< 約書亞記 12 >
1 以色列人在約旦河外向日出之地擊殺二王,得他們的地,就是從亞嫩谷直到黑門山,並東邊的全亞拉巴之地。
Yeinom ne ahemfo a wɔwɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam a wɔkunkumm wɔn na wɔfaa wɔn nsase. Wɔn nsase no firi Arnon Subɔnhwa kɔsi Bepɔ Hermon so a Yordan Bɔnhwa asase a ɛwɔ apueeɛ fam nyinaa ka ho.
2 這二王,有住希實本、亞摩利人的王西宏。他所管之地是從亞嫩谷邊的亞羅珥和谷中的城,並基列一半,直到亞捫人的境界,雅博河
Wɔdii Amorifoɔhene Sihon a na ɔte Hesbon so. Na nʼahemman bi ne Aroer a ɛwɔ Arnon Subɔnhwa ano na ɛtene firi ne mfimfini kɔsi Asubɔnten Yabok a ɛda hɔ sɛ ɛhyeɛ ma Amorifoɔ no. Ɛnnɛ yi, Gilead fa a ɛda Asubɔnten Yabok atifi no ka ɔmantam no ho.
3 與 約旦河東邊的亞拉巴,直到基尼烈海,又到亞拉巴的海,就是鹽海,通伯‧耶西末的路,以及南方,直到毗斯迦的山根。
Ɛfiri Yordan bɔnhwa atifi a ɛbɛn Galilea ɛpo no atɔeɛ fam mpoano na ɛsiane ba anafoɔ fam bɛsi Nkyene Ɛpo, firi Bet-Yesimot kɔsi Pisga nsianeɛ so hyɛɛ Sihon ase.
4 又有巴珊王噩。他是利乏音人所剩下的,住在亞斯他錄和以得來。
Basanhene Og a ɔtwa Refaimfoɔ to no tenaa Astarot ne Edrei asase so.
5 他所管之地是黑門山、撒迦、巴珊全地,直到基述人和瑪迦人的境界,並基列一半,直到希實本王西宏的境界。
Na ɔdii ɔhene wɔ ɔman a ɛfiri Bepɔ Hermon so de kɔsi Saleka wɔ atifi fam ne Basan a ɛwɔ apueeɛ fam nyinaa, de kɔ atɔeɛ fam kɔsi Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ ahemman ɛhyeɛ so. Gilead fa a ɛwɔ atifi fam, ne ɛfa a aka a na ɛwɔ Hesbonhene Sihon asase mu no ka ho.
6 這二王是耶和華僕人摩西和以色列人所擊殺的;耶和華僕人摩西將他們的地賜給呂便人、迦得人,和瑪拿西半支派的人為業。
Na Mose a ɔyɛ Awurade ɔsomfoɔ no ne Israelfoɔ atɔre ɔhene Sihon ne ɔhene Og nkurɔfoɔ ase. Mose de wɔn asase maa Ruben ne Gad mmusuakuo ne Manase abusua fa no.
7 約書亞和以色列人在約旦河西擊殺了諸王。他們的地是從黎巴嫩平原的巴力‧迦得,直到上西珥的哈拉山。約書亞就將那地按着以色列支派的宗族分給他們為業,
Saa ahemfo a wɔn din didi soɔ yi na Yosua ne Israel akodɔm dii wɔn so wɔ Yordan atɔeɛ fam firi Baal-Gad wɔ Lebanon bɔnhwa mu de kɔsi Halak bepɔ a ɛkɔsi Seir no. Na Yosua de asase no maa Israel mmusuakuo no sɛ wɔn agyapadeɛ,
8 就是赫人、亞摩利人、迦南人、比利洗人、希未人、耶布斯人的山地、高原亞拉巴、山坡、曠野,和南地。
a ɛne bepɔ so ɔman, atɔeɛ fam nkokoɔ, Yordan Bɔnhwa, mmepɔ mmepɔ nsianeɛ, Yudea ɛserɛ so ne Negeb. Nnipa a na wɔte saa beaeɛ hɔ no yɛ Hetifoɔ, Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ. Yeinom ne ahemfo a Israel dii wɔn so nkonim:
9 他們的王:一個是耶利哥王,一個是靠近伯特利的艾城王,
Yerikohene baako Ai a ɛbɛn Bet-El ɔhene baako
Yerusalemhene baako Hebronhene baako
Yarmuthene baako Lakishene baako
Eglonhene baako Geserhene baako
Debirhene baako Gederhene baako
Hormahene baako Aradhene baako
Libnahene baako Adulamhene baako
Makedahene baako Bet-Elhene baako
Tapuahene baako Heferhene baako
Afekhene baako Lasaronhene baako
Madonhene baako Hasorhene baako
Simronhene baako Aksafhene baako
Taanakhene baako Megidohene baako
Kedeshene baako Yokneam a ɛwɔ Karmel ase ɔhene baako
23 一個是多珥山岡的多珥王,一個是吉甲的戈印王,
Dor a ɛwɔ Dor kokoɔ so ɔhene baako amanaman a ɛwɔ Gilgal no ɔhene baako
Tirsahene baako Ahemfo a wɔsɛee wɔn ne wɔn nkuro nyinaa ano si aduasa baako.