< 以賽亞書 36 >

1 希西家王十四年,亞述王西拿基立上來攻擊猶大的一切堅固城,將城攻取。
Ɔhene Hesekia adedie mfeɛ dunan so no, Asiriahene Sanaherib bɛto hyɛɛ Yuda nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no so dii so.
2 亞述王從拉吉差遣拉伯沙基率領大軍往耶路撒冷,到希西家王那裏去。他就站在上池的水溝旁,在漂布地的大路上。
Afei, Asiriahene somaa nʼananmusifoɔ firi Lakis a akodɔm kɛseɛ ka ne ho kɔhyiaa Ɔhene Hesekia wɔ Yerusalem. Ɛberɛ a ɔsahene no bɛgyinaa nsudorobɛn bi a ɛfiri Atifi Tadeɛ de kɔ Ntomasifoɔ Atenaeɛ hɔ no,
3 於是希勒家的兒子家宰以利亞敬,並書記舍伯那和亞薩的兒子史官約亞,出來見拉伯沙基。
Hilkia babarima Eliakim a na ɔhwɛ ahemfie no ntotoeɛ so ne Sebna a na ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ ne Asaf babarima Yoa a na ɔno nso yɛ ɔtwerɛfoɔ kɔhyiaa no.
4 拉伯沙基對他們說:「你們去告訴希西家說,亞述大王如此說:『你所倚靠的有甚麼可仗賴的呢?
Na ɔsahene no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monka nkyerɛ Hesekia sɛ, “‘Asɛm a otumfoɔ Asiriahene ka nie: Ɛdeɛn na wode wo ho to so a ɛma wogye wo ho di saa?
5 你說,有打仗的計謀和能力,我看不過是虛話。你到底倚靠誰才背叛我呢?
Woka sɛ wowɔ akodie ho nyansa ne nʼahoɔden, nanso woka nsɛm hunu. Hwan na ɔtaa wʼakyi a enti wote mʼanim atua?
6 看哪,你所倚靠的埃及是那壓傷的葦杖,人若靠這杖,就必刺透他的手。埃及王法老向一切倚靠他的人也是這樣。
Misraim anaa? Sɛ wotwere Misraim a, wobɛhunu sɛ, ɛte sɛ abaa a wo mu duru bɛbu no, na awɔ wo ahwire wo nsam. Misraim Farao mpo mu nni ahotosoɔ korakora.
7 你若對我說:我們倚靠耶和華-我們的上帝。希西家豈不是將上帝的邱壇和祭壇廢去,且對猶大和耶路撒冷的人說:你們當在這壇前敬拜嗎?
Na sɛ moka kyerɛ me sɛ, “Yɛde yɛn ho ato Awurade yɛn Onyankopɔn so” a, ɛnyɛ ɔno na Hesekia yiyii nʼasɔreɛ ne nʼafɔrebukyia na ɔka kyerɛɛ Yuda ne Yerusalem sɛ, “Ɛsɛ sɛ mosɔre wɔ saa afɔrebukyia yi anim no” anaa?
8 現在你把當頭給我主亞述王,我給你二千匹馬,看你這一面騎馬的人夠不夠。
“‘Mɛka asɛm bi akyerɛ wo! Me wura Asiriahene ne wo bɛyɛ nhyehyɛeɛ bi. Sɛ wobɛnya apɔnkɔsotefoɔ mpenu, afiri wʼasraadɔm mu a, ɔbɛma wɔn apɔnkɔ mpenu ama wɔatenatena wɔn so.
9 若不然,怎能打敗我主臣僕中最小的軍長呢?你竟倚靠埃及的戰車馬兵嗎?
Na wʼasraadɔm ketewa sɛɛ yi, ɛbɛyɛ dɛn na woaso daeɛ sɛ wobɛtumi ne me wura akodɔm no mu fa bi a wɔyɛ mmerɛ mpo adi asie. Menim sɛ wode wo ho ato Misraim nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ mmoa so.
10 現在我上來攻擊毀滅這地,豈沒有耶和華的意思嗎?耶和華吩咐我說,你上去攻擊毀滅這地吧!』」
Bio, wogye di sɛ, maba sɛ merebɛto ahyɛ asase yi so asɛe no kwa a Awurade nsa nni mu? Awurade ankasa ka kyerɛɛ me sɛ, menkɔko ntia saa asase yi na mensɛe no.’”
11 以利亞敬、舍伯那、約亞對拉伯沙基說:「求你用亞蘭言語和僕人說話,因為我們懂得;不要用猶大言語和我們說話,達到城上百姓的耳中。」
Na Eliakim, Sebna ne Yoa ka kyerɛɛ ɔsahene no sɛ, “Yɛsrɛ mo, monka Arameike kasa nkyerɛ mo asomfoɔ, ɛfiri sɛ, yɛte aseɛ yie. Monnka Hebri na nnipa a wɔwɔ ɔfasuo no so no bɛte aseɛ.”
