< 以斯拉記 5 >

1 那時,先知哈該和易多的孫子撒迦利亞奉以色列上帝的名向猶大和耶路撒冷的猶大人說勸勉的話。
Saa bere no, adiyifo Hagai ne Ido babarima Sakaria de Israel Nyankopɔn din hyɛɛ nkɔm kyerɛɛ Yudafo a wɔwɔ Yuda ne Yerusalem no.
2 於是撒拉鐵的兒子所羅巴伯和約薩達的兒子耶書亞都起來動手建造耶路撒冷上帝的殿,有上帝的先知在那裏幫助他們。
Na Sealtiel babarima Serubabel ne Yosadak babarima Yesua tiei, fitii ase sii Onyankopɔn asɔredan no wɔ Yerusalem. Na Onyankopɔn adiyifo no ka wɔn ho a wɔboaa wɔn.
3 當時河西的總督達乃和示他‧波斯乃,並他們的同黨來問說:「誰降旨讓你們建造這殿,修成這牆呢?」
Saa bere no mu na Tatenai a ɔyɛ amrado wɔ asu Eufrate agya no ne Setar-Bosnai ne wɔn mfɛfo kɔɔ Yerusalem kobisae se, “Hena na ɔmaa mo kwan sɛ munsiesie asɔredan yi?”
4 我們便告訴他們建造這殿的人叫甚麼名字。
Wɔsan ka kyerɛɛ wɔn se, wɔmfa nnipa a wɔreyɛ adwuma wɔ asɔredan no ho no nyinaa din mma wɔn.
5 上帝的眼目看顧猶大的長老,以致總督等沒有叫他們停工,直到這事奏告大流士,得着他的回諭。
Nanso esiane sɛ na wɔn Nyankopɔn hwɛ wɔn so nti, wɔansiw Yudafo ntuanofo no adansi no ho kwan kosii sɛ wɔde ɛho asɛm kɔdan Dario ma ɔsesaa nʼadwene.
6 河西的總督達乃和示他‧波斯乃,並他們的同黨,就是住河西的亞法薩迦人,上本奏告大流士王。
Eyi ne krataa a amrado Tatenai, Setar-Bosnai ne mpanyimfo a wɔwɔ asu Eufrate agya no bi kyerɛw kɔmaa ɔhene Dario:
7 本上寫着說:「願大流士王諸事平安。
Yekyia wo, ɔhene Dario.
8 王該知道,我們往猶大省去,到了至大上帝的殿,這殿是用大石建造的。樑木插入牆內,工作甚速,他們手下亨通。
Yɛpɛ sɛ yɛma wo te sɛ, yɛkɔɔ beae a wɔresiesie Onyankopɔn asɔredan no wɔ Yudaman mu no. Abo sononko a wɔasiesie ne nnua na wɔde resi afasu no. Adwuma no rekɔ so ahoɔden so.
9 我們就問那些長老說:『誰降旨讓你們建造這殿,修成這牆呢?』
Yebisaa ntuanofo no se, “Hena na ɔmaa mo kwan sɛ munsiesie asɔredan yi?”
10 又問他們的名字,要記錄他們首領的名字,奏告於王。
Na yebisaa wɔn adwumayɛfo din sɛnea yebetumi akyerɛ wo wɔn ntuanofo no.
11 他們回答說:『我們是天地之上帝的僕人,重建前多年所建造的殿,就是以色列的一位大君王建造修成的。
Wɔn mmuae ni: “Yɛyɛ ɔsorosoro ne asase Nyankopɔn no asomfo, na yɛresan asi asɔredan a ɔhene kɛse bi a na ɔwɔ Israel sii mfe bebree a atwa mu no.
12 只因我們列祖惹天上的上帝發怒,上帝把他們交在迦勒底人巴比倫王尼布甲尼撒的手中,他就拆毀這殿,又將百姓擄到巴比倫。
Na esiane sɛ yɛn agyanom hyɛɛ ɔsorosoro Nyankopɔn abufuw nti, ogyaa wɔn maa Babiloniahene Nebukadnessar, ma ɔsɛee saa asɔredan yi, na otwaa nkurɔfo no asu kɔɔ Babilonia.
13 然而巴比倫王塞魯士元年,他降旨允准建造上帝的這殿。
“Nanso Babiloniahene Kores adedi mu afe a edi kan no, ɔhyɛɛ mmara sɛ, ɛsɛ sɛ wosiesie Onyankopɔn asɔredan no.
14 上帝殿中的金、銀器皿,就是尼布甲尼撒從耶路撒冷的殿中掠去帶到巴比倫廟裏的,塞魯士王從巴比倫廟裏取出來,交給派為省長的,名叫設巴薩,
Ɔhene Kores de sikakɔkɔɔ ne dwetɛ, nkuku ne nkaka a Nebukadnessar tase fii Onyankopɔn asɔredan no mu wɔ Yerusalem de koguu Babilonia asɔredan mu no san bae. Wɔtasee saa nneɛma no fii saa asɔredan no mu de kɔmaa ɔbarima bi a ne din de Sesbasar a ɔhene Kores hyɛɛ no amrado wɔ Yuda no sɛ ɔnhwɛ so.
15 對他說可以將這些器皿帶去,放在耶路撒冷的殿中,在原處建造上帝的殿。
Ɔhene no hyɛɛ no sɛ, ɔnsan mfa nkuku ne nkaka no nsan nkogu wɔn afa wɔ Yerusalem, na ɔnsan nsi Onyankopɔn asɔredan no wɔ faako a na esi kan no.
16 於是這設巴薩來建立耶路撒冷上帝殿的根基。這殿從那時直到如今尚未造成。』
“Enti Sesbasar yi bɛtoo Onyankopɔn asɔredan yi fapem wɔ Yerusalem. Efi saa bere no, nnipa no gu so reyɛ ho adwuma nanso wonwiee ɛ.”
17 現在王若以為美,請察巴比倫王的府庫,看塞魯士王降旨允准在耶路撒冷建造上帝的殿沒有,王的心意如何?請降旨曉諭我們。」
Enti mprempren, sɛ ɛbɛyɛ ɔhene anisɔ a, monkɔsampam Babilonia ahemfi nneɛma dedaw akorae hɔ nhwɛ sɛ ɔhene Kores anhyɛ mmara sɛ wonsiesie Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no ana. Na momma ɔhene no nkyerɛ nʼadwene wɔ saa asɛm yi ho.

< 以斯拉記 5 >