< 歷代志上 8 >

1 便雅憫的長子比拉,次子亞實別,三子亞哈拉,
Benyamin mmammarima na ɛdidi soɔ yi: Bela (abakan), Asbel, Ahra,
2 四子挪哈,五子拉法。
Noha ne Rafha.
3 比拉的兒子是亞大、基拉、亞比忽、
Bela mmammarima yɛ: Adar, Gera, Abihud,
4 亞比書、乃幔、亞何亞、
Abisua, Naaman, Ahoa,
5 基拉、示孚汛、戶蘭。
Gera, Sefufan ne Huram.
6 以忽的兒子作迦巴居民的族長,被擄到瑪拿轄;
Ehud mmammarima, mmusua ntuanofoɔ, a na wɔte Geba a wɔpamoo wɔn firii hɔ kɔɔ Manahat nie:
7 以忽的兒子乃幔、亞希亞、基拉也被擄去。基拉生烏撒、亞希忽。
Naaman, Ahiya ne Gera. Gera a na ɔyɛ Usa ne Ahihud agya no na ɛberɛ a wɔretu no, ɔdii wɔn anim.
8 沙哈連休他二妻戶伸和巴拉之後,在摩押地生了兒子。
Saharaim gyaee ne yerenom Husim ne Baara akyi no, ɔwoo mma wɔ Moab asase so.
9 他與妻賀得同房,生了約巴、洗比雅、米沙、瑪拉干、
Ne yere foforɔ Hodes woo Yobab, Sibia, Mesa, Malkam,
10 耶烏斯、沙迦、米瑪。他這些兒子都是族長。
Yeus, Sakia ne Mirma. Saa mmammarima yi bɛyɛɛ mmusua ntuanofoɔ.
11 他的妻戶伸給他生的兒子有亞比突、以利巴力。
Na Saharaim yere Husim awo Abitub ne Elpaal dada.
12 以利巴力的兒子是希伯、米珊、沙麥。沙麥建立阿挪和羅德二城與其村莊。
Elpaal mmammarima yɛ: Eber, Misam ne Semed a ɔkyekyeree Ono ne Lod ne wɔn nkuraaseɛ no,
13 又有比利亞和示瑪是亞雅崙居民的族長,是驅逐迦特人的。
Beria ne Sema. Na wɔyɛ mmusua ntuanofoɔ a na wɔte Ayalon, na wɔpamoo ɔmanfoɔ a wɔte Gat no.
14 亞希約、沙煞、耶利末、
Beria mmammarima yɛ Ahio, Sasak, Yeremot,
15 西巴第雅、亞拉得、亞得、
Sebadia, Arad, Eder,
16 米迦勒、伊施巴、約哈都是比利亞的兒子。
Mikael, Yispa ne Yoha.
17 西巴第雅、米書蘭、希西基、希伯、
Elpaal mmammarima yɛ Sebadia, Mesulam, Hiski, Heber,
18 伊施米萊、伊斯利亞、約巴都是以利巴力的兒子。
Ismerai, Yislia ne Yobab.
19 雅金、細基利、撒底、
Simei mmammarima yɛ Yakim, Sikri, Sabdi,
20 以利乃、洗勒太、以列、
Elienai, Siletai, Eliel,
21 亞大雅、比拉雅、申拉都是示每的兒子。
Adaia, Beraia ne Simrat.
22 伊施班、希伯、以列、
Sasak mmammarima yɛ Yispan, Eber, Eliel,
23 亞伯頓、細基利、哈難、
Abdon, Sikri, Hanan,
24 哈拿尼雅、以攔、安陀提雅、
Hanania, Elam, Antotia,
25 伊弗底雅、毗努伊勒都是沙煞的兒子。
Yifdeia ne Penuel.
26 珊示萊、示哈利、亞他利雅、
Yeroham mmammarima yɛ: Samserai, Seharia, Atalia,
27 雅利西、以利亞、細基利都是耶羅罕的兒子。
Yaaresia, Elia ne Sikri.
28 這些人都是著名的族長,住在耶路撒冷。
Yeinom ne agyanom mmusua ntuanofoɔ a wɔatwerɛ wɔn din wɔ wɔn mu biara abusuadua nkrataa mu. Na wɔn nyinaa tenaa Yerusalem.
29 在基遍住的有基遍的父親耶利。他的妻名叫瑪迦;
Yeiel (Gibeon agya) tenaa Gibeon. Na ne yere din de Maaka
30 他長子是亞伯頓。他又生蘇珥、基士、巴力、拿答、
a na ne babarima piesie din de Abdon. Na Yeiel mmammarima a wɔaka no din de Sur, Kis, Baal, Ner, Nadab,
31 基多、亞希約、撒迦、米基羅。
Gedor, Ahio, Seker,
32 米基羅生示米暗。這些人和他們的弟兄在耶路撒冷對面居住。
ne Miklot a ɔyɛ Simea agya. Na saa mmusuafoɔ yi tete bemmɛn wɔn ho wɔn ho wɔ Yerusalem.
33 尼珥生基士;基士生掃羅;掃羅生約拿單、麥基舒亞、亞比拿達、伊施‧巴力。
Ner na ɔwoo Kis. Kis na ɔwoo Saulo, Saulo na ɔwoo Yonatan, Malki-Sua, Abinadab ne Esbaal.
34 約拿單的兒子是米力‧巴力;米力‧巴力生米迦。
Yonatan babarima ne: Merib-Baal (anaa Mefiboset) na Merib-Baal woo Mika.
35 米迦的兒子是毗敦、米勒、他利亞、亞哈斯;
Mika mmammarima ne: Piton, Melek, Tarea ne Ahas.
36 亞哈斯生耶何阿達;耶何阿達生亞拉篾、亞斯瑪威、心利;心利生摩撒;
Ahas woo Yehoada na Yehoada woo Alemet, Asmawet ne Simri. Na Simri woo Mosa.
37 摩撒生比尼亞;比尼亞的兒子是拉法;拉法的兒子是以利亞薩;以利亞薩的兒子是亞悉。
Mosa woo Binea. Binea woo Rafha. Rafha woo Elasa. Elasa woo Asel.
38 亞悉有六個兒子,他們的名字是亞斯利干、波基路、以實瑪利、示亞利雅、俄巴底雅、哈難。這都是亞悉的兒子。
Asel woo mmammarima baasia a wɔne: Asrikam, Bokeru, Ismael, Searia, Obadia ne Hanan. Na yeinom yɛ Asel mma.
39 亞悉兄弟以設的長子是烏蘭,次子耶烏施,三子是以利法列。
Na Asel nuabarima Esek wɔ mmammarima baasa a wɔne Ulam a ɔyɛ abakan, Yeus a ɔtɔ so mmienu ne Elifelet a ɔtɔ so mmiɛnsa.
40 烏蘭的兒子都是大能的勇士,是弓箭手,他們有許多的子孫,共一百五十名,都是便雅憫人。
Ulam mmammarima nyinaa yɛ akofoɔ a wɔakwadare wɔ akodie mu, na wɔyɛ agyantofoɔ toamfom. Na wɔwɔ mma ne mmanananom bebree a na wɔn nyinaa dodoɔ yɛ ɔha aduonum. Yeinom nyinaa yɛ Benyamin asefoɔ.

< 歷代志上 8 >