
Yosua sii afɔremuka maa Awurade, Israel Nyankopɔn, wɔ Ebal bepɔw so.
31 是用沒有動過鐵器的整石頭築的,照着耶和華僕人摩西所吩咐以色列人的話,正如摩西律法書上所寫的。眾人在這壇上給耶和華奉獻燔祭和平安祭。
Odii nkyerɛkyerɛ a Mose a ɔyɛ Awurade somfo akyerɛw wɔ Mmara Nhoma no mu a ese, “Fa abo a wontwae na wɔmfaa adwinnade nsinsenii ho si afɔremuka ma me” no so. Na wɔbɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre maa Awurade wɔ afɔremuka no so.
32 約書亞在那裏,當着以色列人面前,將摩西所寫的律法抄寫在石頭上。
Na Yosua kyerɛw Mose Mmara no guu afɔremuka no abo no so, bere a na Israelfo no rehwɛ no no.
33 以色列眾人,無論是本地人、是寄居的,和長老、官長,並審判官,都站在約櫃兩旁,在抬耶和華約櫃的祭司利未人面前,一半對着基利心山,一半對着以巴路山,為以色列民祝福,正如耶和華僕人摩西先前所吩咐的。
Afei, wɔkyɛɛ Israelfo nyinaa; ahɔho ne ɔmanfo, ntuanofo, adwumayɛfo ne atemmufo nyinaa mu akuw abien. Kuw baako gyinaa Gerisim bepɔw ayaase na kuw baako nso gyinaa Ebal bepɔw ayaase. Akuw abien yi dii nhwɛanim. Na Lewifo asɔfo a wɔso Awurade Apam Adaka no gyinaa wɔn mfimfini. Wɔyɛɛ eyinom nyinaa sɛnea Awurade somfo Mose nkyerɛkyerɛ a ɔnam so hyira Israelfo no te.
34 隨後,約書亞將律法上祝福、咒詛的話,照着律法書上一切所寫的,都宣讀了一遍。
Afei, Yosua kenkan nhyira ne nnome nsɛm a Mose akyerɛw wɔ Mmara Nhoma no mu no kyerɛɛ wɔn.
35 摩西所吩咐的一切話,約書亞在以色列全會眾和婦女、孩子,並他們中間寄居的外人面前,沒有一句不宣讀的。
Asɛm biara a Mose ahyɛ no, Yosua kenkan kyerɛɛ ɔman mu no a mmea, mmofra ne ahɔho a wɔne Israelfo no te no nso ka ho bi.

< 約書亞記 8 >