< 以西結書 26 >

1 第十一年十一月初一日,耶和華的話臨到我說:
Afe a ɛtɔ so dubaako no bosome ɛda a ɛdi ɛkan no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
2 「人子啊,因泰爾向耶路撒冷說:『阿哈,那作眾民之門的已經破壞,向我開放;她既變為荒場,我必豐盛。』
“Onipa ba, Tiro aka afa Yerusalem ho sɛ ‘Ahaa! Amanaman no ano ɛpono abubu na nʼapono no abuebue ama me; seesei a kuropɔn yi asɛe yi, mɛnya nkɔsoɔ.’
3 所以,主耶和華如此說:泰爾啊,我必與你為敵,使許多國民上來攻擊你,如同海使波浪湧上來一樣。
Ɛno enti, sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Me ne wo anya Tiro, mede aman bebree bɛba abɛtia wo te sɛ ɛpo a ɛrebɔ nʼasorɔkye.
4 他們必破壞泰爾的牆垣,拆毀她的城樓。我也要刮淨塵土,使她成為淨光的磐石。
Wɔbɛsɛe Tiro afasuo na wɔadwiri nʼaban tentene. Mɛtwerɛ ɛso dɔteɛ agu ama ayɛ ɔbotan kwawee.
5 她必在海中作曬網的地方,也必成為列國的擄物。這是主耶和華說的。
Ɛpo mu, ɔbɛyɛ beaeɛ a wɔhata asau, ɛfiri sɛ makasa. Otumfoɔ Awurade asɛm nie. Ɔbɛyɛ amanaman no afodeɛ,
6 屬泰爾城邑的居民必被刀劍殺滅,他們就知道我是耶和華。」
na akofena bɛsɛe nʼatenaeɛ a ɛwɔ asase kesee soɔ no pasaa. Afei wɔbɛhunu sɛ, mene Awurade no.
7 主耶和華如此說:「我必使諸王之王的巴比倫王尼布甲尼撒率領馬匹車輛、馬兵、軍隊,和許多人民從北方來攻擊你泰爾。
“Na yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Merekɔfa Babiloniahene Nebukadnessar, ahene mu hene, ne ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam, ne apɔnkɔsotefoɔ ne akodɔm kɛseɛ afiri atifi fam abɛtia wo.
8 他必用刀劍殺滅屬你城邑的居民,也必造臺築壘舉盾牌攻擊你。
Ɔde akofena bɛsɛe wʼatenaeɛ a ɛwɔ asase kesee no so pasaa; ɔbɛsisi mpampim ayɛ epie wɔ wʼafasuo ho na wama nʼakokyɛm so atia wo.
9 他必安設撞城錘攻破你的牆垣,用鐵器拆毀你的城樓。
Ɔde obubuadaban nnua bɛpempem wʼafasuo no, na ɔde akodeɛ abubu wʼaban atentene no asɛe no.
10 因他的馬匹眾多,塵土揚起遮蔽你。他進入你的城門,好像人進入已有破口之城。那時,你的牆垣必因騎馬的和戰車、輜重車的響聲震動。
Nʼapɔnkɔ no bɛdɔɔso yie, na wɔbɛbɔ mfuturo akata wo so. Ɔsa apɔnkɔ no, nkyimiiɛ ne nteaseɛnam nnyegyeeɛ bɛma wʼafasuo awoso ɛberɛ a wɔahyɛne wɔapono mu, sɛdeɛ mmarima hyɛne kuropɔn a nʼafasuo mu adeda akwan.
11 他的馬蹄必踐踏你一切的街道;他必用刀殺戮你的居民。你堅固的柱子必倒在地上。
Nʼapɔnkɔ no ntɔte bɛtiatia wo mmɔntene nyinaa so. Ɔde akofena bɛkunkum wo nkurɔfoɔ na wʼafadum denden no bɛbubu agu fam.
