< 申命記 18 >

1 「祭司利未人和利未全支派必在以色列中無分無業;他們所吃用的就是獻給耶和華的火祭和一切所捐的。
Lewifo Asɔfo no, nokware Lewi abusuakuw nyinaa no, nni kyɛfa ne agyapade biara wɔ Israelman mu te sɛ mmusuakuw a wɔaka no. Wobedi aduan afɔre a wɔbɔ ma Awurade no bi, efisɛ wonni agyapade.
2 他們在弟兄中必沒有產業;耶和華是他們的產業,正如耶和華所應許他們的。
Israelfo mu de, wɔrennya agyapade biara sɛ wɔn ankasa kyɛfa. Awurade ankasa bɛyɛ wɔn kyɛfa sɛnea ɔhyɛɛ wɔn bɔ no.
3 祭司從百姓所當得的分乃是這樣:凡獻牛或羊為祭的,要把前腿和兩腮並脾胃給祭司。
Eyi ne kyɛfa a asɔfo no benya afi nantwi ne oguan a nnipa no de bɛbɔ afɔre no mu: ne mmati, nʼabogye ne nʼayamde.
4 初收的五穀、新酒和油,並初剪的羊毛,也要給他;
Afei, momma wɔn mo atokokan mu ade, nsa foforo ne ngo ne nwi a edi kan a wotwitwa fi mo nguan ho no.
5 因為耶和華-你的上帝從你各支派中將他揀選出來,使他和他子孫永遠奉耶和華的名侍立,事奉。
Efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, apaw Lewifo ne wɔn asefo afi mo mmusuakuw nyinaa mu sɛ wonnyina, nsom daa wɔ Awurade din mu.
6 「利未人無論寄居在以色列中的哪一座城,若從那裏出來,一心願意到耶和華所選擇的地方,
Sɛ Lewini bi pɛ na ofi mo nkurow no mu biara a ɔte so wɔ Israel kɔ baabi a Awurade ayi a,
7 就要奉耶和華-他上帝的名事奉,像他眾弟兄利未人侍立在耶和華面前事奉一樣。
otumi som wɔ Awurade, ne Nyankopɔn, din mu te sɛnea ne nkurɔfo Lewifo a wɔsom wɔ hɔ wɔ Awurade anim no yɛ no ara.
8 除了他賣祖父產業所得的以外,還要得一分祭物與他們同吃。」
Sɛ mpo wanya sika bi afi abusua agyapade bi tɔn mu a, wɔde ne kyɛfa a ɛwɔ afɔrebɔde no mu sɛ Lewini no bɛma no sɛ asɛde.
9 「你到了耶和華-你上帝所賜之地,那些國民所行可憎惡的事,你不可學着行。
Sɛ munya du asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo no so a, monhwɛ yiye na moansua amanaman a ɛwɔ hɔ no amanne a ɛyɛ akyiwade no.
10 你們中間不可有人使兒女經火,也不可有占卜的、觀兆的、用法術的、行邪術的、
Mommma wonhu sɛ mo mu bi de ne babarima anaa ne babea abɔ ɔhyew afɔre. Na mommma mo nnipa no nyɛ akɔmfo a wɔhyɛ abosom nkɔm, abayifo ne abisakɔfo, ne ntafowayifo
11 用迷術的、交鬼的、行巫術的、過陰的。
ne nkaberekyerefo ne samanfrɛfo, osumanni a ɔfrɛ ɔsaman.
12 凡行這些事的都為耶和華所憎惡;因那些國民行這可憎惡的事,所以耶和華-你的上帝將他們從你面前趕出。
Obiara a ɔyɛ saa ade yi bi no yɛ Awurade akyiwade na saa akyiwade yi nti na Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛpam saa aman no afi mo anim.
13 你要在耶和華-你的上帝面前作完全人。」
Monyɛ pɛ wɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, anim.
14 「因你所要趕出的那些國民都聽信觀兆的和占卜的,至於你,耶和華-你的上帝從來不許你這樣行。
Aman a morekotu wɔn yi tie wɔn a wɔpɛ abayisɛm ne nkɔmhyɛnsɛm. Nanso mo de, Awurade, mo Nyankopɔn no, mmaa mo kwan sɛ monyɛ saa ɛ.
15 耶和華-你的上帝要從你們弟兄中間給你興起一位先知,像我,你們要聽從他。
Awurade, mo Nyankopɔn no, beyi odiyifo a ɔte sɛ me afi mo Israelfo yi ara mu. Ɛsɛ sɛ moyɛ osetie ma no.
16 正如你在何烈山大會的日子求耶和華-你上帝一切的話,說:『求你不再叫我聽見耶和華-我上帝的聲音,也不再叫我看見這大火,免得我死亡。』
Eyi ne nea mo ankasa mobisaa Awurade, mo Nyankopɔn no, bere a muhyiaa wɔ Horeb no. Mosrɛɛ sɛ mompɛ sɛ mote Awurade, mo Nyankopɔn no, nne anaa muhu ogyaframa bio, efisɛ musuro sɛ anhwɛ a, mubewuwu.
17 耶和華就對我說:『他們所說的是。
Na Awurade buae se, “Mɛyɛ wɔn abisade ama wɔn.
18 我必在他們弟兄中間給他們興起一位先知,像你。我要將當說的話傳給他;他要將我一切所吩咐的都傳給他們。
Mɛda odiyifo te sɛ wo adi afi wɔn nkurɔfo Israelfo mu. Mede me nsɛm bɛhyɛ nʼanom, na ɔbɛka biribiara a mɛhyɛ wɔn no akyerɛ wɔn.
19 誰不聽他奉我名所說的話,我必討誰的罪。
Mʼankasa me ne obiara a wantie asɛm a odiyifo no bɛka wɔ me din mu no bedi.
20 若有先知擅敢託我的名說我所未曾吩咐他說的話,或是奉別神的名說話,那先知就必治死。』
Na odiyifo biara bɛpatuw aka nea menhyɛe, anaa ɔnam onyame foforo bi din so ka asɛm no, ɛsɛ sɛ wokum no.”
21 你心裏若說:『耶和華所未曾吩咐的話,我們怎能知道呢?』
Mubebisa mo ho se, “Ɛbɛyɛ dɛn na yɛahu sɛ adiyisɛm no fi Awurade anaasɛ emfi no?”
22 先知託耶和華的名說話,所說的若不成就,也無效驗,這就是耶和華所未曾吩咐的,是那先知擅自說的,你不要怕他。」
Sɛ odiyifo no hyɛ nkɔm wɔ Awurade din mu na amma mu a, na ɛnyɛ Awurade na ɔde asɛm no mae. Na ɛkyerɛ sɛ, saa odiyifo no ara kaa ɔno ankasa nʼasɛm bi kwa enti ɛnsɛ sɛ musuro.

< 申命記 18 >