12 拉伯沙基說:「我主差遣我來,豈是單對你和你的主說這些話嗎?不也是對這些坐在城上、要與你們一同吃自己糞喝自己尿的人說嗎?」
Na ɔsahene no buaa sɛ, “Me wura pɛ sɛ obiara a ɔwɔ Yerusalem te saa asɛm yi, na ɛnyɛ mo nko. Ɔpɛ sɛ wɔte sɛ, sɛ moamma mo nsa so a, wɔbɛtua kuropɔn yi. Ɛkɔm ne sukɔm werɛmfoɔ bɛde nkurɔfoɔ no ara kɔsi sɛ, wɔbɛdi wɔn ara agyanan, anom wɔn dwonsɔ.”
13 於是,拉伯沙基站着,用猶大言語大聲喊着說:「你們當聽亞述大王的話。
Afei, ɔsahene no sɔre gyina kasaa Hebri mu sɛ, “Montie saa nkra yi a ɛfiri ɔhempɔn, Asiriahene no nkyɛn!
14 王如此說:『你們不要被希西家欺哄了,因他不能拯救你們。
Sɛdeɛ ɔhene no seɛ nie: Mommma Hesekia nnaadaa mo. Ɔrentumi nye mo!
15 也不要聽希西家使你們倚靠耶和華說:耶和華必要拯救我們,這城必不交在亞述王的手中。』
Mommma Hesekia mfa saa asɛm a ɔkaa no sɛ, ‘Awurade bɛgye yɛn! Wɔremfa saa kuro yi mma Asiriahene’ no, mma mo tirim nyɛ mo dɛ.
16 不要聽希西家的話,因亞述王如此說:『你們要與我和好。出來投降我,各人就可以吃自己葡萄樹和無花果樹的果子,喝自己井裏的水。
“Monntie Hesekia. Yeinom ne nhyehyɛeɛ a Asiriahene reyɛ. Mo ne me nni no asomdwoeɛ so. Mommue apono no, na mompue mmra. Na mɛma mo mu biara ɛkwan, na moatoa so adidi afiri mo bobe ne borɔdɔma mfikyifuo mu, anom nsuo afiri mo ara mo abura mu,
17 等我來領你們到一個地方,與你們本地一樣,就是有五穀和新酒之地,有糧食和葡萄園之地。
kɔsi sɛ mɛba abɛfa mo akɔ asase a ɛte sɛ mo deɛ yi so, ayuo ne nsã foforɔ asase, aduane ne bobe mfuo asase.
18 你們要謹防,恐怕希西家勸導你們說:耶和華必拯救我們。列國的神有哪一個救他本國脫離亞述王的手呢?
“Mommma Hesekia nka sɛ, ‘Awurade bɛgye yɛn,’ mfa nnaadaa mo. Ɔman bi so nyame atumi agye ne ɔman afiri Asiriahene nsam pɛn anaa?
19 哈馬和亞珥拔的神在哪裏呢?西法瓦音的神在哪裏呢?他們曾救撒馬利亞脫離我的手嗎?
Ɛhe na Hamat ne Arpad anyame no wɔ? Na Sefarwaim anyame no nso wɔ he? Wɔagye Samaria afiri me nsam anaa?
20 這些國的神有誰曾救自己的國脫離我的手呢?難道耶和華能救耶路撒冷脫離我的手嗎?』」
Ɔman bɛn so nyame na watumi agye ne manfoɔ afiri me tumi ase? Na afei ɛbɛyɛ dɛn na Awurade bɛtumi agye Yerusalem afiri me nsam?”
21 百姓靜默不言,並不回答一句,因為王曾吩咐說:「不要回答他。」
Na nnipa no yɛɛ komm a wɔamma mmuaeɛ biara, ɛfiri sɛ, na Hesekia aka akyerɛ wɔn sɛ wɔnnkasa.
22 當下希勒家的兒子家宰以利亞敬和書記舍伯那,並亞薩的兒子史官約亞,都撕裂衣服,來到希西家那裏,將拉伯沙基的話告訴了他。
Afei, Hilkia babarima Eliakim a na ɔhwɛ ahemfie no ntotoeɛ so ne Sebna a na ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ ne Asaf babarima Yoa a ɔno nso yɛ ɔtwerɛfoɔ kɔɔ Hesekia nkyɛn a wɔasunsuane wɔn ntadeɛ mu, kɔkaa deɛ ɔsahene no aka kyerɛɛ no.

< 以賽亞書 36 >