12 人必以你的財寶為擄物,以你的貨財為掠物,破壞你的牆垣,拆毀你華美的房屋,將你的石頭、木頭、塵土都拋在水中。
Wɔbɛfom wʼahodeɛ na wɔawia wʼadwadeɛ, wɔbɛbubu wʼafasuo, na wɔadwiri wʼadan fɛfɛ no na wɔatoto wʼaboɔ, wo nnua ne wo dɔteɛ agu ɛpo mu.
13 我必使你唱歌的聲音止息;人也不再聽見你彈琴的聲音。
Mɛma wo nnwontoɔ gyegyeegye no aba awieeɛ na wɔrente wo sankuo so nnwontoɔ no bio.
14 我必使你成為淨光的磐石,作曬網的地方。你不得再被建造,因為這是主耶和華說的。」
Mɛyɛ wo ɔbotan kwawee, na wo so na wɔbɛhata asau. Wɔrensi kuro no bio. Me Awurade na maka!
15 主耶和華對泰爾如此說:「在你中間行殺戮,受傷之人唉哼的時候,因你傾倒的響聲,海島豈不都震動嗎?
“Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade ka kyerɛ Tiro: Sɛ wo mpoano nkuro no te wʼasehweɛ ho apinisie ne akunkumakunkum a asi wɔ wo mu a, wɔn ho rempopo anaa?
16 那時靠海的君王必都下位,除去朝服,脫下花衣,披上戰兢,坐在地上,時刻發抖,為你驚駭。
Afei mpoano mmapɔmma no nyinaa bɛfiri wɔn nhennwa so, ayiyi wɔn ngugusoɔ ne ntadeɛ a wɔadi mu adwini agu hɔ. Ehu bɛbɔ wɔn ama wɔatenatena fam. Wɔn ho bɛpopo na wɔn ho adwiri wɔn wɔ wo enti.
17 他們必為你作起哀歌說: 你這有名之城, 素為航海之人居住, 在海上為最堅固的; 平日你和居民使一切住在那裏的人無不驚恐; 現在何竟毀滅了?
Afei wɔbɛma kwadwom a ɛfa wo ho so sɛ: “‘Hwɛ sɛdeɛ wɔasɛe woɔ, Ao kuropɔn a wagye din, wo a ɛpo sofoɔ na ɛte wo mu, na anka wowɔ tumi wɔ ɛpo so! Wo ne wo manfoɔ; wo de ehu hyɛɛ wɔn a wɔte hɔ nyinaa mu.
18 如今在你這傾覆的日子, 海島都必戰兢; 海中的群島見你歸於無有就都驚惶。」
Seesei, mpoano nsase no ho popo wɔ wʼasehweɛ ɛda no; nsupɔ a ɛwɔ ɛpo mu no abɔ hu wɔ wʼasehweɛ no ho.’
19 主耶和華如此說:「泰爾啊,我使你變為荒涼,如無人居住的城邑;又使深水漫過你,大水淹沒你。
“Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Sɛ mema woyɛ kuropɔn a ada mpan te sɛ nkuropɔn a nnipa ntete so, na sɛ mema ɛpo bunu ba wo so na sɛ ne mu nsuo bebrebe no bɛkata wo so a,
20 那時,我要叫你下入陰府,與古時的人一同在地的深處、久已荒涼之地居住,使你不再有居民。我也要在活人之地顯榮耀。
mede wo ne wɔn a wɔkɔ amena mu no bɛsiane akɔ teteetefoɔ no nkyɛn. Mɛma woatena asase ase hɔ te sɛ tete mmubuiɛ, wo ne wɔn a wɔsiane kɔ amena mu no, na worensane anaa worennya kyɛfa wɔ ateasefoɔ asase so.
21 我必叫你令人驚恐,不再存留於世;人雖尋找你,卻永尋不見。這是主耶和華說的。」
Mede wo bɛba awieeɛ a ɛyɛ hu mu, na worentena asase so bio. Wɔbɛhwehwɛ wo nanso wɔrenhunu wo bio da, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.”

< 以西結書 26 >